Teodosia Okoh

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Theodosia Salome Okoh
Awo bere
Theodosia Salome Abena Kumea Asihene

(1922-06-13)13 June 1922
Owu bere19 April 2015(2015-04-19) (aged 92)
CitizenshipGhanaGhana
Yɛnim no sɛDesign of the flag of Ghana
Notable work
Ghana national flag
TitleChairman of the Ghana Hockey Association and President of the Ghana Hockey Federation
NehokaniEnoch Kwabena Okoh
Children3
Parent(s)Rev. and Mrs Asihene
RelativesIan Jones-Quartey (grandson)
Rebecca Sugar (granddaughter-in-law)

Na Theodosia Salome Okoh(About this soundpronounciation of "Teodosia Okoh" ) ɔman agyapadeɛ, ɔkyerɛkyerɛni ne ɔnwenefoɔ ɔyɛɛ Ghana frankaa wɔ afe 1957. Wɔwoo no ayɛwohomummɔ da ɛtɔ so du-mmiɛnsa, afe apem aha nkron aduonu mmienu(13th June, 1922) ɛna ɔwuiɛ wɔ Oforisuo bosome da ɛtɔ so du nkron afe mpem mmienu ne du num no mu(19thApril, 1957).[1]Ɔdii dwuma titire wɔ agorɔ 'hockey' mu ma ɛbaa nyam wɔ Ghana.[2]

Mfeɛ edi kan ne nwoma sua[sesa]

Ne din a wɔde woo no ne theodosia Salome Abena Kumea Asihene wɔ Effiduase. [3]Kane sofo panin a na ɔda baseli asɔre a na ɛwɔ Ghana ne ɔbaapanin Dora Asihene a wɔn baanu firi Asuogyaman mansini a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Na ɔtɔ so nnan wɔ mmɔfra nnwɔtwe mu. Ɔhyɛɛ mfiteaeɛ sukuu wɔ Asante Efiduasi na ɔtoa so wɔ Basel Mission Middle, ne akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ sukuu wɔ agogo ne Achimota sukuu a ɔkɔwie mfeɛ mmiɛnsa wɔ ade nwene mu.

Dwumadie[sesa]

Berɛ a Ghana nyaa fawohodie firi aborɔfo no nsam no, wɔbɔɔ dawuro faa frankaa foforɔ ho. Ɔde ne deɛ ne design a na wanwene no kɔeɛ ma Ghana manpanin a ɔdi kan a ɔfrɛ no Kwame Nkrumah gye too mu wɔ ɔbɛnim da a ɛtɔ so nsia, afe apem aha nkron aduonum nson.[4]

Ɔkyerɛmu wɔ nkitahodie mu sɛ: "meyɛɛ m'adwene wɔ ahosuo mmiɛnsa a ɛyɛ kɔkɔɔ, akokɔ sradeɛ ne ahahan mono ɛnam nnoɔma pa a ɛwɔ Ghana nsaase so a onyame ahyira so. Kɔɔkɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔde wɔn kra to hɔ maa Ghana nyaa ne fawohodie. Nsoroma a ate ne ho gyina hɔ ma pere a na abibiman pere sɛ wɔn bɛdi wɔn so". [5]Theodosia yɛ ɔbaa tetenani a ɔdi kan wɔ Ghana hockey kuo no mu akyire yi ɔbɛyɛɛ kuo no panin bɛboro mfeɛ aduonu. Ne pɛn so na Ghana tumi nyaa akwanya kɔɔ ewiase hockey ne Olympic agorɔ kansie mu.[6] Ohene Djan too ne din ''the Joan of Arc of Ghana hockey ɛfiri sɛ, ɔno na ɔsɔre gyee Ghana hockey sii hɔ berɛ a na mmarima no nyaa ɔpɛ pa sɛ ɔbɛma agorɔ no akɔ n'anim, ne saa nti no, ɔde ne din too hockey agorɔprama no so wɔ mfeɛ mpem mmienu no mu. Ɔyɛɛ panin wɔ Ghana agodie atwerɛfoɔ mfdi kan a ɔfrɛ no Kwame Nkrumah gye to mu wɔ ɔbɛnim da a ɛtɔ so nsia, afe apem aha nkron aduonum nson.

Nnianim[sesa]

Na theodosia Salome Okoh yɛ oman agyapadeɛ, ɔkyerɛkyerɛni ne ɔnwenefoɔ ɔyɛɛ Ghana frankaa wɔ afe apem ahankron aduonum nson (1957) mu. Wɔwoo no ayɛwohumɔmɔ da ɛtɔ so du-mmiɛnsa, afe apem aha nkron aduonu mmienu ɛna owuiɛ wɔ oforisuo bosome da ɛtɔ so du nkron afe mpem mmienu ne du num no mu. Ɔdii dwuma titire wɔ agorɔ 'hockey' mu ma ɛbaa nyam

