Samuel Abu Jinapor

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Samuel Abu Jinapor
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
name in native languageSamuel Abu Jinapor Sesa
given nameSamuel Sesa
family nameJinapor Sesa
date of birth1983 Sesa
place of birthGhana Sesa
siblingJohn Jinapor Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Gonja Sesa
occupationAmanyɔni, lawyer Sesa
position heldMember of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Minister for Lands Sesa
educated atUniversity of Ghana, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
work locationYapei Kusawgu Constituency Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Samuel Abu Jinapor yɛ Ghanani a ɔyɛ mmaranimfoɔ sane nso yɛ amannyɔni. wɔwoo no wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmiensa mu (born 1983). Ɔyɛ amannyɔni a ɔka Ghana mmarahyɛbadwakuo a wɔtɔ so nwɔtwe no ho wɔ Ghana kwasafoman a ɛtɔ so nan no mu, ɔno na ɔyɛ ananmusini de ma Damongo abatoɔ mpesua no so a wɔwɔ Savannah mantam no mu.[1]

Amannyɔkuo a ɔdɔm a ɛnam wɔn so maa ɔkɔpue mmarahyebadwam no ne ɔsono amannyɔkuo NPP. Wɔ afe mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Ghana manpanin Nana Addo Dankwah Akufo-Addo bɔɔ ne din sɛ ɔnkɔyɛ "Deputy Chief of Staff in charge of Operations at the Office of the President", saa mmerɛ no na wadi mfie aduasa mmiensa (33), wɔ ɔman Ghana abakwasɛm mu no, ɔno na ɔbɛkuraa saa diberɛ yi a na ɔsua yie pa ara. Mprɛmprɛn yi deɛ, ɔno na ɔyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Nsaase ne nyame abɔdeɛ so (Minister for Lands and Natural Resources).[2][3][4][5][6]

Ɔbra ahyɛaseɛ ne Nwomasua[sesa]

Wɔwoo Jinapor wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mmiensa (1983) mu. Owura a ɔwoo Samuel Abu Jinapor ne Abudulai Jinapor, a ɔyɛ polisini a wakɔ ahomegyeeɛ mu a, na ɔsane nso yɛ ɔhene wɔ Buipe a ɛwɔ Savannah mantam no mu wɔ ɔman Ghana mu. Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology kɔgyee nteteɛ gyee n'abɔdin krataa a yɛka no wɔ borofo kasa mu sɛ Bachelor of Science degree in physics wɔ afe mpem mmienu ne nsia (2006) mu. ɔwiee Kwame Nkruma suapɔn no, ɔsane nso toaa so kɔɔ University of Ghana wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008) mu a ɛhɔ na ɔkɔnyaa n'abɔdin krataa wɔ mmarasua mu a yɛka no borofo kasa mu sɛ Bachelor of Laws wɔ afe mpem mmienu ne du (2010) mu. saa afe korɔ no ara mu na ɔnyaa adesua mu akwannya kɔtoaa ne mmarasua adesua no so (LLB) wɔ Ghana School of Law, a ɛwɔ Makola, wɔ Nkran. Ɔsane nso kura Master of Laws in Alternative Dispute Resolution a ɛno nso ɔnyaa no wɔ Faculty of Law, University Of Ghana.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. UBA Ghana hands over GHS 130,000 sanitary facility to West Gonja Municipal Assembly (in American English), 2021-05-28, retrieved 2023-05-20
  2. Ghana.GOV : The Ghana Government Official Web Portal | Ghana.GOV, retrieved 2023-05-20
  3. Meet Akufo-Addo's key team members at the presidency (in British English), 2017-01-04, retrieved 2023-05-20
  4. MPs call for probe of all electoral violence (in British English), 2021-03-16, retrieved 2023-05-20
  5. Lands Minister, Abu Jinapor embarks on aerial tour of River Pra - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-05-18, retrieved 2023-05-20
  6. ‘Extraordinary times require extraordinary measures’ – Jinapor justifies burning of excavators (in American English), 2021-05-19, retrieved 2023-05-20