Timothy Awotiirim Ataboadey

Ɛfi Wikipedia

Timothy Ataboadey Awotiirim (wɔwoo no July 1, 1970) yɛ Ghana amanyɔni ne nnwomasuani. Ɔsan somm sɛ mmarahyɛbadwani ma Builsa North mpɛsoa a ɛwɔ Upper East Mantam mu wɔ Ghana.

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Awotiirim wɔ Kitawonsa bosome da adi kan wɔ afe apem ahankron ne aduoson(1970) mu wɔ Wiaga kuro a ɛwɔ Upper East Mantam mu. Ɔnyaa ne suapɔn mu abasobɔdeɛ wɔ Bachelor of Arts degree wɔ Geography ne Resource Development adesua mu wɔ University of Ghana mfeɛ mpem mmienu mu (2000).[1]

Adwuma[sesa]

Ansa na wɔrepaw no sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni no, Ɔyɛɛ adwuma sɛ Nhwehwɛmufo wɔ Commission on Human Rights and Administrative Justice (CHRAJ) fi 1994 kosi 2004. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Christ the King JSS, Chiana.[2]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Awotiirim yɛ kristoni a ɔsomm wɔ Katolik asɔre mu. W'aware wɔ mma mmienu.

Amanyɔsɛm[sesa]

Awotiirim yɛ mmarahyɛbadwani wɔ Ghana adehyeman amammuo a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so num mu nipa a wɔpaw no wɔ National Democratic Congress (NDC) tekiti so wɔ December 2008 Ghana amansan abatow mu sɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Builsa Atifi (Ghana mmarahyɛ bagua mantam). Odii Agnes A. Chigabatia a ofi New Patriotic Party (NPP) ne afoforo baanu so nkonim ma odii nkonim wɔ Builsa North mmarahyɛ bagua no mu. MP a ɔdii dwuma afe baako no nyaa abatoɔ 8,259 wɔ abatoɔ 19,165 a ɛfata a wɔtoo no mu = 43.1%. James Agalga dii no so nkonim wɔ afe 2012 mu de faa Builsa North mmarahyɛ bagua no. Wɔ General News a ɛbaa 8 December 2017 mu no ɔkaa sɛ "Nnipa a wɔasua nhoma di aporɔw sen wɔn a wonnim akenkan ne akyerɛw".[3][4]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=94
  3. Parliamentary Results Builsa-North (Upper East), retrieved 2023-10-10
  4. Andrews Agya Yalley (2021-04-03), "Voter Response to Logo Rebranding of Electoral Management Bodies in Young Democracies: The Rebranding of the Electoral Commission of Ghana", Journal of Political Marketing (in English), vol. 20, no. 2, pp. 121–143, doi:10.1080/15377857.2018.1477692, ISSN 1537-7857, retrieved 2023-10-11