Mfeɛ edi kan ne nwoma sua

Ne din a wɔde woo no ne theodosia Salome Abena Kumea Asihene wɔ Effiduase. Kane sofo panin a na ɔda baseli asɔre a na ɛwɔ Ghana ne ɔbaapanin Dora Asihene a wɔn baanu firi Asuogyaman mansini a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Na ɔtɔ so nnan wɔ mmɔfra nnwɔtwe mu. Ɔhyɛɛ mfitiaseɛ sukuu wɔ Asante Efiduasi na ɔtoa so wɔ Basel Mission Middle, ne akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ sukuu wɔ agogo ne Achimota sukuu a ɔkɔwie mfeɛ mmiɛnsa wɔ ade nwene mu.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Enoch Kwabena okoh a na ɔyɛ panin wɔ amanyɔ adwuma kɛseɛ wɔ kwame Nkrumah amamuo pɛn so wɔ afe apem aha nkron aduosia na ɔwaree no. Wɔn woo mmɔfra baasa: E. Kwasi Okoh, Stanley Kwame Okoh ne Theodosia Amma Jones- Quartey.[7]

Ne wuo[sesa]

Owui oforisuo bosome du nkron, afe mpem mmienu ne du-num wɔ NarhBita ayaresabea a ɛwɔ Tema wɔ berɛ a ɔyare kakra wɔ ne mfeɛ aduokron mmienu(92).[8] Ɔman Panin John Dramani Mahama hyɛɛ sɛ yɛntu frankaa nyinaa mfa wiem nna mmiɛnsa firi oforisuo bosome aduonu baako a ɛyɛ benada de abɔ n'abaso. [9]Ɔsoafoɔ a ɔhwɛ nkɔmmɔdie so, Edward Omane Boamah kyerɛ sɛ, "ɔyɛ de abɔ n'abaso wɔ ne Gaanani soronko a ɔyɛ". Na ɔkyerɛɛ sɛ, aban hyɛ no animuonyam wɔ ɔpɛpa ɔde aboa ɔman no nkɔsoɔ. Nkaedum a ɔman no anya afiri ewiase afanan wɔ frankaa a ɔnweneɛ agya ne diberɛ wɔ abakɔsɛm sɛ onipa titire wɔ Ghana abakɔsɛm mu. N'adom akyɛdeɛ, ɔpɛpa ne n'ahofama wɔ n'adwumayɛ mu ma Ghana bɛkɔ so ayɛ nkuranhyɛsɛm ama Ghanafoɔ na aboa ayɛ nkaeɛ wɔ ɔman no adeyɛ mu.[10]

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɔman no de Grand medal bɔɔ Theodosia Okoh abaso ɛna nkuro bi a ɛwɔ ɔman no mu nso maa no abasobɔdeɛ beberee. Ɔnyaa citation firii Ghana Broadcasting Corporation ne National Sports abasobɔdeɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan nom(2004), saa nso na ɔnyaa bi firii Sports writes Association of Ghana ne TV Africa series Obaa Mbo hɔ.[11]

N'akyi adeɛ[sesa]

*Wɔde Accra hockey pitch too no de yɛ nkaedum maa no wɔ mmoa ɔde maa akansie no, ɛna wɔde din foforɔ too Hockey Stadium no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa nom(2013).[12]

  • Asuogyaman District Assembly a ɛwɔ apueɛ mantam yɛɛ ɔhoni bi de kae no wɔ ne kurom, Anum.[13]
  • Okoh nana barima, Ian Jones-Quartey a ɔtaa yɛ Nanefua pizza wɔ cartoon network animated sinii mu yii steven universe wɔ ne so.[14]

N'abrabɔ a ɛtwatoɔ[sesa]

Ansa na ɔrebɛwu no ɔtwaa adwaadwoɔ wɔ sesaa wɔ sesa National Hockey pitch firii ne din so de kɔɔ(John Evans Atta Mills) wɔ bere a ɔnwuiiɛ.[15]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "The Ghana flag's meaning, Who designed Ghana flag And More"
  2. Contributor, Akosua Tuntum Nahana News (2019-02-28). "Theodosia Okoh". Modern Ghana. Retrieved 2019-04-13
  3. "Mrs Theodosia Salome Okoh", The Loom Gallery
  4. "Ghana Flag", GhanaIsGood.com
  5. Mrs Theodosia Okoh: The Woman Who Designed The Ghanaian Flag", African Celebs
  6. Kofi Ata, "Oko Vanderpujie, Theodosia Okoh Deserves Better", GhanaWeb, 28 July 2013
  7. Theodosia Salome Okoh, Ghana’s Illustrious Daughter", Flex Newspaper, 29 January 2017.
  8. Ghana flag designer Theodosia Okoh dies", Daily Guide, 20 April 2015
  9. Flags to fly at half mast in honour of Mrs Theodosia Okoh", Government of Ghana.
  10. Godwin Akweiteh Allotey, "Ghana flags at half-mast in honour of Theodosia Okoh", citifmonline.com, 21 April 2015
  11. "The Designer Of Ghana National Flag, Theodosia Okoh Is Dead", Ghanagist, 20 April 2015.
  12. Samuel K. Obour, "Hockey Stadium reverts to Theodosia Okoh on President’s orders", Graphic Online, 25 July 2013
  13. The Designer Of Ghana National Flag, Theodosia Okoh Is Dead", Ghanagist, 20 April 2015.
  14. Theodosia Okoh, IAN JQ dot com, Tumblr, 27 April 2015
  15. "Theodosia Okoh Condemns Naming Of Hockey Stadium After Mills". News Ghana. 25 July 2013. Retrieved 23 March 2019.