Queen Victoria

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Queen Victoria
nnipa
sex or genderfemale Sesa
part ofVictoria of the United Kingdom and Prince Albert Sesa
country of citizenshipUnited Kingdom of Great Britain and Ireland Sesa
name in native languageAlexandrina Victoria Sesa
birth namePrincess Alexandrina Victoria of Kent Sesa
given nameAlexandrina, Victoria Sesa
family nameno value Sesa
noble titlemonarch of the United Kingdom of Great Britain and Ireland, British Princess, Emperor of India, queen Sesa
named afterPrincess Victoria of Saxe-Coburg-Saalfeld, Alexander I of Russia Sesa
date of birth24 Kotonimma 1819 Sesa
place of birthKensington Palace Sesa
date of baptism24 Ayɛwohomumɔ 1819 Sesa
date of death22 Ɔpɛpɔn 1901 Sesa
place of deathOsborne House Sesa
manner of deathnatural causes Sesa
cause of deathcerebral hemorrhage Sesa
place of burialThe Royal Mausoleum Sesa
fatherPrince Edward, Duke of Kent and Strathearn Sesa
maamɛPrincess Victoria of Saxe-Coburg-Saalfeld Sesa
siblingPrince Karl, 3rd Prince of Leiningen, Feodora, Princess of Hohenlohe-Langenburg Sesa
spousePrince Albert of Saxe-Coburg and Gotha Sesa
familyHouse of Hanover Sesa
godparentAlexander I of Russia, George IV of the United Kingdom, Charlotte, Princess Royal, Countess Augusta Reuss of Ebersdorf Sesa
writing languageEnglish Sesa
occupationmonarch Sesa
position heldmonarch of the United Kingdom of Great Britain and Ireland, Emperor of India, monarch of Canada Sesa
educated atWindlesham House School Sesa
student ofLuigi Lablache Sesa
honorific prefixMajesty, Royal Highness Sesa
residenceKensington Palace, Buckingham Palace, Osborne House, Windsor Castle Sesa
ethnic group Sesa
religion or worldviewAnglicanism Sesa
medical conditionhemophilia Sesa
archives atNational Library of Wales Sesa
anthemGod Save the King Sesa
member ofRoyal Society Sesa
owner ofSandringham House, Dash, Queen Victoria's pets, Anmer Hall Sesa
significant eventcoronation of Queen Victoria Sesa
present in workCivilization VI Sesa
time periodVictorian era Sesa
depicted byFour Generations (Queen Victoria, King Edward VII, Prince Edward, Duke of Windsor (King Edward VIII) and King George V), Queen Victoria (1819-1901) when a Girl Sesa
has listlist of titles and honours of Queen Victoria Sesa
has works in the collectionNational Gallery of Victoria, Print Collection, Smithsonian American Art Museum, Royal Collections of the Netherlands Sesa
copyright status as a creatorcopyrights on works have expired Sesa
artist files atFrick Art Reference Library Sesa
described at URLhttp://edelfelt.sls.fi/personer/4062/victoria/, https://www.obalkyknih.cz/view_auth?auth_id=jn20000701900, http://www.oxfordreference.com/abstract/10.1093/acref/9780195382075.001.0001/acref-9780195382075-e-2103?rskey=Qb97Fn&result=2104 Sesa

Victoria (About this soundpronounciation of "Queen Victora" ) (Alexandrina Victoria; Kɔtɔnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu nan (24) wɔ afe apem ahawɔtwe ne du nkron (1819)[1] - Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so aduonu mmienu (22) wɔ afe apem ahankron ne baako (1901)) yɛ Ngyiresi (Great Britain) ne Ireland Hemaa. ɔhyɛɛ n'ahennie ase wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduasa nson (1837), ayɛwohomumɔ da ɛtɔ so eduonu, (20th June).[2]

Ɔdii ahennie no mfeɛ eduosia mmiensa (63) ne abosom nsuon (7). Ɛma no yɛ ɔhemaa a w'adi ahennie no akyɛ paa ɛwɔ Ngyiresi man no abakɔsɛm mu. Ɔsiesiee ɔman no,  ɛbuebuee ndwuma kuo ahoroɔ,  na ɔde nsakyereɛ ahoroɔ nso baa ɔman no amanyɔsɛm, abɔdeɛmu nyansapɛ nhwehwɛmu ɛna asraafo dwumadie. Britain mmarahyɛbadwam' no kɔɔ asetena na wɔ maa no abodin sɛ India hemaa,[3]  (Empress of India) wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduoson nsia (1876) mu.

