Nana Anima Wiafe-Akenten

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Nana Anima Wiafe-Akenten
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedTwi, Akan Sesa
occupationlinguist, media scholar Sesa
educated atUniversity of Ghana, St Roses Senior High (Akwatia) Sesa

Awuraa Nana Anima wiafe-AkentenGhana nsɛntwerɛni a ɔda Akan-Nzema adesuakuo ano wɔ kɔlegyi kasa nwomasua wɔ University of education suapɔn mu wɔ Ajumako sukuu no asoeɛ. Ɔyɛ obi a ɔdii kan nyaa akunini abɔdin wɔ Twi kasa mu, Akan kasa nkorabata baako.[1]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Awuraa Anima firi Atwima- Ofoase a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɔfiri animdefoɔ abusua mu. Ɔware Owura Charles B. wiafe-Akenten, a ɔno nso yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ 'phychology' adesuakuo a ɛwɔ Ghana suapɔn sukuu no mu. N'abakan Owura Michael wiafe-kwagyan, nso yɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ abɛɛfo suahunu wɔ nnuaba adesuakuo no wɔ saa suapɔn korɔ yi ara mu. Nana Adwoa, Awo Asantewaa ne ɔhemaa wiafewaa yɛ ne mma mmaa mmiɛnsa.[1]

Nnwomasua[sesa]

Awuraa Anima kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ St. Roses a ɛwɔ akwatia wɔ apueɛ mantam mu de firi afe apem ɔhankron aduokron baako(1991) kɔsi afe apem ɔhankron aduokron mmiɛnsa (1993). Ɔkɔɔ ne Ghana suapɔn sukuu mu nyaa n'abɔdin nkrataa abɛdi kan a ɛyɛ "bachelor of arts in linguistics and theatre arts" (Theatre for Extension communication) wɔ afe apem ahankron aduokron nnum mu.(1995). Ɔyaa n'akunini abɔdin nkrataa wɔ kitawonsa bosome wɔ afe mpenu ne aduonson (2017) wɔ Ghana suapɔn sukuu mu wɔ Ghana kasa adesua mu(Akan linguistics-Media Discourse). Ne nnwoma titiru baako a ɔtwerɛ ne "sɛ dea wɔde Akan kasa di dwuma ɛnnyɛ berɛ yi wɔ radio ne TV so" wɔ Twi kasa mu. Onipa a ɔdii kan yɛeɛ.[1] Ɔkyerɛ mu sɛ, ade a ɛden wɔ sɛ woretwerɛ adesua mu nkrataa wɔ Twi kasa mu ne sɛ wotumi kyerɛ mu fann wɔ abɛɛfo suahunu adesua mu din ne emu nsɛm ntwereɛ firi borɔfo kasa mu.[2][3]

Nsɛntwerɛ adwuma[sesa]

Ɔyɛɛ adwuma wɔ GTV so firi afe mpenu ne mmiɛnsa de kɔsi afe mpenu ne du mmiɛnsa(2003-2013). Na ɔdi Amammerɛ fie dwumadie ho kyeame wɔ Asɛmpa FM kasafidie so firi afe mpem mmienu ne nnwɔtwe de kɔsi afe mpenu ne du (2008-2010).[2] Bio na ɔda Akan kaseɛbɔ dwumadie ano wɔ Top ne universe kasafidie so a ne nyinaa wɔ Nkran.[1]

Mpɔtam dwumadie[sesa]

Awuraa Anima tee kasa dwumadie "Watch Foundation" a na ɔde resi kasa fin a ɛnenam mframa mu so. Ɔgu so a ɔresi Kasa dwumadie "Nananom language and media Centre" a ɔde bɛkyerɛ asuafoɔ sɛnea wɔsi twerɛ Twi kasa, sɛnea wɔfa nsɛmfua ahorow, badwam kasa, ne sɛnea wɔde mmɛ ne akyiwadeɛ asɛmfua a ɛwɔ Twi kasa mu bɛdi dwuma.[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 1.4 Nana Anima Wiafe-Akenten - First PhD holder in Twi (in British English), retrieved 2022-08-16
  2. 2.0 2.1 Abu Mubarik (2017-07-30), Nana Anima Wiafe-Akenten becomes first PhD holder in Twi (in English), retrieved 2022-08-16
  3. Studying Local Language - News Desk on Joy News (4-8-17) (in English), retrieved 2022-08-16