Tia Alfred Sugri

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Tia Sugri Alfred
Deputy Minister of Health
OdikanfoRojo Mettle-Nunoo
Member of Parliament for
Nalerigu/Gambaga
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoAlima Hajia Mahama
Ne ho asɛm
Awo bere12 March 1956 (1956-03-12) (age 68)
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity of Ibadan, Nigeria
N'adwumaVeterinary Surgeon

Tia Sugri Alfred (wɔwoo no ɔbɛnem bosome da ɛtɔ so du-mmienu afe Apem, Ahankron ne aduonum-nsia-1956) yɛ Mmarahyɛbadwani ma adehyeɛ a wɔwɔ Nalerigu/Gambaga mansini a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu no. Ɔyɛ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so num 5 wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nan no mu mmarahyɛbadwani [1][2]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Tia wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so du-mmienu, afe Apem Ahankron ne Aduonum-nsia(1956). Ɔfiri Samini wɔ Ghana Atifi fam mantam mu. Ɔnyaa Mmoa Ho Nnuruyɛ ho Oduruyɛfoɔ nimdeɛ wɔ Ibadan Suapɔn mu wɔ Nigeria.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Tia yɛ mmoa ho oprehyɛn ho ɔbenfo wɔ n’adwuma mu.[3] Na ɔyɛ Central Veterinary Company a ɛwɔ Tema no kwankyerɛfoɔ panin.[3]

Ɔyɛ Mmarahyɛbadwa no mu ni firi Ɔpɛpɔn 2001 kɔsi Ɔpɛpɔn 2005.

Amanyɔsɛm[sesa]

Tia yɛ kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress-NDC no mu ni. Na ɔyɛ abadwakuo no mu ni a ɔhwɛ Akwahosan, Budget Titiriw so.Wɔdii kan paw Tia sɛ ɔmmɛyɛ adwuma wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghana amansan abatoɔ a wɔtoeɛ no mu sɛ mmarahyɛbadwani a ɔgyina Nalerigu Gambaga mansini a ɛwɔ Ghana Atifi fam mantam mu no anan mu. Wɔde mma Mpem du-num, Ahanan ne aduanan-mmeɛnsa (15,443 ) na ɛpaw no wɔ mma dodoɔ mpem aduasa-nan, ahanson ne baako (34,701) a wɔtoeɛ no mu. Mma a Tia nyaeɛ no gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduanan-nan, ne akyiri pɔ num (44.5%pɛpɛɛpɛ.[3] Wɔpaw no sen Hajia Alima Mahama a ofiri Ɔsono kokroko ammanyɔkuo New Patriotic Party-NPP mu no, Banaba M Alando a ɔfiri Convention People's Party-CPP mu no , John Bibirim a ɔfiri Demokrase Ahofadi Kuo no mu ne Alhassan Zibilim a ɔyɛ ɔkannifo a ɔde ne ho. Yeinom nyinaa nyaa mma no mu ɔha nkyekyem aduasa-mmienu, na akyire pɔ aduɔkron-nsia(32.96%), ɔha nkyekyem aduonu ne akyiri pɔ Aduɔwɔtwe-mmeɛnsa(20.83%), ɔha nkyekyem whee ne akyiri pɔ aduonum-nan(0.54%) ne ɔha nkyekyem baako ne akyiri pɔ du-nson (1.17%) pɛpɛɛpɛ. Na ɔyɛ akwahosan soafo abadiakyire a odii Rojo Mettle-Nunoo adeɛ

2000 Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000 )mu no, ɔdii nkoguo berɛ deɛ ɔdii nkunim de mma du-mmienu pɛ tuu no a ɔnyaa mma no mu ɔha nkyekyem aduanan-nan ne akyiri pɔ aduasa(44.30%) pɛpɛɛpɛ wɔ amansan abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwani ma Nalerigu mansini a ɛwɔ Ghana Atifi Fam Mantam mu no maa Issahaku A.Emmanuel a ɔfiri Peoples National Convention Party mu na wɔpaw no a ɔde mma mpemnkron ahanum ne du-num(9,515) dii nkunim. Yei gyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduasa-mm 33.70% yɛ pɛ.[4]Abatoɔfoɔ foforɔ a wɔfirii mu wɔ abatoɔ no mu ne Alima Mahama a ɔfiri New Patriotic Party, Joshua D.Wundowa a ɔfiri National Reform Party, Hamidu Napoleon Dawuni a ɔfiri Convention Peoples Party, Majeed Inusah a ɔfiri Ghana Movement a wɔaka abom no mu. Eyinom nyaa abatow 4,407, 911,461,440 ne 12 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[4] Eyinom ne 15.60%, 3.20%, 1.60% ne 1.60% yɛ pɛ wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu.[4]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Alfred aware na ɔwɔ mma num Ɔyɛ Kristoni (Presbyterian).

Baabi a menyaa mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. 2.0 2.1 Results Parliamentary Elections, archived from the original on 2023-09-06, retrieved 2023-10-02
  3. 3.0 3.1 3.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-02
  4. 4.0 4.1 4.2 Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Nalerigu / Gambaga Constituency, retrieved 2023-10-02