Theresa Joyce Baffoe

Ɛfi Wikipedia
Theresa Joyce Baffoe
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ New Edubease
Bere
October 1993 – 6 January 2005
OdikanfoMary Eugenia Ghann
AnanmusiniErnest Kofi Yakah
Ne ho asɛm
Awo bere24 July 1954 (1954-07-24) (age 69)
New Edubiase, Ashanti Region
Ne manGhana Ghana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Sukuu a w'akɔHoly Child College of Education
N'adwumaAmanyni
N'adwumaTeacher

Theresa Joyce Baffoe yɛ Ghana mmrahyɛbedwani a na ɔgyina mu ma New Edubease mansini a ɛwɔ Asante mantam. Na ɔsane ka wɔn a ɔyi wɔn a ɔhwɛ dwadie nsɛm so wɔ mmrahyɛbedwafie.

Abrabɔ ne nnwomasua[sesa]

Ɔwoo Joyce Baffoe wɔ Kitawonsa bosome ne da ɛtɔso aduonu nan wɔ afe apem ɔha nkron ne aduonum nan wɔ New Edubease a ɛwɔ Asante mantam. Ɔkɔɔ akyerɛkyerɛfoɔ sukuu wɔ Holy Child Training College ɛhɔ na ɔkɔ nyaa kyerɛkyerɛfoɔ nimdeɛ sane nyaa n'abɔdin krataa a edikan.

Amanyɔsɛm[sesa]

Baffoe bɛyɛɛ mmrahyɛbedwani wɔ mmrahyɛbedwafie a edikan wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan wɔ Ahinime bosome wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron mmiɛnsa wɔ berɛ a ɔtoo aba ma no bɛsii Mary Eugenia Ghann a ɔkɔɔ ne kra akyi berɛ a na ɔyɛ mmrahyɛbedwani ma New Edubease.

NDC amanyɔkuo sane yii Baffoe baa mmrahyɛbedwafie wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia abatoɔ no. Ɔnyaa mma mpem du nson ɔha ne du baako(17,114) firii mma mpem aduonu nan ne ɔha num(24,500) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum num n'akyire pɔ aduonum(55.50%) de tia George Akwasi Boadu a ɔgyina mu ma NPP amanyɔkuo, ɔnyaa mma mpem num ahanu ne nsia(5,206) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn du nsia n'akyire pɔ aduokron(16.90%), Sophia Afrakoma Owusu a ɔgyina mu ma CPP amanyɔkuo ɔnyaa mma apem ɔha nsia ne aduoson nnwɔtwe(1,678) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn num n'akyiri pɔ aduanan(5.40%) ne Kwasi Adjei Aboagye a ɔgyina mu ma PNC amanyɔkuo no ɔno nso nyaa mma ahanum ne mmienu(502) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn baako n'akyiri pɔ aduasa.

Na Baffoe ka mmrahyɛbedwafie a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman amanmuo a ɛtɔso nan akyire a ɔyii no baa mmrahyɛbedwafie toaso mmiɛnsa wɔ mfe mpem mmienu abatoɔ kɛseɛ no. Ɔgyinaa NDC amanyɔkuo wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron mmienu ɛna akyire ɔdii nkunim wɔ akɛnsie no mu wɔ afe apem ɔha nkron ne aduokron nsia wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ɔnyaa mma mpem du baako ɔha nkron ne nnwɔtwe(11,908). Ɔdii nkukuo wɔ mfe mpem mmienu ne nan Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Akyire ɔyɛ n'adwene sɛ ɔmma biom no, Ernest Kofi Yankah na sii na nan ɔnyaa mma mpem du nan ɔha nson ne aduasa mmienu(14,732) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu abupɛn aduonum nan n'akyire pɔ aduanan num(54.45%) wɔ mfe mpem mmienu ne nnwɔtwe. Ɔgyina sɛ mmrahyɛbedwani maa New Edubease mpɛsoa mprɛnsa.

Adwuma[sesa]

Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni. Ɔkyerɛ adeɛ mfeɛ aduonu nnwɔtwe ansa na ɔwura amanyɔsɛm mu. Ɔsane som sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ panin mfeɛ du nan na ɔsane yɛ panin wɔ wɔn a ɔhwɛ Ghana nyinaa nnwomasua ho nsɛm so.

N'asetena ne abrabɔ[sesa]

Joyce Baffoe yɛ ɔkristoni a ɔsom wɔ Roman Catholic asɔre a ɛwɔ Ghana.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

1.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/ashanti/29/index.php

2.http://www.ghanareview.com/parlia/Ashanti.html

3.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/parliament/ashanti/index.php

4.http://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2008/ashanti/29/index.php

5.https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Four-people-to-contest-NDC-primaries-for-New-Edubiase-58847