Ernest Kofi Yakah

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Ernest Kofi Yakah yɛ Ghana amanyɔni na ɔyɛ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 6 no muni a ɔgyina New Edubiase Constituency ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana .

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Ernest Kofi Yakah wɔ Ɔbɛnem da a ɛtɔ so mmienu, afe 1959. Ɔfiri kuro bi a wɔfrɛ no Larve-Dabala a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Na ɔwɔ ne Diploma Certificate wɔ General Agriculture mu wɔ University of Ghana, Legon.

Adwuma[sesa]

Yakah yɛ kuayɛfoɔ. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Ɔman Atoyerɛnkyɛm Ho Ahyehyɛde mu sɛ Ɔmantam Ntamgyinafo.

Amammui mu adwuma[sesa]

Wɔdii kan paw Yakah sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua wɔ Ɔpɛpɔn 2005 mu wɔ afe 2004 Ghana Amansan Abatoɔ no akyi a ɔgyinaa New Edubiase Mantam no mufoɔ ananmu. Wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu no ɔkuraa n’akongua so wɔ National Democratic Congress tekiti so denam abatoɔ 14,732 a ɔnyaeɛ wɔ abatoɔ 27,054 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa 54.5% yɛ pɛ.[1] Odii nkonim wɔ Kyei Baffour Degraft a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu, Mariam Iddrisu a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu ne Joshua Appiah a ofi Nhyiam Nnipa Kuw no mu no so .[1] Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu 43.79%, 0.91% ne 0.84%.[1] Enti Yakah gyinaa New Edubiase mantam ananmu wɔ Ghana man a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu . Ɔkɔɔ so kuraa n’akongua so bere a wɔpaee mu kae sɛ ɔno na odii nkonim wɔ afe 2012 Ghana Amansan Abatow mu wɔ National Democratic Congress frankaa ase no. Afei ne sɔretia dii no so nkonim wɔ afe 2016 mu.

Abatow a wɔyɛ[sesa]

Wɔpaw Yakah sɛ mmrahyɛbaguani mma New Edubiase mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana wɔ afe 2004 Ghana amansan abatow no mu.[2] Odii nkonim wɔ National Democratic Congress tekiti so .[2] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 3 no fa wɔ nkongua 39 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. National Democratic Congress no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 94 a ɛyɛ kakraa bi wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatow 13,275 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 26,440 mu.[2] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 50.2% yɛ pɛ.[2] Wɔpaw no sen Francis Dorpenydh a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu ne Sophia Afrakoma Owusu a ofi Nhyiam Nnipa Kuw no mu .[2] Eyinom nyaa abatow 12,160 ne 1,005 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[2] Eyinom ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 46% ne 3.8% yɛ pɛ.[2]

Wɔ afe 2008 mu no, odii nkonim wɔ amansan abatow no mu wɔ National Democratic Congress tekiti so maa ɔmansin koro no ara.[3] Na ne mansin no yɛ mmrahyɛbagua nkongua 3 no fa wɔ nkongua 39 a National Democratic Congress dii wɔ saa abatow no mu maa Ashanti Mantam no mu. National Democratic Congress no nyaa mmrahyɛbagua nkongua 113 a ne nyinaa yɛ dodow no ara wɔ nkongua 230 mu. Wɔde abatoɔ 14,732 na ɛpaw no wɔ abatoɔ a ɛfata a wɔtoeɛ nyinaa mu 27,054 a ɛne abatoɔ a ɛfata nyinaa mu 54.45% yɛ pɛ.[3] Wɔpaw no sen Kyei Baffour-Degraft a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu, Mariam Iddrisu a ofi Ɔmanfo Ɔman Nhyiam no mu, ne Joshua Appiah a ofi Nhyiam Nnipa Kuw no mu .[3] Eyinom nyaa abatow 11,848, 246 ne 228 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[3] Eyi ne abatow a wɔtow no nyinaa mu 43.79%, 0.91% ne 0.84% yɛ pɛ.[3]

Wɔ afe 2012 mu no, ɔdii nkonim bio wɔ amansan abatoɔ mu maa ɔmansin korɔ no ara.[4] Wɔde abatow 16,777 paw no wɔ abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 32,388 mu.[4] Eyi ne abatow a ɛfata a wɔtow nyinaa mu 51.80% yɛ pɛ.[4] Wɔpaw no sen Charles Mends Cann a ofi Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no mu ne Charles Cooker Anaman a ofi Progressive People’s Party no mu .[4] Eyinom nyaa abatow 13,078 ne 2,533 wɔ abatow a ɛfata a wɔtow no nyinaa mu.[4] Eyinom ne abatow a wɔtow no nyinaa mu 40.38% ne 7.82% yɛ pɛ.[4]

Ankorankoro asetra[sesa]

Yakah yɛ Kristoni na waware na ɔwɔ mma baanum.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana Elections 2008 (PDF). Ghana: Friedrich-Ebert-Stiftung. 2010. p. 64.
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 2.5 2.6 Elections 2004; Ghana's Parliamentary and Presidential Elections. Accra: Electoral Commission of Ghana; Friedrich Ebert Stiftung. 2005. p. 126.
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 Ghana Elections 2008. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2010. p. 64.
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 4.4 4.5 Elections 2012. Ghana: Friedrich Ebert Stiftung. 2012. p. 127.