Stephen Manu

Ɛfi Wikipedia
Stephen Manu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameStephen Sesa
family nameManu Sesa
date of birth21 Ɔpɛpɔn 1985 Sesa
place of birthKumasi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationassociation football player Sesa
position played on team / specialityforward Sesa
member of sports teamAsante Kotoko F.C. Sesa
sportassociation football Sesa

Stephen ManuGaana bɔɔlobɔni. Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe apem aha nkron aduonkron baako (Ɔpɛpɔn 21, 1991) mu na wɔwoo no kyerɛ sɛ wɔadi mfeɛ aduasa nnwɔtwe (38 years).[1][2]

N'asetena mu nsɛm[sesa]

Ɔfirii aseɛ sii akan maa Asante Kotoko FC, baabi a ɔsii akan kɔsii afe mpem mmienu ne du (2010). Wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu no, ɔne New Edubiase United FC yɛɛ apam, na ɔne wɔn dii nkonim wɔ Ghana mmirikatuo no mu wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu (2012) mu, berɛ a wɔdii Ashanti Gold SC so nkunim. Ɔsii akan maa BA United nso.[3]

Wɔ afe mpem mmienu ne du mmiɛnsa (2013) mu no ɔsan baa New Edubiase United FC, baabi a ɔsii akan kɔsii afe mpem mmienu ne du num (2015) mu, berɛ a ɔde ne nsa kaa krataa maa Champasak FC wɔ Laos a ɛwɔ Asia.[4]

Akyire yi, ɔkɔ kaa Asia bɔɔlobɔ kuo Champasak FC a ɛwɔ Laos ho berɛ a ɔde ne mfeɛ num a ɔde tenaa Ghana Premier League mu no baa awieɛ. Bɔɔlobɔ kuo a ɛtwa a ɔsii akan maa no ne Techiman City bɔɔlobɔ kuo. Ɛfiri Ɔpɛpɔn, afe mpem mmienu ne du nnwɔtwe (January 2018) de bɛsi nnɛ no, ɔnsii akan mmaa bɔɔlobɔ kuo biara.

Ansa na ɔretwe ne ho afiri bɔɔlobɔ ho no, ɔde ne ho hyɛɛ Ghana FA License D nteteeɛ adesua mu. Na ɔka New Edubiase teknekal kuo no ho a ɛwɔ dibishyɛn baako liige no mu na ɛfiri afe mpem mmienu ne du nnwɔtwe reba no ɔmfaa ne ho nhyɛɛ bɔɔlobɔ mu hwee mu.

Ɛyɛ Manu anisoadehunu sɛ, daakye ɔbɛba a abɛyɛ Kookye ama Kumase Asante Kotoko bɔɔlobɔ kuo no.

Akan a ɔsii maa Gaana[sesa]

Ɔsii akan maa Ghana bɔɔlbɔ kuo no wɔ afe mpem mmienu ne nkron (2009) Afrika Aman Mpɔnkɔ no mu (African Nations Championship).[5] Ɛhɔ na ɔdii nkonim wɔ awieɛ no mu. Ɔsan sii akan wɔ afe mpem mmienu ne du baako (2011) Afrika Amansan akansie no mu.[6]

Tɔnamɛnte Baabi a wɔbɔɔ no Nsusuansoɔ
2009 Abibirem Bɔɔlobɔ Agokansie Cote D'ivoire Wɔtɔɔ so mmienu
2011 Abibirem Bɔɔlobɔ Agokansie Sudán Ɔfa ɛdi kan

Bɔɔlobɔ kuo ahodoɔ a ɔsii akan mmaa wɔn[sesa]

Bɔɔlobɔ kuo Ɔman Afe
Asante Kotoko FC Ghana ¿? - 2010
New Edubiase United FC Ghana 2010 - 2012
Real Tamale United Ghana 2012 - 2013
New Edubiase United FC Ghana 2013 - 2015
Champasak FC Laos 2015 - 2016
Techiman City FC Ghana 2016 - ....

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Ghana - S. Manu - Profile with news, career statistics and history - Soccerway, retrieved 2024-02-22
  2. Stephen Manu - Player profile (in English), retrieved 2024-02-22
  3. https://ghanasoccernet.com/new-edubiase-beat-ashantigold-to-win-2012-mtn-fa-cup
  4. https://ghanasoccernet.com/exclusive-ex-kotoko-striker-stephen-manu-signs-one-year-deal-lao-side-shb-champasak
  5. , 2023-11-29 ["CHAN 2009: Squad List". CAF. February 21, 2009. Archived from the original on 26 February 2009. Retrieved February 25, 2015. "CHAN 2009: Squad List". CAF. February 21, 2009. Archived from the original on 26 February 2009. Retrieved February 25, 2015.] {{citation}}: Check |url= value (help); Missing or empty |title= (help)
  6. , 2023-11-29 [Confederation Africaine De Football (pdf). July 8, 2011. Archived from the original on 8 July 2011. Retrieved February 25, 2015. Confederation Africaine De Football (pdf). July 8, 2011. Archived from the original on 8 July 2011. Retrieved February 25, 2015.] {{citation}}: Check |url= value (help); Missing or empty |title= (help)