Paul Collins Appiah Ofori

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon
Paul Collins Appiah Ofori
Mmarahyɛbadwani ma Asikuma-Odoben-Brakwa
Bere
Ɔpɛpɔn, 1996 – Ɔpɛpɔn, 2013
OdikanfoJacob Emmanuel Oppong
Mmarahyɛbadwani
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2005 – Ɔpɛpɔn 6, 2009
ƆmanpanyinJohn kufour
Mmarahyɛbadwani
Bere
Ɔpɛpɔn 7, 2009 – Ɔpɛpɔn 6, 2014
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
AnanmusiniGeorgina Nkrumah Aboah
Ne ho asɛm
Awo bereƆsanaa 14, 1943
Ne manGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔICSA, London
N'adwumaManger/Administrator

Paul Collins Appiah Ofori yɛ Ghana amanyɔni na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Asikuma-Odoben-Brakwa abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Mfinimfin Mantam(Central Region) mu wɔ Ghana.

Abrabɔ ahyɛase ne nnwomasua[sesa]

Yɛwoo Appiah-Ofori wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so dunkron wɔ afe apem ahankron ne aduanan mmiɛnsa(1943) mu.[1] Ɔfiri Brema Asikuma a ɛwɔ Mfinimfin Mantam mu wɔ Ghana. Wɔwiee suapɔn sukuu wɔ Institute of Chartered Secretaries and Administrators, London.

Adwuma[sesa]

Appiah-Ofori yɛɛ adwuma sɛ SIO industries sohwɛfoɔ wɔ Aseba, Delta state a ɛwɔ Nigeria firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe nson(1987) kɔsi afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996).

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan yii no sɛ ɔnkasa na ɔnnyina hɔ mma nnipakuo a wɔtumi to aba wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia(1996)mu na ɔnyaa n'akonnwa mfeɛ mpem mmienu(2000),[2] mfeɛ mpem mmienu ne nan(2004)[3] ne mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe(2008)[4] mmarahyɛbadwam adwene kyerɛ abatoɔ. Ɔyɛ New Patriotic Party kuoba. Ɔyii no sɛ mmarahyɛbadwani ma Asikuma-Odoben-Brakwa mpɛsoa wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so num wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mu.[5] Ɔnyaa mma mpem dunwɔtwe, ahankron ne nwɔtwe(18,908) wɔ mma dodoɔ mpem aduasa nson, ne dunum(37,015) a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nwɔtwe ne akyirepɔ nkron(48.9%).[6] N'akansifoɔ Georgina Nkrumah Aboah a ɔgyinaa hɔ ma National Democratic Congress nyaa mma ɔha mu nkyekyɛmu aduanan nson ne akyirepɔ aduowɔtwe nwɔtwe(47.88%), Anthony Robert Frempong a ɔgyina maa DFP amanyɔkuo nso nyaa mma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ aduonu nkron(1.29%) ne Comfort Wilson Aggrey a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo nso nyaa mma ɔha mu nkyekyɛmu baako ne akyirepɔ aduokron num( 1.95%).[7]

Abrabɔ[sesa]

Appiah-Ofori aware wɔ mma mmiɛnsa. Ɔyɛ Kristoni a ɔkɔ Methodist.

Beaeɛ menyaa mmoa firiiɛ[sesa]