Raymond Tawiah Abraham

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Raymond Tawiah Abraham
Mmrahyɛbawani ɛwɔ Yilo Krobo
Bere
7 January 2005 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Evans Atta Mills
OdikanfoDaniel Tekpertey
AnanmusiniKofi Amoatey
Ne ho asɛm
Awo bere10 January 1955 (1955-01-10) (age 69)
Yilo Krobo, Eastern Region Gold Coast (now Ghana)
Ne manGhana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma4
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaExecutive director

Raymond Tawiah Abraham (wɔwoo no 10 Ɔbɛnem 1955) yɛ Ghana amanyɔni akontaabufoɔ a na ɔyɛ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nnum ne anan no muni, na ɔgyina Yilo Krobo amansin ananmu wɔ Apueeɛ Mantam .[1]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Abraham wɔ 10 Ɔbɛnem 1955 wɔ Yilo Krobo wɔ Ghana Apuei Fam.[1] Ɔfiri Somanya wɔ Apueeɛ Mantam mu. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn na onyaa Diploma wɔ Ɔmanfoɔ adwumayɛ mu .[1] Ɔnyaa ne MBA (Post Graduate School of Management, Paris, France) wɔ afe 2006 mu, onyaa ne BSc (Administration) UG wɔ afe 2007 mu na onyaa ne EMGL (GIMPA) wɔ afe 2008.

Adwuma[sesa]

Abraham yɛɛ adwuma sɛ El Shaddai Medical Laboratory Limited kwankyerɛfo panyin. Ɔyɛ akontabufoɔ wɔ n’adwuma mu na na ɔyɛ mmrahyɛbaguani ma Yilo Krobo Mansin a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔpaw Abraham sɛ ɔmmɛyɛ mmrahyɛbagua no wɔ National Democratic Congress tekiti so wɔ December 2004 Ghana Amansan abatow mu sɛ mmrahyɛbagua muni wɔ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛto so anan mu ma Yilo Krobo Mansin a ɛwɔ Ghana Apuei Fam Mantam mu.[2] Ɔnyaa abatoɔ 20,685 wɔ abatoɔ 36387 a ɛfata a wɔtoo no mu a ɛgyina hɔ ma 56.80%. Ɔsan sii akan wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu na ɔnyaa abatoɔ 18,345 wɔ abatoɔ 34,896 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma 52.53% tiaa wɔn a wɔsɔre tia no, Christian Kofi Tettey a ɔfiri New Patriotic Party a ɔno nso nyaa abatoɔ 13,658 a ɛgyina hɔ ma 39.11%, Francis Opai Tetteh a ɔfiri Convention People’s Party a ɔnyaa abatoɔ dodoɔ a ɛyɛ 2,598 a ɛgyina hɔ ma 7.44% ne Terkpetey Fred Kwasi a ɔfiri People’s National Convention a ne abatoɔ dodoɔ yɛ 325 a ɛgyina hɔ ma 0.93% a ɛmaa ɔkuraa n’akongua sɛ mmrahyɛbadwani t ama mmrahyɛbagua a Ɛto so Anum a ɛwɔ Ghana Aman a Ɛto so Anan no mu ama Yilo Krobo Mantam a ɛwɔ Ghana Apuei Fam .

Ankorankoro asetra[sesa]

Abraham yɛ Kristoni na ɔyɛ Methodist asɔre a ɛwɔ Ghana no muni.[1] Ɔwaree na ɔwɔ mma baanan.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Ghana Parliamentary Register (2004–2008)
  2. https://allafrica.com/stories/200805010