Martin Oti Gyarko

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Martin Oti Gyarko
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameMartin Sesa
date of birth3 Oforisuo 1980 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationAmanyɔni, consultant Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atUniversity of Cape Coast Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Martin Gyarko Oti[1] yɛ Ghana amanyɔni ne Mmarahyɛ-Bagua a ɛtɔ so nson a ɛwɔ Fourth Republic of Ghana no muni a ɔgyina Techiman North Constituency ananmu wɔ Bono East Region wɔ New Patriotic Party no tekiti so.[2] Ná ɔyɛ kan Ɔsomfo Abadiakyiri a ɔhwɛ Bono Apuei Fam Mantam so.[3][4]

Mfitiase Asetena ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Oti wɔ 3 April 1980, na ɔfiri Aworowa a ɛwɔ Bono Apueeɛ Mantam mu wɔ Ghana. Ɔnyaa ne Bachelor’s degree wɔ Social Science mu wɔ Cape Coast Suapɔn mu wɔ afe 2008 mu.[5]

Adwuma[sesa]

Ná Oti yɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ayeasu-Atrensu Mantam Nhyiam Mmofra Ntoaso Sukuu mu.[5]

Amanyɔsɛm[sesa]

Oti yɛ New Patriotic Party no muni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ Techiman North Constituency firi afe 2017 kɔsi afe 2021.[5] Wɔ afe 2020 Ghana ɔman abatoɔ mu no, ɔhweree mmarahyɛ bagua atenaeɛ no maa NDC mmarahyɛ bagua kandifoɔ Elizabeth Ofosu-Agyare.[6] Ɔnyaa abatoɔ no dodoɔ 21,008 a ɛyɛɛ 47.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu berɛ a Elizabeth nyaa abatoɔ no mu dodoɔ 23,252 a ɛyɛ 52.5% wɔ abatoɔ a wɔtoeɛ no mu.[7]

Ankorankoro Asetena[sesa]

Oti yɛ Kristoni.[5]

Beaɛ a nsɛm no firi[sesa]

  1. Martin Oti Gyarko (in American English), 2018-08-17, retrieved 2023-10-02
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-10-02
  3. Techiman North Assembly to construct 400-bed capacity dormitory, retrieved 2023-10-02
  4. 'I will support the next DCE if I am not reappointed' - Techiman North DCE - MyJoyOnline.com (in American English), 2021-08-26, retrieved 2023-10-02
  5. 5.0 5.1 5.2 5.3 Gyarko, Martin Oti (in American English), retrieved 2023-10-02
  6. Techiman North – Election Data Center – The Ghana Report (in American English), retrieved 2023-10-02
  7. Peace FM, 2020 Election - Techiman North Constituency Results, retrieved 2023-10-02