Millison Kwadwo Narh

Ɛfi Wikipedia
Millison Narh
Deputy Governor, Bank of Ghana
Bere
20 July 2009 – 31 July 2017
ƆmanpanyinJohn Dramani Mahama
OdikanfoKofi Wampah
AnanmusiniNashiru
30th
Ne ho asɛm
Awo bere(1955-05-04)4 May 1955
Owu bere8 July 2023(2023-07-08) (aged 68)
United States
Ne manGhanaian
Sukuu a w'akɔUniversity of Cape Coast (B.Com.)

Millison Kwadwo Narh (4 Kɔtɔnimaa 1955 – 8 Kitawonsa 2023) yɛ Ghana sikakorabea dwumayɛni ne akontaabufoɔ a wɔagye no atom, a na ɔyɛ Ghana Sikakorabea no amrado abadiakyiri firi afe 2009 kɔsi afe 2017.[1][2]

Mfitiase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Narh wɔ May 1955 mu. Ɔtetee ne ho sɛ akontaabufo a wɔagye no atom wɔ Nkran Polytechnic fi afe 1976 kosi 1979. Afei osuaa adeɛ wɔ Cape Coast Suapɔn mu firi afe 1979 kɔsi afe 1983 baabi a ɔnyaa nwomasua ho adansedie ne Bachelor of Commerce. Eyi akyi no onyaa abodin krataa a ɛkorɔn wɔ sikakorabea ne sikasɛm mu wɔ Finafrica Foundation a ɛwɔ Milan wɔ Italy.

Adwuma[sesa]

Narh hyɛɛ aseɛ yɛɛ adwuma wɔ Sikakorabea Kɛse no wɔ afe 1976 mu, berɛ a ɔwiee Ghanata Ntoaso Sukuu. Efi 1993 kosi 1995 no, na ɔyɛ Ɔpanyinpaa, na odii ɔfa a ɛhwɛ ɔman no mu sikakorabea adwumayɛ so no anim. Odii Sikakorabea Kɛse no dwumadibea a ɛhwɛ sikakorabea akɛse baa dwumadibea ahorow so no anim fi 1996 kosi 1999, faako a na n’asɛyɛde ne sɛ ɔbɛhyehyɛ baa dwumadibea foforo anum no. Ɔnyaa stints(adwuma) mprenu wɔ National Banking College, adwuma a ɛdi kan no firi 1995 kɔsi 1997, berɛ a na ɔyɛ College no fotufoɔ panin, ne ne mprenu so (bere tiawa) firi June kɔsi October 2001, berɛ a na ɔyɛ Principal a ɔyɛ adwuma.[3]

Efiri afe 2001 kosi afe 2002 no, na Narh yɛ ɔkwankyerɛfo abadiakyiri ne ɔman no mu akontaabufo panyin wɔ sikakorabea kɛse no mu akontaabu dwumadibea, na ɛno akyi, kosii afe 2008 no, na ɔyɛ dwumadibea a ɛhwɛ sikakorabea adwuma so no kwankyerɛfo. Wɔ saa bere no mu no, na ɔhwɛ sikakorabea ahorow a ɛwɔ ɔman no mu ne amannɔne nyinaa so, na odii baa dwumadibea ahorow anum a ne nyinaa yɛ adwumayɛfo 500 na wɔwɔ mu anim. Ansa na wɔrepaw no sɛ Amrado Abadiakyiri no, na wasom wɔ Ghana Sikakorabea mfe 33.[4]

Wɔ Kɔtɔnimma bosome, 2009 mu no, Ɔmanpanyin John Atta Mills maa Narh dibea sɛ amrado abadiakyiri a ɔto so abien. Wɔ August 2013 mu no, wɔmaa no dibea sɛ amrado abadiakyiri a odi kan. Abdul-Nasir Ishaq na ɔnyaa adwuma no berɛ wɔyɛɛ Narh amrado abadiakyiri a ɔdi kan no.

Ne Wuo[sesa]

Narh wui wɔ AmerikaKitawonsa 8, 2023, bere a na wadi mfe 68.[2][5]

Beaɛ a menya mmoa fii[sesa]

  1. Narh Appointed Second Deputy Governor Of BOG (in English), 2015-11-17, retrieved 2023-11-25
  2. 2.0 2.1 Former Bank of Ghana Deputy Governor Millison Narh dies in U.S (in English), 2023-07-10, retrieved 2023-11-25
  3. Millison K. Narh | IACA, 2015-11-18, archived from the original on 2015-11-18, retrieved 2023-11-25{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  4. Millison Kwadwo Narh, 2015-11-18, archived from the original on 2015-11-18, retrieved 2023-11-25{{citation}}: CS1 maint: bot: original URL status unknown (link)
  5. Read Mr. Millison Kwadjo Narh's Obituary & Leave Condolences (in English), retrieved 2023-11-25