Nana Amoakoh

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Nana Amoakoh Gyampa
MP
Member of the Ghana Parliament
for Upper Denkyira East Constituency
Bere
7 January 2005 – 6 January 2017
AnanmusiniFestus Awuah Kwofie
Ne ho asɛm
Awo bere15 March 1958 (1958-03-15) (age 66)
Denkyira-Akropong, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma3
Sukuu a w'akɔBoa Amponsem Senior High School, York College
N'adwumaPolitician
N'adwumaPsychologist
CommitteesParliamentary Select Committee on Works and Housing (Chairman)

Nana Amoakoh Gyampa[1] (wɔwoo no Oforisuo 15, afe 1958) yɛ Ghana amanyɔni ne aduruyɛ ho oduruyɛfoɔ.[2] Ɔyɛ Fourth Republic of Ghana mmrahyɛbagua a ɛtɔ so nson no muni a ɔgyina Upper Denkyira East Constituency ananmu wɔ Central Region wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[3]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Amoakoh wɔ 15 March 1958 na ɔfiri Denkyira-Akropong a ɛwɔ Central Region of Ghana.[4] Ɔnyaa ne ntoasoɔ sukuu wɔ Boa Amponsem Senior High School.[5] Ɔkɔɔ York College na owiee sukuu no nyaa abodin krataa wɔ Adwene ne Nkateɛ Ho Adesua mu.[2]

Adwumayɛ[sesa]

Amoakoh yɛ Adwene ne Nneyɛe Ho Ɔbenfo ne aguadifo.[2] Ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbagua no muni wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnum (2005) mu.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Ɔyɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo no muni.[4] mfeɛ mpem mmienu ne nnum (2005) mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana mmrahyɛbadwa no muni. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu mu (2020) mu wɔ NPP primaries no mu no, ɔhweree ne mmɔdemmɔ sɛ ɔbɛgyina Upper Denkyira East ananmu wɔ mmrahyɛbadwa mu wɔ Festus Awuah Kwofie anim wɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduonu (2020) amansan abatoɔ no mu.[7][8]

Mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) abatoɔ mu[sesa]

mfeɛ mpem mmienu ne nnan (2004) Ghana amansan abatoɔ mu, ɔdii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 21,440 a ɛyɛɛ 68.10% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmrahyɛbagua kandifoɔ Kojo Adjepong Afrifah nyaa abatoɔ 6,433 a ɛyɛɛ 20.40% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, CPP mmrahyɛbaguani ɔkannifoɔ Beatrice Buadu nyaa abatoɔ 304 a ɛyɛɛ abatoɔ 1.00% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PNC mmrahyɛbadwa kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 270 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 0.90% na Independent mmrahyɛbagua kandifoɔ Carl Ebo Morgan nyaa abatoɔ 3,047 a ɛyɛɛ 9.70% wɔ abatoɔ no nyinaa mu abatow a wɔtoeɛ.[9]

Mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) abatoɔ mu[sesa]

Wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 17,416 a ɛyɛɛ abatoɔ nyinaa mu 59.17% berɛ a NDC mmrahyɛbaguani Peter Kofi Owusu-Ahia Jnr nyaa abatoɔ 5,721 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 19.44% . wɔ abatow a wɔtoeɛ nyinaa mu.[10]

Mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu (2012) abatoɔ mu[sesa]

Wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 21,020 a ɛyɛɛ 53.98% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu berɛ a NDC mmrahyɛbagua no muni Dr Mark Kurt Nawaane nyaa abatoɔ 17,319 a ɛyɛɛ 44.47% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, the PPP mmrahyɛbaguani Alex Nkansah nyaa abatoɔ 484 a ɛyɛɛ 1.24% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu, PNC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 88 a ɛyɛɛ 0.23% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu na NDP mmrahyɛbadwa kandifoɔ Peter Oliver Seim nyaa abatoɔ 31 a ɛyɛɛ 0.08% abatoɔ a wɔtoo no nyinaa.[11]

Mfeɛ mpem mmienu ne du nsia (2016) abatoɔ[sesa]

Wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ mu no, ɔsan dii nkonim wɔ Upper Denkyira East Constituency mmrahyɛbagua no mu a ɔnyaa abatoɔ 22,212 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 55.69% berɛ a NDC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Emelia Ankomah nyaa abatoɔ 16,297 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 40.9%, CPP mmrahyɛbaguani ɔkannifoɔ Yaw Asamoah nyaa abatoɔ 810 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoo no nyinaa mu 2.0%, PNC mmrahyɛbagua mu kandifoɔ Amaniampong Owusu Offin nyaa abatoɔ 61 a ɛyɛɛ abatoɔ a wɔtoeɛ nyinaa mu 0.2%, Independent mmrahyɛbaguani bi Patrick Adu nyaa abatoɔ 233 a ɛyɛɛ abatoɔ no nyinaa mu 0.6% cast na PPP mmrahyɛbagua kandifo Fredrick Enchil nyaa abatow 275 a ɛyɛ 0.7% wɔ abatow a wɔtooeɛ nyinaa mu.[12][13]

Boayikuo no[sesa]

Ɔyɛ kan mmrahyɛbadwa no Boayikuw a Wɔapaw a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Adan Ho So no Titenani.[14][15]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Amoakoh yɛ Kristoni. Wawaree a ɔwɔ mma mmiɛnsa.[2]

Adɔeyɛ[sesa]

Amoakoh de atoko afiri, esiam afrafra afiri, rola, fononoo ne lester afiri maa Boa Amponsem Senior High School a ɛwɔ Central Region of Ghana.[5]

Mmeaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Leading", The Visual Dictionary of Graphic Design, pp. 147–147, 2007, doi:10.5040/9781474293761.0134, retrieved 2023-10-03
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 MPs (in American English), retrieved 2023-10-03
  3. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  4. 4.0 4.1 Industries à forte intensité de technologie et de savoir, retrieved 2023-10-03
  5. 5.0 5.1 MP donates to Alma matter (in English), retrieved 2023-10-03
  6. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-03
  7. Peace FM (2014-12-17), Central Region - 2020 NPP Paliamentary Primaries Results, retrieved 2023-10-03
  8. emmakd (2020-06-21), Three incumbent MPs lose seats in NPP primaries in Central Region (in American English), retrieved 2023-10-03
  9. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Upper Denkyira East Constituency, retrieved 2023-10-03
  10. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Upper Denkyira East Constituency, retrieved 2023-10-03
  11. Peace FM, 2012 Election - Upper Denkyira East Constituency Results, retrieved 2023-10-03
  12. Peace FM, Upper Denkyira East Constituency Results - Election 2016, retrieved 2023-10-03
  13. Kojo Akoto Boateng (2016-12-10), #GhElections: How Central Region voted on December 7 (in American English), retrieved 2023-10-03
  14. Protect Nawuni River - Parliamentary Committees on Works tells NRCC, retrieved 2023-10-03
  15. Home - (in American English), retrieved 2023-10-03