Pearl Nkrumah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Pearl Nkrumah
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given namePearl Sesa
family nameNkrumah Sesa
date of birth1980 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationbusinessperson, banker Sesa
position heldexecutive director Sesa
educated atUniversity of Ghana Sesa
academic degreeBachelor of Science, Master of Business Administration Sesa

Pearl Nkrumah (wɔwoo no wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mu) yɛ Ghana sikakorabea dwumayɛni,ɔyɛ nnwuma pii, mmaranimnii ne corporate Executive, a ɔno na ɔtenetene Access sikakorabea a ɛwɔ Ghana Plc, ɔhyɛɛ aseɛ ɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mmienu no. Ɔyɛ ɔbaa a ɔdikan a ɔresom wɔ saa diberɛ nom, firi berɛ a wɔdii saa sikakorabea no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu.[1][2]

Ne ho nsɛm ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Nkrumah wɔ Ghana wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe mu.Ɔkɔɔ mmɔtofoa ne ntoasoɔ sukuu,ansa na wɔde no kɔɔ aban suapɔn a ɛso paa wɔ ɔman nom a wɔfrɛ no University of Ghana. Ɔwiee sukuu wɔ bakyela degree of Science wɔ Business Administration mu. Ne degree a ɛtɔ so mmienu, wɔ Master of Business Administration mu no nso ɔnya firii saa suapɔn korɔ noa mu. Ɔsane nso kura bakyela of Law degree,a Ghana Institute of Management and Public Administration no bɔɔ no abaso.[3]

Nnwuma[sesa]

Ɔyɛɛ ne sikakorabea adwuma ase wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nan mu,sɛ obi a ɔgye sika wɔ Standard Chattered Ghana. Wɔ mfeɛ pii akyire no wɔmaa no asɛdeɛ pii, a ɔbɛyɛɛ abɛdiakyire a ɔtoto sikakorabea ho nsɛm ɛna ɛno akyire no nso ɔbɛyɛɛ nnwumakuo pii totoiɛfoɔ. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu mu berɛ a ɔrebɛnya mfeɛ nkron wɔ Standard Chattered Ghana no, ɔfirii hɔ na Stanbic sikakorabea a ɛwɔ Ghana bɛfaa no.[4]

Wɔ Stanbic sikakorabea a ɛwɔ Ghana nso, Nkrumah guuso kɔɔ soro wɔ n'anim, firi obi a ɔtoto nsɛm wɔɔ nkitahodie mu wɔ sikakorabea dekɔ da nnwumakuo foforɔ pii ano, na ɔda SME banking ano. Berɛ a ɔfirii Stanbic no na ɔda dwadie kɛseɛ ano, a na ɔhwɛ wɔn a wɔtɔ nnoɔma so, beaɛ wɔde sika to, wɔn a wɔne wɔn bom di nkitaho. Wɔbɔɔ no abaso sɛ wɔde mmabunu sikasie baa Stanbic sikakorabea a ɛwɔ Ghana," adeɛ a ɛbɛboa mmabunu nso de sika asie"[4]

Nnoɔma ahodoɔ bi a wɔma no yɛɛ[sesa]

Wɔ ne diberɛ mu sɛ executive Director wɔ Access Bank Ghana no, Pearl Nkrumah bɛtenaa Board of directors na ɔka kuo a wɔtoto nnoɔma yie wɔ sikakorabea hɔ.[3]

Ntotoho[sesa]

  1. https://allafrica.com/stories/202202230101.html
  2. https://africanshapers.com/en/pearl-nkrumah-first-female-executive-director-appointed-at-access-bank-ghana/
  3. 3.0 3.1 https://www.ghana.accessbankplc.com/pages/About-Us/Board-and-Management-Team/Pearl-Nkrumah.aspx
  4. 4.0 4.1 https://www.linkedin.com/in/pearlnkrumah/details/experience/