Samuel Kweku Obodai

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Samuel Obodai yɛ kɛmeste (Chemist) ne Ghana amanyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Agona West mpɛsoa wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so num wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu.[1][2]

Hon
Samuel Kweku Obodai
Mmarahyɛbadwani
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2009 – Ɔpɛpɔn 6, 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Owu bereOforisuo 29, 1960
Ne manGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast
N'adwumaChemist

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

WɔwoobObodai wɔ Oforisuo bosome da a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ afe apem ahankron ne aduosia mu(1960). Beaeɛ ofiri ne Agona Nyakrom a ɛwɔ mfinimfin mantam mu (Central Region) wɔ Ghana. Owiee ne Suapɔn sukuu wɔ University of Cape Coast wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson mu(1987) a ɔde nyaa ne Bachelor of Science abɔdinkrataa wɔ Chemistry mu ne diploma so so wɔ nnwomasua mu(Education). Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu nso, onyaa ne Master's of Arts wɔ Democratic Governance ne Leadership abɔdinkrataa wɔ University of Cape Coast.[1]

Abrabɔ ne adwuma[sesa]

Obodai aware wɔ mma nan(4). Ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ Pentecost asɔre mu. Adwuma a wakɔ ho sukuu yɛ ne chemist adwuma, ɔne nnwumakuo atitire bebree ayɛ adwuma pɛn.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛɛ mmarahyɛbadwani maa Agona West mpɛsoa wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ num wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu.[3] Wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu no, Mr. Obodai a ɔgyina wɔ Ghanaman nyinaa abato ɔ no mu dii nkunim wɔ Samuel Oppong a ogyina maa National Democratic Congress, Kojo Anan a ogyina maa National Reform Party, Mathew Caurie a ogyina maa Convention People's Party, Abu Hamid Wanzam a ogyina maa People's National Convention ne Joseph Archibald Ankrah ɔno nso gyina maa People's National Convention so wɔ abatoɔ no mu. Samuel de mma mpem aduonu baako, ahanu ne aduasa mmiɛnsa (21,233) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyemu aduonum nson ne akyirepɔ aduonum(57.50%). NDC mmarahyɛbadwam kuoba no nyaa mma mpem dummiɛnsa, ahanson ne aduowɔtwe nan(13,784) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu aduasa nsia ne akyirepɔ aduokron(36.90%). Anan nso nyaa mma ahankron ne aduowɔtwe nwɔtwe(988) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyɛmu mmienu ne akyirepɔ aduosia(2.60%). Mathew Caurie ɔtɔɔ so nan a na okura mma ahansia ne aduoson nkron(679) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu baako ne akyirepɔ aduowɔtwe(1.80%). PNC mmarahyɛbadwam kuo mma mmienu Wanzam ne Ankrah nyaa mma ahanan ne aduasa(430) a egyina hɔ ma ɔha nkyɛmu baako ne akyirepɔ aduonu(1.20%) ne Ohunu wɔ nnidisoɔ mu.[4]

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 http://www.ghanamps.com/mps/details.php?id=266
  2. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/NewsArchive/Petitioner-wants-former-MP-Kweku-Obodai-disqualified-883396
  3. https://www.ghanaweb.com/GhanaHomePage/election2008/election.results.parliamentary.php
  4. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2000/parliament/central/