Ɔhemaa Victoria amanmuo baa awieɛ wɔ afe apem ahankron ne baako (1901); bere a ɔfuraa ne ntoma ne tenten mu.

Victoria yɛ Kent ne Stratheam (King George III ne ba barima a ɔtɔ so nnan ) diadefoɔ ɛne Saxe-Coburg Saalfeld hene ba baa Victoria ba. Ne maame ɛne ahenfie dwumayɛfoɔ, John Conroy na ɛtetee no bere a ne Papa ne ne Nana firii mu wɔ afe apem ahawɔtwe ne aduonu (1820) mu.[4]

Ɔbɛyɛɛ Ɔhemaa wɔ bere a na w'adi mfeɛ du nnwɔtwe (18) bere a ne Papa nuammarima mmiensa nyinaa firii mu.  Ɛwɔ mu sɛ na yɛde mmara na abu ɔman no deɛ, nanso kokoam' no Victoria bɔɔ mmɔden de nnipakuo binom dii aban dibrɛ. Ɛwɔ Nipa nyinaa anim no, na Victoria yɛ nuonyamfoɔ ne obi ah odi mu.[5]

Awoɔ ne abusua[sesa]

Victoria papa ne Prince Edward, Duke of Kent me Strathearn, ɔno na ɔtɔ so nan wɔ mma a ɔhene na ɔdi adeɛ wɔ United Kingdom, George III awo. Ɛfiri afe apem ahannwɔtwe ne du nson mu no, na Edward wɔfaase, Princess Charlotte of Wales nkoa na ɛyɛ George III nana. Ne wuo a ɔwuiɛ wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nson mu no de adedie nsɛnsɛm bɛtoo Duke of Kent ne ne nuanom a wɔnnwareeɛ so sɛ wɔnware na wɔnya mma. Wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nnwɔtwe (1818) mu no ɔwaree Princess Victoria a ɔwɔ Saxe-Coburg-Saalfeld, German kunanii baa a ɔyɛ ɔhene ba a ɔwɔ mma mmienu-Carl(afe apem ahannwɔtwe ne nan dekɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonum nsia) ne Feodora(afe apem ahannwɔtwe ne nson dekɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduoson mmienu) berɛ a ɔwaree Emich Carl , ɔhene a ɔtɔ so mmienu wɔ Leiningena ɛyɛ n'awareɛ a ɛdikan.Na ne nuabarima Leopold yɛ ɔhemaa Charlotte kunanii. Wɔwoo Duke ne Duchess of Kent ba baako pɛ, Victoria bɛyɛ anɔpa nnɔnan mpaeɛ fa wɔ kɔtonimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nkron (24 May, 1818) wɔ Kensington ahemfie wɔ London.[6]

Archbishop a ɔda Charles Manners-Sutton ano too Victoria din wɔ Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu nan wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nkron (24 June,1819) wɔ Cupola dan mu a ɛwɔ Kensington ahemfie.[7] Wɔbɔɔ no asu de no too Alexandrina a ɛyɛ ne nananom baako din a yɛfrɛ no Tsar Alexander I wɔ Russia, na wɔtoo no Victoria a ɛyɛ ɔmaame din. Ɛnam hyɛ a Kent nuapanyin George, Princes Regent hyɛɛ wɔn nti wɔde edin foforɔ bi a wɔsusuu sɛ wɔde bɛto no - Georgina(anaa Georgiana), Charlotte ne Augusta baeɛ.[8]

