Plakali

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Plakali yɛ aduane bi a agye din a mpɛmpii no nnipa a ɛyɛ saa aduane yi yɛ Ahantafoɔ ne Nzemafoɔ a ɛwɔ atɔeɛ mantam wɔ Ghana. Yɛde bankye mmɔle a yanoa no wɔ nsuo hyeeɛ mu na ɛyɛ, ɛne banku ne fufuo a ɛyɛ Ghana aduane a agye din paa sɛ. Yɛde abɛnkwan ne nkatenkwan na ɛdi plakali.[1]

Nnoɔma a yɛde yɛ aduane no.[sesa]

  • Bankye mmɔle.
  • Nsuo.
  • Nkyene.

Sɛdeɛ yɛsi yɛ saa aduane no.[sesa]

  • Fa nsuo hono bankye mmɔle no bi
  • Num kɔpem sɛ aba biara bɛfiri mu.
  • Fa si gya so na num kɔpem sɛ ɛbɛyɛ den
  • Fa nkyene gum na sane num biom.
  • Sɛ ɛduru bɛyɛ sima du na sɛ aben a na wabobɔ no nkuruwankuruwa.
  • Fa nkatenkwan anaa abɛnkwan di wɔ berɛ a ɛyɛ hye.

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. "Plakali | Traditional Side Dish From Ghana | TasteAtlas". www.tasteatlas.com. Retrieved 2019-07-20.