Raymond Tawiah

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Raymond Tawiah Abraham
Member of Ghana Parliament for
Yilo Krobo constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Evans Atta Mills
OdikanfoDaniel Tekpertey
AnanmusiniKofi Amoatey
Ne ho asɛm
Awo bere10 January 1955 (1955-01-10) (age 69)
Yilo Krobo, Eastern Region Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaPolitician
N'adwumaExecutive director

Raymond Tawiah Abraham (wɔwoo no Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du wɔ afe apem

ahankron aAuonu-num, January 10, 1955) yɛ Ghana amanyɔni akontaabufoɔ a na ɔyɛ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so nnum ne anan no muni, na ɔgyina Yilo Krobo mpasua ananmu wɔ Apueeɛ Mantam.[1][2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Abraham wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so du wɔ afe apem ahankron aduonu-num, (January 10, 1955) wɔ Yilo Krobo wɔ Ghana Apuei Fam.[1] Ɔfiri Somanya wɔ Apueeɛ Mantam mu.[3] Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn na onyaa Diploma wɔ Ɔmanfoɔ adwumayɛ mu.[1] Ɔnyaa ne MBA (Post Graduate School of Management, Paris, France) wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) mu, onyaa ne BSc (Administration) UG wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nson mu (2007) mu na onyaa ne EMGL (GIMPA) wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (2008).[3]

Adwumayɛ[sesa]

Abraham yɛɛ adwuma sɛ El Shaddai Medical Laboratory Limited kwankyerɛfo panyin. Ɔyɛ akontabufoɔ wɔ n’adwuma mu na na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Yilo Krobo Mansin a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Abraham sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ afe mpem mmienu ne nan mu (2004) Ghana Amansan abatow mu sɛ mmrahyɛbagua muni wɔ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛto so anan mu ma Yilo Krobo Mansin a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Fam Mantam mu.[4] Ɔnyaa abatoɔ no mu amma mpem aduonu ne ahansia aduowɔtwe nnum (20,685) wɔ abatoɔ no nyinaa a na ɛyɛ mpem aduasa nsia ne aha mmiɛnsa ne aduowɔtwe nson (36387) a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduonum nsia akyiri pɔ nwɔtwe (56.80%).[5]

Ɔsan sii akan wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔnyaa abatoɔ no mu amma mpem dunwɔtwe ne aha mmiɛnsa ne aduanan nnum (18,345) wɔ abatoɔ amma no nyinaa a ɛyɛ mpem aduosa nnan ahanwɔtwe ne aduokron nsia (34,896) a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduonum mmienu akyiri pɔ aduonum mmiɛnsa (52.53%) tiaa wɔn a wɔsɔre tia no, Christian Kofi Tettey a ɔfiri New Patriotic Party a ɔno nso nyaa abatoɔ no mu amma mmpem du-mmiɛnsa , ahansia ne aduonum nwɔtwe (13,658) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduasa nkron akyir pɔ du baako (39.11%), Francis Opai Tetteh a ɔfiri Convention People’s Party a ɔnyaa abatoɔ dodoɔ a ɛyɛ mpem mmienu, ahanum ne aduokron nwɔtwe (2,598) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu nson akyiri pɔ aduannan nnan (7.44%) ne Terkpetey Fred Kwasi a ɔfiri People’s National Convention a ne abatoɔ dodoɔ yɛ aha-mmiɛsa ne aduonu nnum (325) a ɛgyina hɔ ma hweɛ akyiri pɔ aduokron mmiɛnsa (0.93%)[6][3] a ɛmaa ɔkuraa n’akonwa sɛ mmrahyɛbadwani ama mmrahyɛbadwa a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Adehyeman a Ɛto so nnan no mu ama Yilo Krobo Mpɛsoa a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Fam.[3]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Abraham yɛ Kristoni na ɔyɛ Methodist asɔre a ɛwɔ Ghana no muni.[3][1] Waware a ɔwɔ mma nnan.[3]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Jump up to:1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Ghana Parliamentary Register (2004–2008)
  2. https://allafrica.com/stories/200805010
  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 G. M. Ditchfield, David Hayton, Clyve Jones (2008-03-17), "British Parliamentary Lists, 1660-1800: A Register", Parliamentary History, vol. 13, no. 3, pp. 388–388, doi:10.1111/j.1750-0206.1994.tb00312.x, ISSN 0264-2824, retrieved 2023-10-01{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  2. Andi Arsi, Wa Ode Nurfitri Fail (2021-01-18), Makna Filsafat, retrieved 2023-10-01
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 Augustine TAWIAH, Critical Contextualization In Ghana : The Case Of Akan Funeral Rites And Ceremonies, retrieved 2023-10-01
  4. Masahiko Itoh, Yuzuru Tanaka (2005), Multispace information visualization framework for the intercomparison of data sets retrieved from web services, New York, New York, USA: ACM Press, doi:10.1145/1062745.1062823, retrieved 2023-10-01
  5. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01
  6. "Frontmatter", Demilitarizing Politics, Lynne Rienner Publishers, pp. i–iv, 2005-01-01, retrieved 2023-10-01