Seth Twum

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Seth Twum
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameSeth Sesa
date of birth20 Ɔbɛnem 1937 Sesa
position heldJustice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atAkyimɔta Ntoasoɔ Sukuu Sesa

Seth Twum yɛ kane Ɔtenmuafoɔ ma Ghana kɔɔto baatan. Ɔhyɛɛ ne dwumadie ase wɔ kɔɔtɔ bantan mu firi mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002) mu kɔ si mfeɛ mpem mmienu ne nson mu (2007).

Ne ho nsɛm[sesa]

Wɔwoo Twum Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu (20) wɔ afe apem ahankron ne aduasa nson (1937) mu. Ɔkɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Achimota ntoasoɔ sukuu mu.[1]

Kitawonsa bosome mu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu (2002)[2] mu na wɔdaa no adi kyerɛeɛ san so yɛɛ ne ho nhwehwɛmu totoo n'ano wɔ Ɛbɔ bosome no mu saa afe korɔ no ara.[3] Bosome akyi no, Ɔman panin John Agyekum Kufour a na ɔyɛ Ghana man panin[4] saa berɛ no gyee no tomm wɔ mmarahyɛbadwafie na wɔde no baa kɔɔto sɛ ɔtenmuafoɔ wɔ Obubuo bosome mu saa afe no ara. Seth Twum ne Justice Georgina Theodora Wood, Justice Stephen Alan Brobbey ne Justice Samuel Glenn Baddoo nyinaa na wɔgye wɔn tomm da korɔ. Ɔde ne dwumadie wɔ kɔɔto baa awieeɛ wɔ Ɔbɛnem bosome da a ɛtɔ so aduonu wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu (2007) a na ne mfeɛ wanya no ne berɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne dwumadie ba awieeɛ wɔ kɔɔto a ɛyɛ mfeɛ aduoson (70years) no yɛ pɛ.[5]

Twum wuuiɛ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu mu (2022) na wɔsiee no wɔ Kitawonsa bosome da a adikan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu (2022) mu.[6]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://starrfm.com.gh/2017/07/courts-to-blame-for-land-disputes-fmr-icc-judge/
  2. https://www.modernghana.com/news/23953/ndc-attacks-kufuor-on-supreme-court-nominations.html
  3. https://www.modernghana.com/news/27357/ghana-now-has-13-supreme-court-judges.html
  4. https://www.modernghana.com/news/27904/supreme-court-judges-sworn-in.html
  5. https://books.google.com/books?id=6fdQAQAAMAAJ&q=Seth+Twum+retired
  6. https://ripghana.com/