Stephen Kwaku Balado Manu

Ɛfi Wikipedia
Stephen Kwaku Balado Manu
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameStephen Sesa
date of birth23 Ɔsanaa 1958 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, educational theorist Sesa
position heldMember of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 4th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 3rd Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 2nd Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast, Ghana Institute of Management and Public Administration Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewCatholicism Sesa

Stephen Kweku Balado Manu yɛ obi a yɛwoo no Ɔsannaa 23,1958 mu. [1]Ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni [1]sane yɛ kane mmarahyɛbadwani ma Ghana adehyeman. Ɔyɛ kane Mmrahyɛbadwani a ɔgyina maa Ahafo Ano Anafoɔ Mpasua a ɛwɔ Asante Mantam mu, wɔ mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so mmienu, mmiɛnsa, nnan ne Nnum wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan mu.[2]Ɔka New Patriotic Party ho.[1]

N’ABRABƆ NE NE SUKUU HO NSEM[sesa]

Ɔfiri Tamale kuro bi a ɛwɔ Ghana atifi mantam. [1]Ɔka University of cape cost ho. Ɔkura mpanin krataa wɔ Bachelor of Arts mu wɔ French ne sociology. Ɔnyaa saa abasobɔ yi wɔ mfeɛ 1988 mu. [1]Ɔtoa ne sukuu so wɔ saa suapɔn hɔ a bio ma ɛyɛ Education planning ne Administration.[1] Ɛnam ne saa yɔ nti ɔnyaa Mphil [1]sane bɛnyaa Panin wɔ aban mu ne ɔkandini wɔ Ghana institution of management ne public administration mu wɔ 2006.[1]

N’ADWUMA AHYƐASEƐ[sesa]

Stephen yɛ kwankyerɛfo a ɔboa wɔ Ghana Education Service mu.[1]

MMARAHYƐ BADWA MU NSƐM[sesa]

Ɔsan yɛ amanyɔkuoni ma New Patriotic Party. Ɔbɛgyinaa sɛ amanyɔkuo ni wɔ Ahafo Ano south Mpatam firi ɔpɛpɔn 2005 mu abera a ɔdii kan wɔ wɔ ɔpɛnimaa 2004 abatoɔ mu.[1] Ɔsane kɔɔ bio nyae sɛ mmrahyɛbadwani maa saa mantam hɔ a bi wɔ mfeɛ 2008 mu.[3][4]

ABATOƆ NO MU NSƐM[sesa]

Stephen na yɛdii kan yii no baa mmrahyɛ badwam ma Ahafo Ano South mansin mu wɔ 1996 Ghana Abatoɔ kɛseɛ no mu aberɛ a ɔgyinaeɛ sane dii nkonim wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party. Ɔde aba 17,015 sɛ yɛte firi 33,464 a ɛyɛ aba no nyinaa wɔ ne mansin mu aberɛ a neɛ ɔne no gyinaeɛ , Gabriel Barima a ɔyɛ National Democratic Congress nso nyaa aba16,449.[5]

Wɔ afe 2000 mu no, Manu sane dii nkonim wɔ abatoɔ kɛseɛ no mu sɛ mmrahyɛ badwani ma Ahafo-Ano South Mansin a ɛwɔ Ashanti Region, Ghana. [6][7]Ɔdii nkonim wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party.[6] [7]Ne mansini ka mmrahyɛ badwa akonnwa a ɛyɛ aduasa baako(31) sɛ yɛ te firi aduasa mmiensa(33) a wɔdii nkonim ma New Patriotic Party ho wɔAshanti Region abatoɔ no mu.[8][9] New Patriotic Party dii nkonim no ara a ɛyɛ 99 wɔ mmrahyɛ badwa 200 no. [9]Sɛ yɛte aba 19,017 firi 33,599 a ɛyɛ aba no nyinaa a ɔno na yɛ yii no.[6][7] A sɛ yɛkeka bom a ɛyɛ 56.6% Wɔ abatoɔ ne nyinaa mu.[6] [7]Yɛyii no gyaa Osei Kuffour a ɔyɛ National Democratic Congress, Samuel K. Boateng a ɔyɛ Convention People's Party, Bernard K. Bekoe a ɔyɛ New Reformed Party ne Ampratwu-Konadu a ɔyɛ United Ghana Movement ni.[6] [7]Wɔn mo nyaa 14,054, 209, 188 ne 131 aba firii aba no nyinaa mu nnidisoɔ sa ara.[7][6] A ɛyɛ 41.8%, 0.6%, 0.6% ne 0.4% sa ara ma abatoɔ no.[7][6]

