Nuruddeen Farah

Ɛfi Wikipedia
Nuruddeen Farah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipSomalia Sesa
given nameNuruddin Sesa
family nameFarah Sesa
date of birth24 Obubuo 1945 Sesa
place of birthBaidoa Sesa
spouseAmina Mama Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Italian Sesa
occupationwriter, novelist Sesa
educated atPanjab University, University of Essex, University of London Sesa
ethnic groupSomalis Sesa
notable workFrom a Crooked Rib Sesa
member ofAmerican Academy of Arts and Sciences Sesa
award receivedNeustadt International Prize for Literature, Kurt Tucholsky Prize Sesa

Nobel Prize in Literature.[1]

Nnianimu Kasapɛn[sesa]

Nuruddin Farah (Somali kasa: Nuuradiin Faarax, Arabic kasa: نورالدين فارح) a wɔwoo no Obubuo 24, 1945)[2]yɛ Somalia ayɛsɛm twerɛfoɔ.  Wɔtintim n'ayɛsɛm a edi kan, "From a Crooked Rib", wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduoson (1970) mu na wɔaka ho asɛm sɛ "nnɛyi Afrika apueɛ fam nhoma ahodoɔ no tweatiboɔ baako nnɛ". [3]Watwerɛ agorɔ ahodoɔ  a wɔayɛ wɔ stage so ne kasafidie so nyinaa, afei  ayɛsɛm tiawa  ne susutwerɛ nso. Efiri  berɛ a ofii Somalia wɔ afe Apem, Ahankron Aduɔson (1970) mu. Watena  aman pii so na wakyerɛ adeɛ wɔ hɔ a "United States, Britain, Germany, Italy, Sweden, Sudan, India, Uganda, Nigeria" ne "South Africa" nso ka ho bi.

Wagye Farah atom  sɛ nnɛ yi atwerɛfoɔ  akɛseɛ a wɔwɔ wiase no mu baako, [4]Ne nsɛm a ɔtwerɛeɛ no ama wanya nkamfoɔ a Premio Cavour a ɔgyee no wɔ  Italy, Kurt Tucholsky Nkonimdie a ɔnyaa no wɔ Germany, Lettre Ulysses Abasobɔdeɛ a ɔnyaa no wɔ Berlin,  afe Apem, Ahankron Aduɔkron-Nwɔtwe (1998) mu  ne Neustadt Amanaman Ntam Nwoma Nkonimdie a agye din. Saa afe no ara mu no, Franse kasa mu n’ayɛsɛm "Gifts" no nyaa "St Malo Literature Festival" abasobɔdeɛ. [5] Bio nso, Farah yɛ obi a wɔpaw no daa sɛ onnya animuonyam akyɛde wɔ nhomakorabea.[6]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Wɔwoo Nuruddin Farah wɔ afe Apem, Ahankron Aduanan Num (1945) mu wɔ Baidoa, wɔ Italy beaeɛ a na Somaliafol teɛ. [7]Na ne papa Hassan Farah yɛ dwadini. Na  ne maame Aleeli (née Faduma) yɛ anwensɛm twerɛfoɔ a na ɔsan yɛ anumsɛm anwonsɛm twerɛfoɔ.[8] [9]Farah yɛ n'awofɔ mma mmarima o mu deɛ ɔtɔ so nnan.[10]

Bere a Farah yɛ abofra no, na ɔtaa kɔ sukuu ahodoɔ wɔ Somalia ne Ethiopia , na ɔkɔ adesua wɔ "Kallafo" wɔ Somalia Mantam mu. Ɔsuaa Borɔfo, Arabic ne Amharic kasa. Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduosia Mmeɛnsa (1963) mu, wɔ wɔ mfeɛ mmeɛnsa a edi Somalia fahodie akyiri no, wɔhyɛɛ no ​​ma ɔdwane firii Somalia Galbeed wɔ ɔhye so ntawntawdie a emu yɛ den bi akyi.

