Otiko Afisa Djaba

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Otiko Afisa Djaba a wɔwoo no Ɔpɛpɔn 21, 1963 no yɛ Ghana amanyɔni. Ɔwɔ mma mmiɛnsa, mmaa mmienu na ɔbarima baako. Mmerɛ bi a atwam no na ɔyɛ Mmaa moaboanoni ma, NPP amanyɔkuo no..Na wayɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) pɛn.

Ne ntuom ne n'adesua mu nsɛm[sesa]

Wɔwoo Awuraa Djaba Ɔpɛpɔn 21, 1963 wɔ Koforidua, Apueɛ Mantam ahenkuro no mu. N'awofoɔ ne Owura Henry Kojo Djaba ne Maame Sheita Bawa.Ɔno na ɔtɔ so mmienu wɔ nkwadaa aduonu-baako mu. Ɔwiee Tamale Ntoasoɔ Sukuu no, ɔtoaa so kɔsuaa Nkutahodie ne Adwadie mu nsɛm wɔ UK Aburokyiman mu..

Ɔwieeɛ no anso hɔ ara, Ɔsan nso gyee nteteɛ wɔ suapɔn bi a ɛwɔ UK hɔ a ɛma no yɛ Abɛɛfo Mfidisɛm mu Mpɛnsɛmufoɔ (Computer Analyst).

N'amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ mfie mpem mmienu ne nnwotwe (2008) no mu, Awuraa Djaba ne kane Manpanin John Dramani Mahama peree Bole Bamboi mmarahyɛbadwa akonnwa no wɔ NPP din mu, na nso ɔdii nkyo. Ɛno akyiri na ɔbɛyɛɛ Mmaa moaboanoni maa NPP amanyɔkuo no.Ɛdidi mu ara na ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) wɔ mfie mpem mmienu ne du-nso (2017) mu.Wɔ August, 2018 mu no aban tuu no sɛ ɔnkɔsi n'ananmu wɔ Ital

Ɛdɔm Kumaa Mmɔguo[sesa]

Wɔ aberɛ a na ɛsɛ sɛ wɔto ne so aba wɔ mmarahyɛbadwa mu no, ɛdɔm kumaa no antena mu bi. Ne nyinaa ne sɛ na wɔsusu sɛ Awuraa Djaba abɔsuo ne suban bi a ɔda no adi no mfata obi a ɔrebɛyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ghana Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) so. Wɔkyerɛɛ sɛ, wɔ afe 2016 manpanin abatoɔ no mu no, ɔka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Gongyafoɔ sɛ wɔ nto ntia John Maha ɛfiri sɛ wadi wɔn hwammɔ, na ɔsan to so sɛ sɛbe Owura no yɛ "Owudini, Ɔntwa tau na ne ho abɔ ne ho so." Ɔsii so dua bio sɛ wanka no bɔne nti "ɔne obiara nni akyɛwpa biara." Nsɛm foforɔ a ɛdɔm kumaa no gyinaa so de ko tiaa no no bi ne sɛ, ɔbuu Ghana mmara a ɛhyɛ wɔn a wɔawie sukuupɔn ma wɔsom ɔman no afe ansa na wɔayɔ aban adwuma no so, ɛyɛ "The Ghana National Service Scheme Act 426 section 7" no.

Etia bio, na wɔse ɔkaa sɛ Maame Charllote Osei de n'adagya na ɛkɔsesaa Abatoɔ Kɔmissa Titenani dibea no firii Ɔmanpanin Mahama nsam a wɔbɔɔ no, bɔɔ no, bɔɔ no nso wantwe ansan.

Ɛdɔm kumaa no mmɔguo no nyinaa ankɔsi aga maa Maame Djaba nyaa mma 152 wɔ abatoɔ no mu a na ɛboro ɔha mu abupɛn 50 no a, na ɔhia no.