Theresa Amerley Tagoe

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Theresa Amerley Tagoe
Member of the Ghana Parliament
for Ablekuma North
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Deputy Minister of Works and Housing
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Deputy Minister for Greater Accra Region
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Deputy Minister Ministry of lands and Forestry
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Awo bere
Theresah Amerley Tagoe

(1943-12-13)December 13, 1943
Owu bereNovember 25, 2010(2010-11-25) (aged 66)
Accra, Ghana
Ne manGhanaian
NehokaniMarried
ResidenceGhana
N'adwumaPolitician

Theresa Amerley Tagoe (Wɔwoo no wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɔto so du mmiɛnsa, afe 1943 mu ɛnna owuo yɛ wɔ afe 2010, Obubuo bosome ne da ɔto so aduonu nnum)[1]Ghana amanyɔni. Na ɔka Ghana mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ 4th Republic mu. Na ogyina hɔ ma Ablekuma South mpesua no so fo wɔ MMrahyɛbadwa mu a na ɛwɔ Ghana . Na ɔyɛ amanyɔkuw New Patriotic Party mu ni.[1][2][3][4][5][6]

Ne mmofraberem[sesa]

Wɔwoo Tagoe a ɔka Ga abusua kuw no ho no wɔ Ɔpɛpɔn bosome ne da ɔto so du mmiɛnsa, afe 1943 mu.[1]

Nhomasua[sesa]

Tagoe kɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Aburi Girls ntoasoɔ sukuu. Nana ɔyɛ Sukuufo no anodanyi(School Prefect). Onyaa abodin krataa, bachelor's degree wɔ French kasa mu wɔ Ghana suapɔn kunini no mu (University of Ghana).[6]

Philanthropy[sesa]

Tagoe wɔ ntetee sukuu a ɛtete mmaa akyerɛkyerɛfo (girls' secretarial school), a French kasa ka nneɛma a wɔsua no ho. Ɔsan nso fii ase tee kuw a wɔhwɛ wɔn a wonni bi na na wɔn anisoadehunu ne sɛ wobɛhwɛ ngyanka ne mmaa a wɔnenam mbontenso ama w`asua adetɔn na na wɔsan bɔ guam adetɔnfoɔ bosea de di gua wɔ Nkran mmɔnten so.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Na Teresa Tagoe yɛ Nkran Mantam soafoɔ abadiekyir (Deputy Greater Accra Minister) ne ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nsaase, kwaa ne abodeɛ mu ndepa so (Deputy Minister for Lands, Forestry and Mines) abadiekyir aber a ɔmanpanyin John Agyekum Kuffour di ade no.[6]

Tagoe asan ayɛ adwuma sɛ mmaa ano boaboafo wɔ ɔman Ghana mu wɔ amanyɔkuw New Patriotic Party kuw no mu.[6]

Wɔtoo aba yii no kɔɔ mmrahyɛbadwa fie wɔ ɔpɛpɔn bosome ne da ɔto so nson, afe 1997 mu, aber a odii nkonim wɔ afe 1996 Ghanafoɔ abatoɔ no mu. Onyaa aba no mu ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nkron ne akyirpɔw nkron(39.90%) fii aba dodow a wɔtow no mu. Aba dodow a onyaa yɛ 47,644, na wɔn a odii wɔn so nkonim no nye Ebo Hawkson a ɔyɛ National Democratic Congress amanyɔkuw no ba. Ebo nso nyaa aba no mu 42,568, kyerɛ ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nnum ne akyirpɔw nson (35.70%).

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Tagoe yɛ Kristoni. Teresa wɔ mba mbarima ebien.[6]

Legacy[sesa]

Tagoe somee sɛ Council of State kuw no muni na ɔsan tenaa Council of Women World Leaders kuw no mfe pii.[6]

Beae a menyaa mmoa fiiriɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 https://de.zxc.wiki/wiki/Theresa_Amerley_Tagoe
  2. https://www.modernghana.com/news/314208/1/mps-pay-tribute-to-theresa-amerley-tagoe.html
  3. http://thechronicle.com.gh/mps-pay-tribute-to-theresa-amerley-tagoe/
  4. http://www.recogin.com/newsdetails.asp?id=4048&cat_id=1
  5. https://thetheresaameleytagoe.com/theresa-ameley-tagoe/
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 6.6 https://pipiwiki.com/wiki/Theresa_Amerley_Tagoe