Efiri afe Apem, Ahankron Aduosia Nsia ( 1966) kosi afe Apem, Ahankron ne Aduoson ( 1970) no, Ɔnyaa  abodin krataa wɔ nyansapɛ, nhoma ne asetena ho adesua mu wɔ "Panjab" Sukuupɔn a ɛwɔ Chandigarh, India, faako a ɔhyiaa ne yere a ɔdi kan,[11]Chitra Muliyil Farah, a ɔne no woo ɔba barima (akyire yi awareɛ no baa awieɛ).[12]Akyire yi,  Farah kɔɔ England, kɔɔ London Sukuupɔn (1974–75).  Ɔsuaa adeɛ faa agodie ho nyaa ho abodin krataa wɔ "Essex" Sukuupɔn mu (1975–76). Ne maame wuu wɔ afe Apem Ahankron ne Aduɔkron "1990" mu, na afe Apem Ahankron Aduɔkron Mmienu ( 1992) mu no ɔwaree "Britania-Nigeria" nhomanimfoɔ Amina Mama na wɔwoo baarima ne babaa.[13][14]

Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron (1990) mu no, Ɔnyaa mmoa firii Germany Adesua Nsesa Dwumadibea hɔ na ɔtu kɔɔ Berlin. Wɔ afe Apem, Ahankron ne Aduɔkron Nsia (1996) mu no, ɔkɔɔ Somalia deɛ ɛdi kan wɔ bɛboro mfeɛ 20 mu.

Farah nuabea Basra Farah Hassan a ɔyɛ ɔman nanmusifoɔ no, wɔkumm no wɔ topaeɛ a wɔtoo wɔ Ɔpɛpɔn, afe Mpenu ne Dunan ( 2014) no  mu berɛ a na ɔne amanaman Nkabom Kuo no reyɛ adwuma wɔ Kabul a ɛwɔ "Afghanistan".

Atwerɛ Adwuma[sesa]

Berɛ  a Farah yii abasɛm tiawa bi a edi kan adi wɔ Somali kasa mu akyi no, ɔdane firii Somali kasa a ɔde twerɛ no ho bɛfaa Borɔfo kasa dii dwuma wɔ n'atwerɛ mu bere a na ɔda so ara kɔ sukuupɔn wɔ India no. Wɔakyerɛ ne nhoma ahodoɔ no  ase akɔ kasa  du-nson (17) mu.[15]

N’ayɛsɛm a edi kan, From a Crooked Rib (1970) no kaa abeawa bi a ɔtu kwan a odwane firii awareɛ a wɔayɛ ho nhyehyɛeɛ mu kɔ ɔbarima bi a ne mfeɛ akɔ anim koraa mu ho asɛm. Heinemann Educational Books (HEB) na wotintim wɔ wɔn African Writers Series mu, na ayɛsɛm no maa wɔkamfoo no bebree amanaman ntam. Wɔ Europa akwantu bi mu wɔ A Naked Needle (HEB, 1976) a wotintimii akyi no, wɔbɔɔ Farah kɔkɔ sɛ Somalia aban no ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛkye no wɔ emu nsɛm no ho. Sɛ anka Farah bɛsan aba na wahyia afiasetena no, ofii nnommumfa a ɔde ne ho too so a ɛbɛkɔ so mfeɛ 22 ase, na saa bere no mu no ɔkyerɛɛ adeɛ wɔ United States, Germany, Italy, Sweden, Sudan, India ne Nigeria.

Farah ka ne tirimpɔ a  ɔde twerɛ no ho asɛm sɛ mmɔden a ɔbɔeɛ sɛ "ɔbɛma ne man akɔ so atena ase denam ho a ɔtwerɛ so". Na wɔ Nadine Gordimer fam no na ɔyɛ asasepɔn no so "nokorɛ nkyerɛasefoɔ" no mu biako.[16]N'ayɛsɛm mmɛensa– "Variations on the Theme of an African Dictatorship" (1980–83) ne "Blood in the Sun" (1986–99) – na ɛyɛ n'adwuma no mu ade titiriw. Allison ne Busby na wodii kan tintimm. "Variations" no bi ne "Sweet and Sour Milk (1979), "Sardines" (1981) ne Close Sesame (1983), na wogyee no yie wɔ aman dohodoɔ bi mu. Farah din no, n'ayɛsɛm a agye din sen biara, Maps (1986), a ɛyɛ ne "Blood in the Sun" nhoma mmeɛnsa no fa a edi kan no na ɛhyɛɛ no ​​den. Maps a wɔde sii hɔ wɔ Ogaden ntawntawdi a ɛkɔɔ so wɔ 1977 mu no de kwan foforɔ a wɔfa so ka onipa a ɔtɔ so mmienu asɛm no di dwuma de hwehwɛ nsɛmmisa a ɛfa amammerɛ mu nipasu ho wɔ wiase a ɛwɔ fahodie akyi mu. Farah dii yei akyi de ne nnwoma "Gifts"(1993) ne " Secrets" (1998), a mmienu no nyinaa nyaa abasobɔdeɛ . Ne "Past Imperfect" nnwoma mmeɛnsa a edi hɔ no yɛ Links (2004), Knots (2007) ne Crossbones (2011). N’ayɛsɛm a ɔtwerɛeɛ nnansa yi ara ne "Hiding in Plain Sight,"  a wotintimm wɔ afe 2014 mu, ne "North of Dawn" (2018).[13][14] Bere a Bhakti Shringarpure retwerɛ wɔ Los Angeles Review of Books mu no, ɔkaa sɛ: "Ɔtwerɛfoɔ a ɔyɛ adwumaden sen obias a Somalia ayɛ pɛn, Farah ama ne man no atena ase ampa wɔ yɛn adwene a yɛabom ayɛ mu mfe 40 a atwam ni. ... North of Dawn ka nea abu so no ho asɛm fɛfɛɛfɛ dadwen ne ehu tebea a ɛma obi yɛ otubrafo." [17]

