Mutawakilu Adam

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Mutawakilu Adam
Member of the Ghana Parliament
for Damango Constituency
Bere
7 January 2013 – 6 January 2021
Odikanfosplit constituency
AnanmusiniSamuel Abu Jinapor
Ne ho asɛm
Awo bere2 March 1972 (1972-03-02) (age 52)
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
Mma5
Sukuu a w'akɔUniversity of Ghana
Kwame Nkrumah University of Science and Technology
N'adwumaAccountant
CommitteesMines and Energy
Members Holding Offices of Profit Committee

Mutawakilu Adams (wɔwoo no Oforisuo da a ɛtɔ so mmienu, afe Apem, Ahankron ne aduɔson-nan-1974) Ɔyɛ Ghanani akontabufoɔ ne amamanyɔni a ɔyɛ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu ni. Ɔgyina Damango abatoɔ mpɛsoa no ananmu wɔ Savanna Mantam mu wɔ kyiniiɛ amanyɔkuo (National Democratic Congress -NDC) tekiti so. [1][2]

Abrabɔ Ahyaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Mutawakilu Adam firi Damango a ɛwɔ Savanna Mantam no mu. Ɔyɛ nkontaabufoɔ ne Sikasɛm sohwɛfoɔ. Ɔwɔ akyerɛkyerɛfoɔ abɔdin krataa a ɛfiri Bagabaga Training College. Ɔnyaa abodin krataa wɔ (Buisiness Administration) mu wɔ University of Ghana, mfeɛ Mpem Mmienu ne mmienu (2002 )mu, ne (Commonwealth Executive Master of Business Administration (CEMBA) wɔ

Kwame Nkrumah University of Science and Technology wɔ mfeɛ mpem mmienu ne edu (2010) mu.

Adwuma[sesa]

John Evans Atta Mills na ɔpaw Mutawakilu sɛ ɔnsom sɛ mansini krakye wɔ West Gonja mansini a n’ahenkuro yɛ Damango, ɔno ankasa kurom no.[3] Mutawakilu yɛɛ Ɔmansini Panin (DCE) maa West Gonja mansini no wɔ Ɔbɛnem, mfeɛ mpem mmienu ne nkron (2009) kɔsi Ɔpɛpɔn, mfeɛ mpem mmienu ne du-mmeɛnsa (2013) ntam.[4][5]] Sɛ mansini krakye , no ɔyɛɛ adwuma de boa maa nnipa a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ no asetena tuu mpɔn. Titiriw, ɔde n’adwene sii nwomasua, nsuo, ahonidie ne apɔwmuden so. Na yeinom yɛ adeɛ a na ɛda n'akoma so pa ara.[6][7][8]

Ansa na wɔrepaw no sɛ mansini krakye no, Mutawakilu yɛɛ adwuma sɛ Sikakorabea Panin ne Sikakorabea sohwɛfoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne pɔ nan (2004) kosi mfeɛ Mpem Mmienu ne nkron (2009) wɔ Sukuupɔn a ɛhwɛ Nkɔsoɔ Adesua so, kane ( University of Develpement Studies), Central Administration a ɛwɔ Tamale no mu. Ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ Class Tutor firi afe Apem Ahankron ne Aduɔkron -nsia) 1996 kɔsi mfeɛ Mpem Mmienu ne Mmeɛnsa (2003) wɔ

(Ghana Education Service).


2012 Abatoɔ[sesa]

Ɔsii akan wɔ Damango abatoɔ mpɛsoa no so wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu(2012 ) mu wɔ National Democratic Congress tekiti so. Ɔdii nkonim berɛ a ɔnyaa mma 9,518 a na ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum-nsia ne akyiri pɔ Aduɔson-nkron(56.79%) tiaa Albert Kassim Diwura a na ɔbɛn no paa no. Ɔno nso sii akan wɔ New Patriotic Party tekiti so. Na a ɔnyaa mma a wɔtooeɛ no mu 7,041 a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem Aduanan-Mmienu ne akyiri pɔ baako(42.01%) Mutawakilu dii dwuma sɛ ɛdɔm kɛseɛ a wɔwɔ mmarahyɛbadwafie no baanodani wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-mmeɛnsa (2013) ne mfeɛ mpem mmienu ne du-nson (2017) ntam. Ɛfiri sɛ n’apam no nyaa tumi wɔ abatoɔ no mu ɛnam Ɔmampanin John Dramani Mahama so na wɔakura wɔn nkondwa dodoɔ no ara mu wɔ mmarahyɛbadwa mu.[9]

