Seidu Paakuna Adamu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Seidu Paakuna Adamu
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Bibiani Mpɛsoaso
Bere
7 January 2001 – 6 January 2005
ƆmanpanyinJohn Kufuor
Ne ho asɛm
Ne manGhanaGhana 
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni

Seidu Paakuna AdamuGhana amanyɔni a na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma mmarahyɛbɛdwafie a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan. Ɔyɛ mmarahyɛbɛdwani dadaa a na ogyina mu ma Bibiani mpɛsua wɔ Atoeɛ mantam ɛna na ɔsan nso gyina mu ma NDC amanyɔkuo no.[1][2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adamu yɛɛ mmarahyɛbadwani maa mmarahyɛbadwafie a na ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman a na ɛtɔ so nnan mu. Ɔka NDC amanyɔkuo no ho na afei nso ogyinaa mu maa Bibiani mpɛsua wɔ Atoeɛ mantam wɔ Ghana.[3] N'amanyɔkuo adwuma no hyɛɛ aseɛ firii ɛberɛ a 1996 Ghana abatoɔ keseɛ no, ɛberɛ a odii nkunim maa NDC amanyɔkuo no.Onyaa mma 24,437 firii mma 37,712 mu a ɛkyerɛ ɔha nkyekyemu 52.30%. Odii Christopher Addae a ogyinaa mu maa NPP amanyɔkuo no so nkunim nna ɔsan nso dii Moses Jasi-Addae a ɛyɛ EGLE kuo ba a ɔno nso nyaa mma 13,275 no so nkunim.[4]

Mfeɛ mpem mmienu abatoɔ (2000 Elections)[sesa]

Ɔtoo aba yii Adamu maa no bɛ yɛɛ mmarahyɛbadwani maa Bibiani mpɛsua wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) wɔ Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Odii nkunim wɔ abatoɔ no mu maa NDC amanyɔkuo no. Na ne mpɛsua no ka mmarahyɛbadwam nkonnwa nkron no ho, sɛ yɛ yi nkonnwa du-nkron a NDC nyaa no wɔ Atoeɛ mantam no mu a. NDC amanyɔkuo no na ɛnyaa domkumaa no, wɔ mmarahyɛbadwafie nkonnwa ahanu (200) no mu no, NDC amanyɔkuo no nyaa mu aduokron-mmienu (92) wɔ mmarahyɛbadwafie a na ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ Ghana adehyeman a na ɛtɔ so nnan mu. Ɔde mma 19,818 na ɛkɔɔ mmarahyɛbadwafie a na ɛno kyerɛ ɔha nkyekyemu 53.7% wɔ mma no nyina ara mu. Odii Christopher Addae a ogyinaa mu maa NPP amanyɔkuo ne Anthony K. Gyasi a ɔno nso gyinaa mu maa Convention People's Party ne Richard A. Donkor a na ɔno nso gyinaa mu maa Reformed Party ne John Boakye Adae a na ɔno nso yɛ independent candidateni no so nkunim.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/215/
  2. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/index.php
  3. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/western/
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/western/215/index.php