Farah nso yɛ agodie twerɛfoɔ a n’agorɔ ahodoɔ no bi ne ɔyɛkyerɛ — A Dagger in Vacuum (wɔyɛɛ no ​​Mogadiscio, 1970), The Offering (wɔyɛɛ no ​​Colchester, Essex, 1975), Yussuf ne Ne Nuanom (wɔyɛɛ no ​​Jos, Nigeria, 1982). Ebi nso ne deɛ wobɔ no wɔ radio so " Tartar Delight",  1980 (Germany), ne " A Spread of Butter".[ɛho hia sɛ wɔtwe adwene si so].

Sɛ nnwoma da nkyɛn a, Farah yɛ nhomanimfoɔ a ne ho hia wɔ Somalia adesua mu. Ɔsom wɔ amanaman ntam afotufo badwa a ɛwɔ Billdhaan: Amanaman Ntam Nsɛmma Nhoma a Ɛfa Somalia Adesua Ho, a Macalester College tintimii no mu.[18]

Wagye Farah atom  sɛ nnɛ yi atwerɛfoɔ  akɛseɛ a wɔwɔ wiase no mu baako,[3]. Ne nsɛm a ɔterɛɛeɛ no ama wanya nkamfoɔ a Premio Cavour a ɔgyee no wɔ  Italy, Kurt Tucholsky Nkonimdie a ɔnyaa no wɔ Germany, Lettre Ulysses Abasobɔdeɛ a ɔnyaa no wɔ Berlin,  1998 mu  ne Neustadt Amanaman Ntam Nwoma Nkonimdie a agye din. Saa afe no ara mu no, Franse kasa mu n’ayɛsɛm "Gifts" no nyaa "St Malo Literature Festival" abasobɔdeɛ.[4] Bio nso, Farah yɛ obi a wɔpaw no daa sɛ onnya animuonyam akyɛde wɔ nhomakorabea.[5]

bɛboro mfeɛ aduonu mu.


27|url=http://www.newyorker.com/magazine/2013/12/16/nelson-mandela-3 }}

  • — (12 August 2017). "This Is What Hunger Looks Like — Again". Sunday Review. The New York Times.


Susutwerɛ ([sesa]

Abrabɔ mu nsɛm ho susutwe)rɛ[sesa]

  • "Celebrating Differences: The 1998 Neustadt Lecture", Emerging Perspectives on Nuruddin Farah, edited by Derek Wright, Africa World Press, 2002, pp. 15–24.
  • "Childhood of My Schizophrenia", The d29 November 1990, p. 1264.
  • "A Country in Exile", World Literature Today, vol. 72, no. 4, 1998, pp. 713–5. DOI: https://doi.org/10.2307/40154257.
  • "The Creative Writer and the Politician". The Classic, vol. 3, no. 1, 1984, pp. 27–30.
  • "Do Fences Have Sides?", The Commonwealth in Canada: Proceedings of the Second Triennial Conference of CACLALS, Part 2, edited by Uma Parameswaran, Writers' Workshop, 1983, pp. 174–82.
  • "Do You Speak German?!", Okike: An African Journal of New Writing, vol. 22, 1982, pp. 33–8.
  • "Germany—And All That Jazz", Okike: An African Journal of New Writing, vol. 18, 1981, pp. 8–12.
  • "Ibsen, In Other Words", Nordlit, vol. 34, 2015, pp. 15–22. DOI: https://doi.org/10.7557/13.3350.
  • "In Praise of Exile", Literature in Exile, edited by John Glad, Duke University Press, 1990, pp. 64–77.
  • "Savaging the Soul of a Nation", The Writer in Politics, edited by William Glass and Lorin Cuoco. Southern Illinois University Press, 1996, pp. 110–5.
  • "Why I Write". Emerging Perspectives on Nuruddin Farah, edited by Derek Wright. Africa World Press, 2002

