Samuel Atta Mills

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Samuel Atta Mills
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageSamuel Atta Mills Sesa
given nameSamuel Sesa
family nameMills Sesa
date of birth26 Oforisuo 1956 Sesa
place of birthCape Coast Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Fante Sesa
occupationAmanyɔni, economist, banker Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atBelmont University, Belmont University, Komenda College of Education, Mfantsipim School Sesa
member of political partyNational Democratic Congress (Ghana) Sesa
candidacy in election2020 Ghanaian general election, 2016 Ghanaian general election Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Samuel Atta Mills[1] yɛ Ghanani a wɔwoo no Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nsia, wɔ afe apem ahankron aduonum nsia mu (born 26 April 1956). Ɔyɛ amannyɔni a ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a wɔtɔ so nson no ho wɔ Ghana kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu, ɔno na ɔyɛ ananmusini de ma Komenda Edina Eguafo Abrem abatoɔ mpesua no so a wɔwɔ Mfimfini mantam no mu. Amannyɔkuo a ɔdɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress.[2]

Ɔbra ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

wɔwoo Mills wɔ Oforisuo bosome no da a ɛtɔ so aduonu nsia, a ɛyɛ Yawoada, wɔ afe apem ahankron aduonum nsia mu (born 26 April 1956) na ɔfiri kuro a yɛfrɛ no Kissi a ɛwɔ Mfimfini mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu.[3] Ɔkɔɔ ntoasoɔ sukuu wɔ Mfantsipim Sukuu, a ɛhɔ na ɔkɔnyaa ne GCE Certificate. Ɔtoaa so kɔɔ Komenda College kɔgyee adekyerɛ mu nteteeɛ abɔdin a yɛka no borofo mu sɛ Diploma in Education. Ɔwiee n'adesua wɔ Komenda no, Mills toaa so kɔɔ Belmont University a ɛhɔ na ɔkɔgyee n'abɔdin krataa wɔ sikasɛm ne ne ntotoeɛ mu a yɛka no borofo kasa mu sɛ BBA in Economics and Accounting wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nan (1984) mu, ɛna afei ɔnyaa n'abɔdin krataa wɔ sikasɛm ne sikakorabea ho dwumadie mu a yɛka no borofo kasa mu sɛ MBA in Finance and Banking wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe nsia (1986) mu.[2][4]

N'abrabɔ[sesa]

Samuel Atta Mills yɛ kristoni a ɔne Methodist asafo no na ɛsom bɔm.[2] Ɔnua ne Ghana manpanin dada a wanya ne baabi korɔ a yɛfrɛ no Ɔbenfo John Atta Mills.[5][6]

Ansa na ɔrebɛkɔ mmarahyɛbadwam hɔ no, na Mills adi kan ayɛ adwuma wɔ Ghana Tourism Development Company a na ɔno na ɔyɛ chief executive officer ɛfiri afe 2003 de kɔ si 2005. Wɔ afe 2005 mu no, ɔkɔyɛɛ adwuma maa Panera Bread a na ɔno na ɔyɛ Regional Manager. Ɔyɛɛ adwuma wɔ hɔ ara kɔ sii afe 2009 mu na yɛpaw no sɛ ɔnkɔ yɛ Presidential Aide mfa mma Ghana manpanin a na ɔte akonnwa so saa berɛ no a yɛfrɛ no Obenfo John Atta Mills. Afei nso ɔsane nso yɛɛ adwuma wɔ First American Bank a na ɔno na ɔyɛ Commercial Loans Manager.[2][4]

Amannyɔsɛm[sesa]

Amannyɔkuo a Nanja dɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne Kyiniiɛ amannyɔkuo National Democratic Congress (NDC).

Afe mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne du nsia (2016) abatoɔ a yɛtoo wɔ Ghana no, ɔdii nkunim wɔ Komenda-Edina-Eguafo-Abirem abatoɔ mpesua no so wɔ Kyiniiɛ amannyɔkuo NDC din mu. Yɛtoo aba no wieɛ no, ɔnyaa mma no mu mpem aduonu baako ahankron aduonum nson (21,957) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nwɔtwe ne akyiripɔ nan (38.4%), ɛna ɔsono amannyɔkuo NPP ananmusini a yɛfrɛ no Stephen Nana Ato Arthur nso nyaa mma no mu mpem dunum ahankron aduosia (15,960) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduonu nson ne akyiripɔ nkron (27.9%), afei PPP amannyɔkuo no nso ananmusini a yɛfrɛ no John Sterlin nso nyaa mma no mu mpem dunwɔtwe ahawɔtwe ne aduosia (18,860) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa mmiensa ne akyiripɔ hwee (33.0%), ɛna CPP amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Mrs. Rose Austin Tenadu nso nyaa mma no mu ahanan ne du (410) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu hwee ne akyiripɔ nson (0.7%).[7]

Afe mpem mmienu ne aduonu abatoɔ (2020)[sesa]

wɔ afe mpem mmienu ne aduonu abatoɔ no mu nso Mills bɔɔ ne ho mmɔden sane dii nkunim bio wɔ Komenda-Edina-Eguafo-Abirem abatoɔ mpesua no so. Yɛtoo aba no wieɛ no na wanya mma no mu mpem aduonu nsia, ahanwɔtwe aduowɔtwe nsia (26,886) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan mmienu ne akyiripɔ nson (42.7%), saa ara nso na Samuel Joe Acquah, a na ɔyɛ NPP ɔsono amannyɔkuo no ananmusini no nso nyaa mma no mu mpem aduonu mmiensa, ne aduasa nkron (23,039) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduasa nsia ne akyiripɔ nsia (36.6%), afei GUM amannyɔkuo no ananmusini a yɛfrɛ no Abubakr Sadiq Cann nso nyaa mma no mu apem, ɔha ne aduonu mmienu (1,122) a ɛno nso gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu baako akyiripɔ nwɔtwe (1.8%), ɛna PPP amannyɔkuo no nso ananmusini John Sterlin nso nyaa mma no mu mpem du-baako, ahankron ne aduosia nan (11,964) a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu du nkron ne akyiripɔ hwee (19.0%).[6]

Abadwakuo ahodoɔ[sesa]

Abadwakuo ahodoɔ pii na wadi dwuma wɔ so wɔ mmarahyɛbadwam hɔ. Samuel Atta Mills ayɛ kuo ba de ama mmarahyɛbadwam abadwakuo a na wɔhwɛ Akwan ne akwantusɛm so (Roads and Transport Committee), ɛna afei nso wasane nso ayɛ otitenani de ama mmarahyɛbadwam abadwakuo a na wɔhwɛ Amansan fotoɔ ne nkontabuo so (Public Accounts Committee)[2]

Baabi a Menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. Samuel Atta-Mills (in American English), 2015-08-27, retrieved 2023-05-20
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 2.4 Parliament of Ghana, retrieved 2023-05-20
  3. Atta Mills, Samuel (in American English), retrieved 2023-05-20
  4. 4.0 4.1 Samuel Atta Mills, Biography, retrieved 2023-05-20
  5. ‘How dare you guys always bring out this hurt’ – Samuel Atta Mills to MPs seeking probe (in English), 2022-02-18, archived from the original on 2022-12-09, retrieved 2023-05-20
  6. 6.0 6.1 BusinessGhana, retrieved 2023-05-20
  7. Peace FM, 2016 Election - Komenda / Edina Eguafo / Abirem Constituency Results, retrieved 2023-05-20