Samuel Nsowah-Djan

Ɛfi Wikipedia

Samuel Nsowah-Djan yɛ Ghana amanyɔni ne mmarahyɛbadwafie a ɛtɔ so nson(7th) wɔ Ghana adehyeman amammuo mu nipa a ɔregyina ma Upper Denkyira West mpɛsoa wɔ Mfinimfin Mantam mu(Central Region) wɔ Ɔsono amanyɔkuo(New Patriotic Party) no din mu.[1]

Hon.
Samuel Nsowah-Djan
MP
Member of the Ghana Parliament
for Upper Denkyira West Constituency
Bere
7 January 2017 – 6 January 2021
OdikanfoHon. Benjamin Kofi Ayeh
AnanmusiniDaniel Ohene Darko
ƆmanpanyinNana Akuffo-Addo
Odikanfo=
Ne ho asɛm
Awo bere26 June 1961 (1961-06-26) (age 62)
Denkyira Breman, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
MmaPaulette Docia Maame Yaa Nsowah-Djan and Verna Lucky Naa Shormeh Nsowah-Djan
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana, University of Education, Winneba, University for Development Studies
N'adwumaPolitician
N'adwumaCEO, Tutor
CommitteesPrivileges Committee

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Samuel wɔ Ayɛwohomumu bosome da a ɛtɔ so aduonu-nsia(26) wɔ afe apem ahankron ne aduosia baako mu(1961). Ɔfiri Denkyira Breman a ɛwɔ mfinimfin mantam mu (Central Region) wɔ Ghana. Ɔwiee University of Ghana Suapɔn, Legon na ɔwɔ bachelor’s degree wɔ Sociology mu wɔ afe 2005. Ɔsan nso wɔ diploma wɔ University of Education, Winneba. Mprempren ɔreyɛ MPhil wɔ Nkɔso Adesua mu wɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nkɔso Adesua so.[2]

Adwuma[sesa]

Na Samuel yɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Denkyira-Breman Anglikan Mfitiase Sukuu no mu. Ɔsan nso yɛ Nsowah Mining Company Limited a ɛwɔ Dunkwa-On-Offin no panyin.[1]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Samuel yɛ Kristoni.

Adɔeɛ dwumadie[sesa]

Wɔ COVID-19 ɔyaredɔm no mu wɔ Ghana no, ɔde nneɛma te sɛ Veronica buckets, nsuo a wɔde gu mu, afidie a wɔde kyerɛ sɛdeɛ obi ho hyeɛ si teɛ (thermometer), nsa hohoro aduro(sanitizers) ne PPE foforɔ maa Upper Denkyira West Mansini apɔmuden mpanimfoɔ.[3]

Ɔyɛɛ mfiri a wɔde tu fam wɔ Aburi, Gyaman ne Kakyerenyansa.[4]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Nsowah-Djan, Samuel (in American English), retrieved 2023-10-02
  2. http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=5422
  3. Archive copy, archived from the original on 2022-12-15, retrieved 2023-10-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  4. Former MP – UPPER DENKYIRA WEST DISTRICT ASSEMBLY (in American English), retrieved 2023-10-03