Paul Collins Appiah-Ofori

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Paul Collins Appiah Ofori
Member of the Ghana Parliament
for Asikuma-Odoben-Brakwa
Bere
January 1996 – Jan 2013
OdikanfoJacob Emmanuel Oppong
Member of Parliament
Bere
7 January 2005 – 6 January 2009
ƆmanpanyinJohn Kufour
Member of Parliament
Bere
7 January 2009 – 6 January 2013
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
AnanmusiniGeorgina Nkrumah Aboah
Ne ho asɛm
Awo bere14 August 1943 (1943-08-14) (age 80)
Ghana
Ne manGhana Ghanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Sukuu a w'akɔICSA, London
N'adwumaManagers/Administrators[1]

Paul Collins Appiah Ofori yɛ Ghana amanyɔfoɔ na na ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Asikuma-Odoben-Brakwa abatoɔ mpesua no a wɔwɔ Mfimfini mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu.

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Appiah-Ofori wɔ Ɔbɛnem bosome no da a ɛtɔ so du nkron wɔ afe apem ahankron aduanan mmiensa (1943).[2] Ɔfiri Breman Asikuma a ɛwɔ Ghana Mfinimfini Mantam mu.[2] Owiee sukuu wɔ Institute of Chartered Secretaries and Administrators, London.[2]

Adwumafa[sesa]

Appiah-Ofori yɛɛ adwuma sɛ adwumayɛfoɔ panin maa SIO Industries wɔ Aseba, Delta State, Nigeria firi afe 1987 kɔsi afe 1996.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdii kan yii no sɛ ɔnkasa na ɔnyɛ ananmusifoɔ wɔ amanyɔkuo no abatoɔfoɔ [4]no mu wɔ afe 1996 mu na ɔdii n’akongua nso wɔ afe 2000, 2004[5] ne 2008 Ghana mmarahyɛ badwa amammuo gyinaesie abatoɔ mu. Ɔyɛ ankorankoro bi a ɔfi Ɔsono amanyɔkuo NPP no mu. Wɔyii no sɛ Mmarahyɛ badwa no muni ma Asikuma-Odoben-Brakwa mantam no wɔ mmarahyɛ badwa a ɛto so num (5) a ɛwɔ Ghana adehyeman a ɛto so nan (4) no mu.[3] Wɔde abatoɔ a nnipa dodoɔ 37,015 a wɔtoeɛ no mu 18,908 na ɛdii nkunim, a ɛgyina hɔ ma abatoɔ no mu ɔha nkyekyɛ mu 48.9% yɛ pɛ.[3][6]

Wɔyii no sɛ ɔne Georgina Nkrumah Aboah a ɔfiri kyiniiɛ amanyɔkuo National Democratic Congress, Anthony Robert Frempong a ɔfiri Democratic Freedom Party ne Comfort Willson Aggrey a ɔfi Convention People’s Party mu. Eyinom nyaa abatow a ɛfata nyinaa mu ɔha mu nkyekyɛmu 47.88%, 1.29% ne 1.95%.

Ankorankoro asetena[sesa]

Appiah-Ofori aware a ɔwɔ mma mmiensa.[2] Ɔyɛ Kristoni (Methodist).[3]

baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Ghana MPS - MP Details - Appiah-Ofori, P.C." ghanamps.gov.gh. Archived from the original on 6 May 2016. Retrieved 12 January 2022.
  2. 2.0 2.1 2.2 Ghana MPs - MP Details - Appiah-Ofori, P.C., 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-03
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 Ghana MPs - MP Details - Appiah-Ofori, P.C., 2016-05-06, archived from the original on 2016-05-06, retrieved 2023-10-04
  4. Wayback Machine (PDF), archived from the original (PDF) on 2010-03-26, retrieved 2023-10-04
  5. Wayback Machine (PDF), archived from the original (PDF) on 2011-01-12, retrieved 2023-10-03
  6. Results Parliamentary Elections, archived from the original on 2020-10-24, retrieved 2023-10-04