Victoria na na ɔtɔ so num wɔ adidie mu wɔ berɛ a wɔwoo no aberɛ a wɔwoo George III mma mmarima mpaninfoɔ: Princes Regent(George a ɔtɔ so); Frederick, Duke of York; William, Duke of Clarence(a akyire wɔfrɛ no William IV); ne Victoria papa, Edward,Duke of Kent.[9] Na Prince Regent nni mma, ɛna Duke of York nso mma; ne saa nti wɔtwerɛ wɔn ho firii wɔn yerenom ho ɛnam sɛ na watwam wɔ awoɔ ho nti, nti ɛnam saa nti na wɔnni mma a mmara mu no ɛyɛ wɔn ara deɛ. William ne Edward waree da baako wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nnwɔtwe (1818) nanso William mma mmienu a ɛyɛ ɔno ankasa mma wui berɛ a wɔsua no. Nea ɔdikan no ne Princess Charlotte, a wɔwoo no a ɔwui wɔ ɔbenem bosome da a ɛtɔ so aduonu nson wɔ afe apem ahannwɔtwe ne du nkron(27 March, 1819), bosome mmienu akyiri ansana wɔrewo Victoria.Victoria papa wui wɔ ɔpɛpɔn bosome nom wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonu, berɛ a na Victoria nya nni afe. Nnawɔtwe twam no ne nanabarima wui ɛna ne ba panin George IV di adeɛ. Sɛ Frederick ne William ba a na Victoria na ɔto so mmiɛnsa wɔ adidie mu. William babaa a ɔtɔ so mmienu, Princess Elizabeth of Clarence dii nnawɔtwe du mmienu firi ɔpɛnimaa bosome a ɛtɔ so ddu wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonu dekɔ ɔbenem bosome a ɛtɔ so na wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonu baako(10 Dec, 1820-4 March,1821) ɛno na ɛmaa Victoria bɛtoo so nan wɔ adidie mu.[10]

Duke of York wui wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduonu nson(1821) ɛna George IV nso wui wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduasa mu (1830); ɛna adidie no kɔɔ wɔn nuabarima a ɔtease, William hɔ ɛna Victoria bɛyɛɛ a ɔbɛdi adeɛ sɛ wannwo obi foforɔ a. Regent Act 1830 yɛɛ nhyehyɛeɛ soronko maa Victoria maame sɛ ɔngyina hɔ sɛ adedifoɔ sɛ William wu a wɔberɛ a na Victoria nso nyɛ ketewa.[11] Ɔhene William annyɛ adi sɛ Duchess mmɛyɛ obi a ɔdi adeɛ, wɔ afe apem ahannwɔtwe ne aduasa nsia mu no ɔdaa no adi sɛ ɔpɛ sɛ ɔtenase kɔpem sɛ Victoria bɛdi n'awoda a ɛtɔ so du nnwɔtwe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsi kwan na obiara mmɛgyina hɔ sɛ ɔdiadefoɔ.[12]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. https://www.bbc.com/news/uk-england-hampshire-41285054
  2. http://www.royal.gov.uk/The%20Royal%20Collection%20and%20other%20collections/TheRoyalArchives/QueenVictoriaeducationproject/QueenVictoriasCoronation1838.aspx
  3. https://www.smithsonianmag.com/history/victoria-and-abdul-friendship-scandalized-england-180964959/
  4. https://en.wikipedia.org/wiki/Queen_Victoria%27s_journals
  5. http://www.royal.gov.uk/HMTheQueen/TheQueenandspecialanniversaries/HistoryofJubilees/QueenVictoria.aspx
  6. Hibbert, pp. 3–12; Strachey, pp. 1–17; Woodham-Smith, pp. 15–29
  7. Her godparents were Tsar Alexander I of Russia (represented by her uncle Frederick, Duke of York), her uncle George, Prince Regent, her aunt Queen Charlotte of Württemberg (represented by Victoria's aunt Princess Augusta) and Victoria's maternal grandmother the Dowager Duchess of Saxe-Coburg-Saalfeld (represented by Victoria's aunt Princess Mary, Duchess of Gloucester and Edinburgh).
  8. Hibbert, pp. 12–13; Longford, p. 23; Woodham-Smith, pp. 34–35
  9. Longford, p. 24
  10. Worsley, p. 41
  11. Hibbert, p. 31; St Aubyn, p. 26; Woodham-Smith, p. 81
  12. Hibbert, p. 46; Longford, p. 54; St Aubyn, p. 50; Waller, p. 344; Woodham-Smith, p. 126