Emmanuel Obetsebi-Lamptey

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Emmanuel Obetsebi-Lamptey
Ne ho asɛm
Awo bere
Emmanuel Odarkwei Obetsebi-Lamptey

(1902-04-26)26 April 1902
Ode, Accra, Gold Coast
Owu bere29 January 1963(1963-01-29) (aged 60)
Accra, Ghana
NehokaniMargaretha Obestebi-Lamptey
Augustina Akuorkor Cofie
MmaJake Otanka Obetsebi-Lamptey
RelativesGottlieb Ababio Adom (step-brother)
N'adwuma
  • Politician
  • Lawyer
Known forThe Big Six

Emmanuel Odarkwei Obetsebi-Lamptey (April da ɛtɔ so 26, afe 1902 – Janaury da ɛtɔ 29, afe 1963) yɛ kane amanyɔsɛm mu nkankoro prefo a wɔ British amanmuo ase wɔ Gold Coast. Ɔka wɔn a wɔhyehyɛɛ ɔman Ghana na afei nso ɔyɛ amanyɔkuo United Gold Coast Convention (UGCC) ahyehyɛfo ne akandifo a w’ato wɔn din ;’’The Big Six” no mu baako. Ne ba ne amanyɔkuo NPP amanyɔni a ɔde Jake Obetsebi-Lamptey.

N'ahyɛase mu nsɛm[sesa]

Wɔ woo no wɔ April da ɛtɔ so 26, afe 1902 mu wɔ Ga akura a ɛbɛn Ode a ɛyɛ Nkran Borɔno no so. Ne papa din de Jacob Mills-Lamptey a ɔyɛ dwadini, na ne maa din de Victoria Ayeley Tetteh. N’agya ba ne Gottieb Ababio Adom (1904-1979) a na oye nhomsua mu kunini, nsɛmkyerɛwfo, kowaakrata mu saamufo ne Presby Sɔfo a ɔsoom sɛ kowaakrata mu saamufo maa adwumakuo a ɛne Christian Messenger, kowaakrata a ɛyɛ Presbi Asore no dee firi afe 1966 kosii afe 1970.Obetsebi koo sukuu wɔ Accra Wesleyan School, ne Kv. Boys school, ofirii ho kɔɔ Royal School wɔ afe 1921 maa no kowie wo nea yɛfrɛ no elementary, bre a owie no, A. J Ocansey a ɔyɛ adetɔnfo no paw no sɛ ne kywerewfo wɔ Ada, a ɛbɛn Frao nsuo no ano pee. Wɔ afe 1923 mu no, Obetse Lamptey twaa nsohwɛ a ɛne Civil Service no maa no bɛyɛ ɔkyerɛwfo wɔ adwumakuo a ɛne Customs and Excise Department. ɔyɛɛ adwumaa wɔ nkran kosii afe 1930, ne koradi kosii afe 1934 bre a otuu kwan kɔɔ United Kingdom kosuaa mmaranim.

Nhomasua[sesa]

Owie suapɔn maa onyaa mmaranim abɔdin krataa a ɛne LLb, na wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛde English Bar no kɔɔ Temple in wɔ afe1939. Bre a wiase ko a ɛtɔ so II (1939 – 1945) ahyɛ ase no, na ɔtenaa England yɛɛ adwuma, na ɔde ne ho hyɛɛ asuafo amanyɔsɛm ahorɔw mu, maa wɔtew atua tia abrofo aban no

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Emmanuel Obetsi-Lamptey dikan waree Ducthni baa a ne din de Magaretha maa ɔne no woo Jake Obetesbi Lamptey, a ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party mu ni, TV so ne Radio so dwumayɛni ne nwuma mu dawurobɔ adwumayɛni.

Obetsi-Lamptey waree nkranni baa a ne din de Augustina Akuorko December da ɛtɔ so 17 afe 1923 – November da ɛtɔ so 14 afe 2019), a ɔyɛ William Charles Coffie ne Irene Odarcore mma ntafoɔ no mu kumaa. ɔka wɔn a wɔhehyɛɛ kuo a ɛde Gold Coast Women’s Assocition na afe na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ sukuu a ɛde Accra Methodist Girls Sukuu firi afe 1947 kosii afe 1953 mu. Wɔ afe 1970 mu .wɔpaw no sɛ Ghana ananmusifo a ɔwɔ Liberia. Wɔ Nkran man mu no, na ɔyɛ adɔe wɔ afaise a mmaa gu. Obetsebi – Lamptey ne Coffie woo mmɔfra mienu a wɔn ne Nah –Ayele ne Nii Lante.

Agyapadeɛ[sesa]

Wɔde ne din ato kwantenpɔn a ɛwo nkran borɔno a ɛde Ring Road no so. Nea wɔde kae Emmanuel paa ne ananmontuo a ɔboa maa ɔne ‘’The Big Six’’ no tui maa Ghana. Sɛ United Gold Coast Convention (UGCC) kandifo no, nsakrae baa mmeae pii mu a ebi ne amanyɔsɛm mu, na oka ho maa wopaa Ghana fohodie ho ntoma wo afe 1957 mu. Wɔde aboɔ adwom ɔne ‘’The Big Six’’ no mfoni wɔ meae ahorɔw wɔ Ghana man mu. Wɔka ne ho nsɛm wɔ abokɔsɛm nhoma ahorɔw mu wɔ Ghana ama nnipa nyinaa ahu nea otumi yɛɛ maa Ghana.

Nkekaho[sesa]