Abasobɔdeɛ[sesa]

  • 1974–76: UNESCO fellowship
  • 1980: English-Speaking Union Literary Award (for Sweet and Sour Milk)
  • 1990: Corman Artists fellowshipNhwɛsoɔ:Cn
  • 1991: Kurt Tucholsky Prize, Stockholm, Sweden[19]
  • 1993: Best Novel Award, Zimbabwe (for Gifts)[19]
  • 1994: Premio Cavour, Italy (for Italian translation of Close Sesame)[20]
  • 1998: Neustadt International Prize for Literature[19]
  • 1998: St Malo Literary Festival award (for French edition of Gifts)[19]

Susutwerɛ a ɛfa amanyɔsɛm ne asetena ho[sesa]

"Bastards of Empire", Transition, vol. 65, 1995, pp. 26–35.

  • "Centuries-long War for Somali Peninsula", WardheerNews, 12 April 2018.
  • "Country Cousins", London Review of Books, 3 September 1998, pp. 19–20.
  • "False Accounting", Granta, vol. 49, 1994, pp. 171–81.
  • "My Life as a Diplomat", The New York Times. 26 May 2007.
  • "Of Tamarind and Cosmopolitanism", African Cities Reader, edited by Ntone Edjabe and Edgar Pieterse. Chimurenga, 2010, pp. 178–81.
  • "People of a Half-Way House", London Review of Books, 21 March 1996, pp. 19–20.
  • "Praise the Marines? I Suppose So", The New York Times, 28 December 1992, pp. 14–17.
  • "The Family House". Transition, vol. 99, 2008, pp. 6–15.
  • "The Women of Kismayo", The Times Literary Supplement. 15 November 1996, p. 18.
  • "Which way to the Sea, Please?" Horn of Africa, vol. 1, no. 4, 1978, pp. 31–6. Republished by WardheerNews, 4 March 2015.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Eldridge, Michael (Fall 2005). "The Novels of Nuruddin Farah (review)". Africa Today. 52 (1): 141–143. doi:10.1353/at.2005.0055. S2CID 144230302.
  2. Nuruddin Farah | Encyclopedia.com, retrieved 2023-05-26
  3. Nuruddin Farah celebrates jubilee anniversary of debut novel (in English), retrieved 2023-05-26
  4. "Prentice Hall", Wikipedia (in English), 2023-04-30, retrieved 2023-05-26
  5. Lettre Ulysses Award | Nuruddin Farah, retrieved 2023-05-26
  6. Michael Eldridge (2005), "The Novels of Nuruddin Farah (review)", Africa Today, vol. 52, no. 1, pp. 141–143, doi:10.1353/at.2005.0055, ISSN 1527-1978, retrieved 2023-05-26
  7. "Maya Jaggi", Wikipedia (in English), 2023-01-12, retrieved 2023-05-26
  8. "Maya Jaggi", Wikipedia (in English), 2023-01-12, retrieved 2023-05-26
  9. Nuruddin Farah (1945-) | Another World? East Africa and the Global 1960s (in English), retrieved 2023-05-26
  10. "Prentice Hall", Wikipedia (in English), 2023-04-30, retrieved 2023-05-26
  11. "The Guardian", Wikipedia (in English), 2023-05-16, retrieved 2023-05-26
  12. Nuruddin Farah | Encyclopedia.com, retrieved 2023-05-26
  13. Maya Jaggi (2012-09-21), "Nuruddin Farah: a life in writing", The Guardian (in British English), ISSN 0261-3077, retrieved 2023-05-26
  14. Nuruddin Farah | Encyclopedia.com, retrieved 2023-05-26
  15. Nuruddin Farah - Penguin Speakers Bureau, 2012-07-18, archived from the original on 2012-07-18, retrieved 2023-05-26
  16. "The Guardian", Wikipedia (in English), 2023-05-16, retrieved 2023-05-26
  17. Melanie Finn (2019-01-04), "A Novel of Culture Clash Grapples With the Grief of a Suicide Bomber's Family", The New York Times (in American English), ISSN 0362-4331, retrieved 2023-05-26
  18. Los Angeles Review of Books (in English), 2018-12-04, retrieved 2023-05-26
  19. 19.0 19.1 19.2 19.3 Wright, Derek (ed.), "Chronology", in Emerging Perspectives on Nuruddin Farah, Africa World Press, 2002 (pp. 717–20), p. 719.
  20. Wright, "Chronology", Emerging Perspectives (2002), p. 718.