Yɛyii Stephen sɛ mmrahyɛ badwani ma Ahafo Ano South Mansin a ɛyɛ Ashanti Region, Ghana neɛ ɛtɔ so mmienu biom wɔ afe 2004 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu.[10] [11]Ɔdii nkonim wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party. [10] [11]Ne mansin ka aduasa nsia(36) mmrahyɛ badwa akonnwa no mu a yɛte firi aduasa nkron(39) mu a ɔdii nkonim ma New Patriotic Party wɔ Ashanti Region abatoɔ no mu.[12] New Patriotic Party dii nkonim no ara a ɛyɛ 128 wɔ mmrahyɛ badwa akonnwa no ho sɛ yɛ te firi 230 mu a. [13]Sɛ yɛde aba 37,273 no a na ɛyɛ aba no nyinaa gyina hɔ a, ɔnyaa aba 24,096 a ɛyɛ 64.6% wɔ aba no nyinaa mu.[10] [11]Yɛyii no gyaa Bright Simon Osei a ɔyɛ National Democratic Congress ni.[10] [11]Ɔno nso nyaa 35.4% wɔ abatoɔ ne nyinaa mu.[10][11]

Wɔ afe 2008 mu no, ɔsane dii nkonim wɔ abatoɔ kɛseɛ no mu wɔ tikiti a ɛyɛ New Patriotic Party ma mansini korɔ no ara mu.[14] [15]Na ne mansin ka mmrahyɛ badwa akonwa no a ɛyɛ aduasa nnan(34) sɛ yɛ te firi aduasa nkron(39) mu a ɛyɛ New Patriotic Party wɔ Ashanti Region abatoɔ no mu. [16]New Patriotic Party anya mmrahyɛ badwa nkonwa no ara na mmom wɔnyaa 109 firi mmrahyɛ badwa akonwa 230 mu . [17]Yɛde aba 21,585 a yɛte firi 37,936 aba no nyinaa mu a ɛyɛ 56.9% na dii nkonim. [14][15]Yɛyii no gyaa Nyamesem Wilson a ɔyɛ People's National Convention, Thomas Kwakwah a ɔyɛNational Democratic Congress, Acheampong J. Martin a ɔyɛ Convention People's Party, Yaw Agyemang ne Andrew Kwasi Adjapong a wɔn nyinaa gyina wɔn ho so.[15] [14]Wɔnyaa 0.91%, 39.56%, 0.86%, 0.62% ne 1.14% nnidisoɔ sa ara wɔ aba ne nyinaa mu.[14][15]

NE SOM A ƆWOM[sesa]

Ɔyɛ catholic Christoni[1] a w’aware wɔ mma nsia.[1]

BEAƐ A MENYAA MMOA FIRIIƐ[sesa]

  1. 1.00 1.01 1.02 1.03 1.04 1.05 1.06 1.07 1.08 1.09 1.10 1.11 https://web.archive.org/web/20160506154843/http://ghanamps.gov.gh/mps/details.php?id=175
  2. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:0-2
  3. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-3
  4. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#
  5. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-5
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 6.6 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:6-6
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 7.6 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:7-7
  8. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-8
  9. 9.0 9.1 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:8-9
  10. 10.0 10.1 10.2 10.3 10.4 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:2-10
  11. 11.0 11.1 11.2 11.3 11.4 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:3-11
  12. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-12
  13. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-13
  14. 14.0 14.1 14.2 14.3 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:4-14
  15. 15.0 15.1 15.2 15.3 https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-:5-15
  16. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-16
  17. https://en.m.wikipedia.org/wiki/Stephen_Kwaku_Balado_Manu#cite_note-17