Richard Maximilian Akwei

Ɛfi Wikipedia
Richard Maximilian Akwei
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
date of birth27 Obubuo 1923 Sesa
occupationdiplomat Sesa

Richard Maximilian Akwei (wɔwoo no Obubuo 27, 1923 wɔ Nkran) yɛ Ghana ɔman nanmusifo a wakɔ pɛnhyen.[1][2][3]

N'abrabɔ ahyɛase ne Nhomasua[sesa]

Na ɔyɛ anuanom baanan mu nea ɔto so abien, na na ɔwɔ ne nuabarima kumaa bi a wɔfrɛ no Ghanaba Guy Warren a wɔsan frɛ no Warren Gamaliel Kpakpo.

Wɔ afe 1939 mu no, Akwei de ne din kɔhyɛɛ Prince of Wales (Achimota) College na onyaa Cambridge Sukuu Adansedi krataa fii London Sukuupɔn mu a na ɔwɔ Matriculation wɔ afe 1942 mu.[1] Owura Akwei nyaa sika a wɔde bɛboa no wɔ Christ Church, Oxford Sukuupɔn mu, na onyaa B.A. (Oxon) wɔ Amanyɔsɛm, Nyansapɛ, ne Sikasɛm mu wɔ afe 1945. Wɔ 1952 mu no, onyaa Postgraduate Certificate wɔ Nhomasua mu wɔ London Sukuupɔn Nhomasua Asoɛe mu.

Adwuma[sesa]

Ansa na Ghana rede ne ho[sesa]

Bere a Akwei san baa Ghana wɔ afe 1945 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ Asɛnnibea Ɔkyerɛwfo ne ɔkyerɛkyerɛfo wɔ University College of the Gold Coast. Wɔ afe 1952 mu no, ɔbɛyɛɛ Aban Ɔmantam Ɔnanmusifo Panyin wɔ Ashanti Mantam mu. Ɔde ne ho bɔɔ Amannɔne Adwumayɛfo Kuw no ho wɔ 1956 mu, na ɔsom sɛ Cadet Diplomat wɔ United Kingdom Aban Asoɛe a Ɛkorɔn wɔ Ottawa, Canada.[1]

Ghana dee neho akyi[sesa]

Ghana nyaa ahofadi wɔ afe 1957 mu akyi no, Akwei yɛɛ Ɔfotufo wɔ Ghana Aban Nnanmusibea a ɛwɔ Washington D.C., na ɔboaa Afrika ahofadi kuw no. Efi afe 1961 no, ɔde ne ho hyɛɛ Ghana amannɔne amammuisɛm ho nhyehyɛe mu wɔ wiase nyinaa wɔ Ɔmampanyin Nkrumah ase. Ɔde ne ho hyɛɛ South Africa Amanaman Nkabom no mufo a wogyaee mu no mu, ɔne Soviet akannifo bɔɔ nkɔmmɔ, na ɔkaa ho wɔ fapem nkrataa a wɔkyerɛw maa nhyiam a edi kan a ɛfa Aman a Wɔmfa Wɔn Ho Nhyɛ Mu ho wɔ 1961 mu no mu.[2]

Amanaman ntam ɔman nanmusifo[sesa]

Wɔ afe 1962 mu no, Akwei dii dwuma titiriw wɔ ntamgyinafo mu wɔ China ne India Ɔhye so akasakasa no mu sɛ Ghana Nnanmusini a wɔkɔɔ Colombo Nhyiam no fa. Efi afe 1964 kosi afe 1965 no, ɔyɛɛ Ghana Ɔnanmusifo a odi kan wɔ Mexico, ɔhyehyɛɛ aban ananmusifo dwumadibea wɔ Mexico City na ogyinaa Ghana ananmu wɔ aman pii nhyiam ahorow ase.[1] Ɔsan nso yɛ Ghana Nnanmusini a wɔkɔɔ Amanaman Nkabom Bagua Kɛseɛ Nhyiamu a ɛtɔ so 19 no muni.[2]

Wɔ afe 1972 mu no, Richard Akwei yɛɛ Ghana Ɔnanmusifoɔ wɔ China, na ɔhunuu China nsakraeɛ wɔ Amammerɛ mu Ɔsesɛw no fa a ɛtwa toɔ no mu.[1] Wɔ afe 1994 mu, bere a ogyinaa Commonwealth Ɔkyerɛwfo Dwumadibea ananmu no, odii dwuma titiriw wɔ ntetee a wɔyɛ maa South Africa aban ananmusifo a wɔwɔ Pretoria wɔ ɔman no ahofadi akyi no mu.[2]

Nidi a wɔde ma[sesa]

Dwoda, Ɔpɛpɔn 4, 2018 no, na ɔyɛ aban ananmusifoɔ a Ɔmanpanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo hyɛɛ wɔn anuonyam sɛ Ghana Amannɔne Adwumayɛfoɔ 10 a wɔdi kan wɔ adeyɛ bi a wɔyɛeɛ wɔ Jubilee House no mu baako.[4][5][6]

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree Josephine Akosua Afram wɔ afe 1956 mu.[1]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 1.5 Richard AKWEI (in English), retrieved 2023-12-14
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 graphic online (2023-12-13), Honouring Ghana’s diplomatic heroes - Celebrating Ambassador Richard M. Akwei at 100 years
  3. www.graphic.com (2018-07-05), Govt honours first 10 career diplomats
  4. Nana Addo honours 10 pioneer Ghanaian foreign service officers (in American English), 2018-07-04, retrieved 2023-12-14
  5. President honours Ghana’s pioneer Foreign Service officers, retrieved 2023-12-14
  6. 3news.com (2018-07-04), President honours 10 pioneer Ghanaian foreign service officers | 3NEWS.COM (in American English), archived from the original on 2022-11-26, retrieved 2023-12-14