2016 Abatoɔ[sesa]

Wɔ mfeɛ Mpem-Mmienu ne du-nsia (2016) mu no, Mutawakilu sii akan san pere mmarahyɛbadwa akondwa no wɔ Damango abatoɔɔ mpɛsoa no so Ɔdii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa abatoɔ no mu a ɔnyaa mma no mpemdu, Aha-mmienu ne aduosia-mmeɛnsa ( 10,263 ) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduonum-num ne akyiri pɔ Aduonu-Mmienu (55.22% ) ɔdii nkonim tiaa Albert Kassim Diwura, ɔkannifoɔ korɔ no ara a ɔfiri mfeɛ Mpem-Mmienu ne Du-mmienu (2012) abatoɔ no mu, a saa berɛ no na ɔwɔ mma no mpem nwɔtwe, ɔha ne aduasa-nkron(8,139) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyem aduasa-mmeɛnsa ne akyiri pɔ Aduɔson-nkron (33.79% ). N’akuo no dii nkoguo wɔ Ɔmampanin Abatoɔ no nyinaa mu wɔ Ɔsono kokroko Ammanyɔkuo New Patriotic Party-NPP anim no anim na na wɔahwere wɔn nkodwa dodoɔ no ara enti saa bere yi na ɛsɛ sɛ ɔsom wɔ mmarahyɛbadwa no benkyi a nnipa kakraa bi te no so.[10]

Mprenpren yi, Mutawakilu Adam ɛdɔm kumaa a wɔwɔ mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so nson wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu ni . Ɔyɛ Nnipa dodoɔ kasamafoɔ a ɔhwɛ Atopaeɛ ne Ahoɔden so.[11]Ɔsan nso yɛɛ Members Holding Officees of Profit Committee no mu ni.

Ɔsom sɛ Ranking member on Mines and Energy. Mutawakilu piapiaa sɛ ɔbɛnya sika afiri Ghana National Petroleum Corporation (GNPC) fapem hɔ ama nnwuma a ɛwɔ ne mansin mu. Nnwuma a wɔde besi hɔ no bi ne sɛ wɔbɛtu ntokuru nan a wɔde mfidie ayɛ, KVIP mmienu a nnipa 12 te mu wɔ mpɔtam bi a wɔapaw sɛnea West Gonja Mansini no bɔɔ amanneɛ no. [12] Wɔ Ɛbɔ 2020 mu no, Ɔsan nso de ambulance maa Busunu Apɔwmuden Asoɛeɛ no de dii bɔhyɛ bi a ɔde maa titire ne nkurɔfoɔ no so, sɛ ɔbɛboa wɔ ayarefoɔ a wɔde wɔn bɛfiri ayaresabea nketewa mu akɔ ɔmantam ayaresabea no mu no. [13][14]

Mutawakilu wɔ ne dibea sɛ ɔmannifoɔ a ɔdi mu wɔ atopaeɛ ne ahoɔden ho no frɛɛ sɛ wɔkyere Ɔbenfoɔ Frimpong-Boateng, Nyansahu ne Mfiridwuma ho Ɔsoafoɔ ne Asase ne Abɔdeɛ mu Nneɛma ho Ɔsoafoɔ nyinaa wɔ animguaseɛ a ɛfa mfiri a wɔtu fam bɛyɛ 500 a wɔyeraeɛ a wɔgye fii wɔn a wɔtu fam a mmara mma ho kwan no nsam no nyinaa ho adwumakuo a wɔfrɛ no Galamstop na ɛyɛe.[15]

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Ɔyɛ Muslimi, na waware a ɔwɔ mma 5.

Baabi a Menyaa Mmoa Friiɛ[sesa]

  1. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  2. Ecobank (in English), retrieved 2023-10-01
  3. President Mills withdraws 6 DCE nominees - MyJoyOnline.com (in American English), 2009-04-17, retrieved 2023-10-01
  4. MyNewsGH (2020-12-09), Mutawakilu rallies for support for Jinapor as he concedes defeat (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. (DAMANGO) WEST GONJA: Assembly okays DCE, retrieved 2023-10-01
  6. (NABORI) WEST GONJA: Classroom block commissioned for Nabori, retrieved 2023-10-01
  7. WEST GONJA :Education is a priority-DCE, retrieved 2023-10-01
  8. WEST GONJA : DCE calls for improvement in revenue mobilization, retrieved 2023-10-01
  9. "John Mahama", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-01
  10. Ghana Elections 2016, archived from the original on 2023-10-04, retrieved 2023-10-01
  11. Sefanam Agbobli / info@theghanareport.com (2019-11-28), Gov't using GNPC as its side pocket - Minority (in English), retrieved 2023-10-01
  12. "Mutawakilu Adam", Wikipedia (in English), 2023-09-27, retrieved 2023-10-01
  13. Mutawakilu donates ambulance to Busunu health centre (in American English), 2020-09-19, retrieved 2023-10-01
  14. MyJoyOnline.com - Myjoyonline (Ghana News) Ghana's most comprehensive website. Independent, Fearless and Credible journalism (in American English), retrieved 2023-10-01
  15. Missing excavators: Prof. Frimpong-Boateng must also be arrested – Mutawakilu (in American English), 2020-02-06, retrieved 2023-10-01