Nana Amoakoh Gyampa

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu

Nana Amoakoh Gyampa (wɔwoo no Oforisuo 15, afe 1958) yɛ Ghana amanyɔni ne aduruyɛ ho oduruyɛfo. Ɔyɛ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Upper Denkyira East Constituency ananmu wɔ Central Region wɔ New Patriotic Party no tekiti so.

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Amoakoh wɔ 15 March 1958 na ɔfiri Denkyira-Akropong a ɛwɔ Central Region of Ghana. Ɔnyaa ne ntoaso sukuu wɔ Boa Amponsem Senior High School. Ɔkɔɔ York College na owiee sukuu no nyaa abodin krataa wɔ Adwene ne Nkate Ho Adesua mu.

Adwuma[sesa]

Amoakoh yɛ Adwene ne Nneyɛe Ho Ɔbenfo ne aguadifo. Ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni wɔ afe 2005.

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni. Afe 2005 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni. Wɔ afe 2020 mu wɔ NPP primaries no mu no, ɔhweree ne mmɔdenbɔ sɛ ɔbɛgyina Upper Denkyira East ananmu wɔ mmrahyɛbagua mu wɔ Festus Awuah Kwofie anim wɔ afe 2020 amansan abatoɔ no mu.

2004 abatow mu[sesa]

afe 2004 Ghana amansan abatoɔ mu, ɔdii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 21,440 a ɛyɛɛ 68.10% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmrahyɛbagua kandifoɔ Kojo Adjepong Afrifah nyaa abatoɔ 6,433 a ɛyɛɛ 20.40% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, CPP mmrahyɛbaguani ɔkannifoɔ Beatrice Buadu nyaa abatoɔ 304 a ɛyɛɛ abatoɔ 1.00% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PNC mmrahyɛbagua kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 270 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 0.90% na Independent mmrahyɛbagua kandifoɔ Carl Ebo Morgan nyaa abatoɔ 3,047 a ɛyɛɛ 9.70% wɔ abatoɔ no nyinaa mu abatow a wɔtow.

2008 abatow mu[sesa]

Wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,416 a ɛyɛɛ abatoɔ nyinaa mu 59.17% berɛ a NDC mmrahyɛbaguani Peter Kofi Owusu-Ahia Jnr nyaa abatoɔ 5,721 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 19.44% . wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.

2012 abatow mu[sesa]

Wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 21,020 a ɛyɛɛ 53.98% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmrahyɛbagua no muni Dr Mark Kurt Nawaane nyaa abatoɔ 17,319 a ɛyɛɛ 44.47% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, the PPP mmrahyɛbaguani Alex Nkansah nyaa abatoɔ 484 a ɛyɛɛ 1.24% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PNC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 88 a ɛyɛɛ 0.23% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na NDP mmrahyɛbagua kandifoɔ Peter Oliver Seim nyaa abatoɔ 31 a ɛyɛɛ 0.08% abatow a wɔtow no nyinaa.

2016 abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 22,212 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 55.69% berɛ a NDC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Emelia Ankomah nyaa abatoɔ 16,297 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 40.9%, CPP mmrahyɛbaguani ɔkannifoɔ Yaw Asamoah nyaa abatoɔ 810 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 2.0%, PNC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 61 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 0.2%, Independent mmrahyɛbaguani bi Patrick Adu nyaa abatoɔ 233 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 0.6% cast na PPP mmrahyɛbagua kandifo Fredrick Enchil nyaa abatow 275 a ɛyɛ 0.7% wɔ abatow a wɔtow nyinaa mu.

Boayikuw no[sesa]

Ɔyɛ kan mmrahyɛbagua no Boayikuw a Wɔapaw a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Adan Ho So no Titenani.

Ankorankoro asetra[sesa]

Amoakoh yɛ Kristoni. Ɔwaree na ɔwɔ mma baasa.

Adɔeyɛ[sesa]

Amoakoh de atoko afiri, esiam afrafra afiri, rola, fononoo ne lester afiri maa Boa Amponsem Senior High School a ɛwɔ Central Region of Ghana.

Nsɛm a wɔde gyinaa so[sesa]