Samuel Azu Crabbe

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm yi wɔ Asante Twi kasa mu

Samuel Azu Crabbe
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameSamuel Sesa
date of birth18 Obubuo 1918 Sesa
place of birthNkran Sesa
date of death15 Ɛbɔ 2005 Sesa
place of deathAburi Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationlawyer, Ɔtɛnmuafo Sesa
position heldChief Justice of Ghana, Justice of the Supreme Court of Ghana Sesa
educated atUniversity College London, Accra Academy Sesa

Samuel Azu Crabbe JSC ( wɔwoo no Obubuo bosome da a ɛtɔ so du nnwɔtwe wɔ afe apem ahankron ne du nnwɔtwe mu (1918) - Ɛbɔ da ɛtɔ so du nnum wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num mu(2005) mu na owuiɛ) yɛ Ghana mmaranimni, sɔlisita ne mmaratwerɛfoɔ. Ɔno ne ɔtemmuafo kunini a ɛtɔ nnum efi bere a Ghana bɛyɛɛ ɔman a wɔade ne ho no.[1]

Ne mmofraseɛ ne Nwomasua[sesa]

James Town kuro bi a ɛwɔ Nkran, a ɛyɛ Ghana nyinaa mantam kunini mu na wɔwoo Samuel Azu Crabbe. [2]Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Accra Academy a na ɔyɛ sukuufoɔ no nyinaa kannifo wɔ afe apem aha nkron aduasa nkron (1939) na ɔtoaa so wɔ Achimota College.[3] Ɔwiee ntoasoɔ sukuu no, ɔtoaa n'adesua so wɔ University College London. Ɔde mmaranim mu abɔdin na ɛwie sukuu no wɔ afe apem aha nkron ne aduanan nsia (1946) mu. Afe apem aha nkron aduanan nnwɔtwe (1948) mu no, Engeresi Mmaranimkuo Baatan too nsa frɛ no sɛ ɔmmɛka wɔn ho. Berɛ a na ɔyɛ adesuani no, ɔde ne ho gyee sukuu mu agodie mu pa ara. Ɛno maa no bɛdii agodie kuw ahodoɔ te sɛ bɔɔlobɔ, hɔki ne crikɛt so sahene wɔ sukuu mfiaseɛ ne suapɔn mu.[4]

Agodie mu Nsɛm[sesa]

Bere Owura Azu Crabbe wie sukuu no, ɔkɔɔ so de ne gyee agodie mu pa ara. Na ɔbɛdii Ghana National Olympic Committee so panin wɔ afe apem aha nkron aduosia nnwɔtwe (1968) de kɔsi afe apem aha nsia ne aduosia nkron (1969) . Wɔ afe apem aha nkron aduoson nkron (1979) mu no, wɔsane too ne so aba sɛ ɔpanin wɔ Ghana National Olympic Committee so bio.[4]

Adwuma[sesa]

Bere a Owura Samuel Azu Crabbe wie ne nteteɛ wɔ UK no, ɔsane n'akyi baa Ghana w ɔ afe apem aha nkron ne aduonum mu bɛyɛɛ adwuma sɛ mmranimni ne sɔlisita. Wɔ afe apem aha nkron ne aduonum nkron mu no, ɔbɛyɛɛ Ɔtemmuafoɔ Kunini na wɔpaw no sɛ ɔtemmuafo wɔ Ghana Asɛnnibea Kunini mu wɔ afe apem aha nkron adousia baako.[4]

Sɛ yɛde ne adwuma a ɔdii sɛ Ɔtemmuafoɔ to nkyɛn a, Azu Crabbe dii nneɛma pii nso ho dwuma. Bere a National Liberation Council a wɔtuu Nkrumah aban so adeɛ so wɔ aban mu no, na ɔyɛ National Finance Board so panin. Wɔ afe apem aha nkron aduosia nson mu no, wɔpaw no sɛ ɔnni kuw a wɔapaw wɔn sɛ wɔn hwehwɛ man panin dada Kwame Nkrumah ahodeɛ mu so panin (The Azu Crabbe Commission). [5]National Redemption Council (NRC) no paw no sɛ Ɔtemmuafoɔ Kunini wɔ afe apem aha nkron aduoson mmiɛnsa mu. National Redemption Council (NRC) yɛ sogyafoɔ aban a wɔtuu Busia aban no adeɛ so wɔ Ɔpɛpɔn da ɛtɔ so du mmiɛnsa wɔ afe apem aha nkron aduoson mmienu mu. Wɔ nneɛma pa pii a Owura Azu Crabbe yɛɛ nti, International Association of Trial Lawyers de sika kɔkɔɔ mɛdal bɔɔ no aba so. Bere a General Acheampong da so redi adeɛ sɛ man panin wɔ afe apem aha nkron adouson nnum mu no, National Redemption Council (NRC) sesaa ne ho bɛyɛɛ Supreme Military Council (SMC). Akyire yi, Ghana Bar Association (GBA) too aba sɛ wɔnni Acheampong aban no mu gyidie bio. Wɔkɔɔ so ara teteete Supreme Military Council (SMC) ma enti Supreme Military Council (SMC) hyehyɛɛ mmara a ɛne Judicial Service (Amendment) Decree, 1977 (SMCD 101) na ɛno maa wɔyii no adi firii ne dibea sɛ Ɔtemmuafoɔ Kunini. Ɛsiane sɛ na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛyi no adi nti, wɔde mmara ɛne Judicial Service (Amendment) Decree no kaa mmara a mmarahyɛ badwam kunini ahyehyɛ nwoma no ho.

