Marleen Hutchful

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Marleen Hutchful
Photo of Marleen Hutchful
Awo bere
Marleen Anmortsoo Hutchful

27th October 1986
Owu bere11th Jnuary 2022
Ne manGhana Ghanaian
AdesuaAshesi University
Ghana International School
Yɛnim no sɛTV so guasodeyɛfo ma Ghana sini Things We Do For Love

Marleen Anmortsoo Hutchful (wɔwoo no Ahinime da a ɛtɔ so 27, 1986) yɛ television so guasodeyɛfo. Ɔgyee din wɔ Ghana sini a ɛgyee din a wɔfrɛ no Things We Do For Love.[1][2][3]

Ne mmofraase ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Hutchful wɔ Accra wɔ Ahinime da a ɛtɔ so 27, 1986 mu. Ná náwofo din de Cyril Neeborquaye ne Renate Ilse Mensah.[4] Ɔkɔɔ ne mfitiase sukuu wɔ Ghana International School(GIS). Onyaa ne sukuupɔn adesua nso wɔ Ashesi University.[5] Ɛhɔ no onyaa abasobɔde wɔ Aguadi ho Adesua(Business Administration) mu.[5]

Nádwuma mu[sesa]

Ne sukuu akyi no Hutchful yɛɛ adwuma wɔ Amazing-U sɛ Marketing Manager. Ɔsan yɛɛ adwuma wɔ DreamOval sɛ Program Coordinator. Akyiri no Hutchful yɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Beacon College International.[4]

Things We Do For Love sini mu[sesa]

Hutchful baa Ghana sini Things We Do For Love mu 2000 mu. Na ne din wɔ sini no mu ne Lois.[3] Wɔ sini no mu no Hutchful, a na wɔfrɛ no Lois, yɛ ɔbabun a na nea Ghanafo dodow no ara nim wɔ sini no mu sɛ ɔkasa te sɛ Amerikani.[3]

Násetena mu nsɛm[sesa]

Hutchful gyaa okunu a ne din de Claud Kweku Ampoful Hutchful ne mma abien.[1] Wɔn din de Elaine Ewuresi Hutchful ne Claire Renate Kuukua Hutchful.[5][4] Ná Hutchful yɛ Kristoni.[4]

Ne wu[sesa]

Marleen Hutchful kɔ toaa nananom Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 11, 2022.[6] Ammaneɛbɔfo kyerɛ sɛ mogya mu kokoram yare (Acute Myeloid Leukemia) na ɛde no kɔɔ nákyi.[6] Wosiee no wɔ Lashibi Funeral Home wɔ Accra Ɔpɛpɔn da a ɛtɔ so 27, 2022.[3]

Beae a minyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://www.myjoyonline.com/things-we-do-for-love-actress-marleen-laid-to-rest/
  2. https://dailyguidenetwork.com/late-actress-marleen-hutchful-goes-home-on-jan-27/
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 https://www.modernghana.com/entertainment/68595/late-actress-marleen-hutchful-goes-home-on-january.html
  4. 4.0 4.1 4.2 4.3 Archive copy (PDF), archived from the original (PDF) on 2022-02-03, retrieved 2022-02-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  5. 5.0 5.1 5.2 Archive copy, archived from the original on 2022-02-03, retrieved 2022-02-03{{citation}}: CS1 maint: archived copy as title (link)
  6. 6.0 6.1 https://www.myjoyonline.com/things-we-do-for-love-actress-marleen-laid-to-rest/