Ɛkuw a ɛyɛ Nhwehwɛmu Soronko bi[sesa]

Jerry Rawling Provisional National Defence Council (PNDC) bere so no, wɔ faa atemmuafoɔ baasa ne sogyani a ɔkɔ ahomegyeɛ mu no mum firii wɔn afie mu wɔ Ahinime da ɛtɔ so 30 afe apem aha nkron aduowɔtwe mmienu mu. Kitawonsa da ɛtɔ so mmiensa afe apem aha nkron aduowɔtwe mmienu mu no wɔhunuu wɔn muun wɔ Bundase Military Range, bɛyɛ kwansini aduonum de firi Nkran. Na wɔakum wɔn.

Nnipa baanan yi nyinaa na wɔadi nsɛm bi a ne di mu no wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyi nnipa bi a na wɔabu wɔn atɛn sɛ wɔnkɔ da afiase mfe1 pii wɔ Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) amammuo a Jerry Rawlings dii anim wɔ afe apem aha nkron aduoson nkron mu. Ɛsiane ahohyehyeɛ a wɔde baa PNDC aban no so nti, wɔtew ɛkuw a ɛne Special Investigation Board (SIB) sɛ wɔnyɛ wɔn wuo no mu nhwehwɛmu. Wɔ paw Samuel Azu Crabbe sɛ SIB so panin. Adwuma a wɔyɛɛ de adwene kyerɛ baeɛ sɛ wɔnkum nnipa du bi. Nnipa du yi mu baanu ne Joachim Amartey Quaye ne Alolga Akata-Pore a wɔyɛ PNDC kuw no mufoɔ. Deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa ne sogyani panin a ɔkɔ ahomegyeɛ, Kojo Tsikata a na ɔsane nso yɛ PNDC no ɔfotufoɔ ne ahobammɔ panin wɔ ɔman no mu.

Berɛ a nhwehwɛmu no rekɔ so nyinaa no, aban koowa krataa a ɛne Ghanaian Times yɛɛ dede sɛ adwuma SIB no reyɛ no nyɛ ne kwan so. Wɔde Azu Crabbe ne n'abusua nyinaa faa ahunahuna mu pa ara, a ɛbi ne sɛ anyinam ahoden a ɛkɔ ne fie no wɔtwaa mu na afei nso, ne babaa a ɔwɔ London (England) nso wɔfrɛfrɛɛ no sɛ ne papa bɛwu nansa yi ara.

Ɛsiane ne ɔpɛ pa sɛ ɔbɛsom ne man nti wɔamma amanyɔsɛm mu ahohyeheɛ no ammɔ ne hunu koraa. Bere a ɔde ne nsunsuansoɔ ɛtwatoɔ too dwa no bere tiawa bi akyi no, Azu Crabbe ne Captain Tsikata dii anobaeɛbaeɛ wɔ amansan

kasafidie sɛ Crabbe ne Amerika CIA no wɔ biribi yɛ.

Abasobɔdeɛ[sesa]

Ɛsiane ne nnwuma pa ɔyɛɛ de somm Ghana nti wɔ afe apem aha nkron adouson nson mu no, wɔde Companion of the Order of the Volta bɔɔ no aba so.

Owuo[sesa]

Samuel Azu Crabbe wuu Ɛbɔ da ɛtɔ so du nnum mfe mpem mmienu ne du nnum mu wɔ Aburii a ɛwɔ Ghana mu Apueiɛ mantam mu. Ɔgyaa ɔyere ne mma baanum ne banananom nkron.

Nwoma a wɔayɛ[sesa]

Crabbe, Samuel Azu (1998). Law of Wills in Ghana. Vieso Universial.ISBN 978-9988-0-1008-9.

Nkekaho[sesa]

Judicial Service (Amendment) Decree, 1977 (SMCD 101

  1. Ɛmfa ho mmara biara wɔahyehyɛ a ɛbɔ abira no, Owura Ɔtemmuafoɔ S.Azu Crabbe Ghana Ɔtemmuafoɔ Kunini no, wɔama no kɔ ahomegyeɛ mu sɛ Ɔtemmuafoɔ Kunini na ɔnka Atemmufoɔ Adwuma no ho bio de firi Ahinime da ɛtɔ so du nnum afe apem aha nkron aduoson nson.
  2. Ɛmfa ho sɛ Owura Ɔtemmuafo S. Azu Crabbe nka Atemmufoɔ Adwuma bio no de, nanso ahomegyeɛ a ɛnka ɛsɛ sɛ ɔnya bere a na wɔnyii no adi ne mfasodeɛ a ɛsɛ ɔnya no nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya sɛdeɛ anka ɔbenya bere anka ɔno ara ɔkɔɔ ahomegyeɛ mu saa da no.
  1. "List of Chief Justices". Official Website. Judicial Service of Ghana. Archived from the original on 13 February 2007. Retrieved 28 March 2007.
  2. "Kufuor attends funeral of ex-Chief Justice". General News of Friday, 14 October 2005. Ghana Home Page. Archived from the original on 30 September 2007. Retrieved 2 June 2007.
  3. Nikoi Kotey. "Accra Aca Is Calling". Accra Academy alumni. Archived from the original on 28 September 2007. Retrieved 28 March 2007.
  4. 4.0 4.1 4.2 "Around the NOCs" (PDF). Olympic Review, June 1979, No 140. Amateur Athletic Foundation of Los Angeles. pp. 383, 384. Archived (PDF) from the original on 9 August 2010. Retrieved 2 June 2007
  5. "Corruption: "Swiss Bank" Socialism". Failed Leadership. Free Africa Foundation. Archived from the original on 11 December 2006. Retrieved 2 June 2007.