Leila Zerrougui

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Leila Zerrougui
nnipa
sex or genderfemale Sesa
country of citizenshipAlgeria Sesa
given nameLeila Sesa
date of birth1956 Sesa
place of birthSouk Ahras Sesa
languages spoken, written or signedArabic Sesa
occupationdiplomat, Ɔtɛnmuafo, lawyer Sesa
employerAmɑnɑmɑn Nkɑbɔmu Sesa
member ofUnited Nations Organization Stabilization Mission in the Democratic Republic of the Congo Sesa

Leila Zerrougui (wɔwoo no wɔ afe apem ahankron ne aduonum nsia) yɛ Algeriani a wako adare wɔ nnipa faahodie ho nsɛm mu. Ɔsomm maa UN sɛ ntamgyinafoɔ twerɛtwerɛfoɔ ne tetenani ma United Nations Stabilization Mission wɔ Democratic Republic of the Congo (MONUSCO) [1]firi ɔpɛpɔn bosome nom wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nnwɔtwe nom.

Abrabɔ Ahyɛaseɛ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Zerrougui wɔ Souk Ahras. Ɔwiee sukuu wɔ L'Ecole Nationale d'Administration(Algiers) wɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe. Ɛfiri afe apem ahankron ne aduokron mmiɛnsa mu no, na wakuru diberɛ pii wɔ nnwomasua wɔ Algeria mmara sukuu mu, ɛna na ɔyɛ ɔkukuni wɔ L'Ecole Supérieure de la Magistrature(Algiers). Wada nnoɔma pii adi wɔ asoeɛ a ɛhwɛ nnipa faahodie ho nsɛnsɛm ho.[2]

Nnwuma[sesa]

Firi Ɛbɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmienu dekɔ kɔtɔnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nson mu no, ɔbɛyɛɛ ntamgyinafoɔ twerɛtwerɛfoɔ maa mmɔfra ne asraafoɔ ho nsɛnsɛm. Wɔ wie mu no, ɔsomm sɛ ankorankorɛ a ɔhwɛ ma nnipa ani da hɔ na ɔma obiara hunu ne kwan yie na ɔbɔ mmarima ne mmaa a asraafoɔ nkɔkwasɛm no nya nsunsuansoɔ wɔn so.

Na ɔyɛ kuoba wɔ adwumayɛkuo bi mu wɔ Arbitrary Detention mu wɔ United Nations nnipa faahodie ase firi mfeɛ mpem mmienu ne baako mu, na ɔsomm sɛ working Group-Rapporteur kasamafoɔ firi mfeɛ mpem mmienu ne mmiɛnsa kɔpem Kɔtɔnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu. Ɛnam saa mu nti, ɔyɛɛ adwuma kyɛɛ wɔ Algeria beaɛ a wɔbu atɛn ɛna wɔ mfeɛ mpem mmienu mu no, wɔyii no sɛ Algeria kɔɔto baatan.

Ɔsomm sɛ ɔtɛmmuafoɔ a wɔbu mmɔfra a wɔnnii mfeɛ du nnwɔtwe atɛn ne ɔtɛmmuafoɔ ma ntɛm ara atɛmmuo firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe dekɔ afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia, na firi afe apem ahankron ne aduowɔtwe nsia dekɔ afe apem ahankron ne aduokron nson mu no na ɔyɛ ɔtɛmmuafoɔ ma mente me ho ase kɔɔto. Firi afe apem ahankron ne aduokron nnwɔtwe dekɔ mfeɛ mpem mmienu mu no, ɔsomm sɛ ɔfotufoɔ ma ɔsoafoɔ a ɔhwɛ atɛntenenee so, ɛfiri mfeɛ mpem mmienu dekɔ mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu no na ɔyɛ ɔfotufoɔ ma Algeria manpanin. Ɔsane nso ne Algeria aban yɛɛ nnwuma pii wɔ ne diberɛ mu na ɔka Algeria National Commission on the Reform of the Judiciary.

Berɛ a wɔyii no sɛ ntamgyinafoɔ wɔ mfeɛ mpem mmienu ne mmienu mu no,na ɔyɛ ɔtwerɛtwerɛfoɔ abɛdiakyire ne nea ɔda United Nations Stabilization Mission wɔ Democratic Republic of the Congo (MONUSCO)abɛdiakyire, ɛhɔ na ɛfiri mfeɛ mpem mmienu ne nnwɔtwe mu no, ɔbɛdaa ekuo bi a wɔn botaeɛ ne sɛ wɔbɛboa akentene nnoɔma a ɛwɔ mmara mu na wabɔ wɔn a wɔnka wɔn ho no ban. Wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du mmiɛnsa mu no Abdallah Wafy bɛdii n'adeɛ.[3]

Ntotoho[sesa]

  1. http://www.lemonde.fr/afrique/article/2017/12/28/rdc-l-algerienne-leila-zerrougui-nommee-cheffe-de-la-monusco_5235191_3212.html
  2. http://childrenandarmedconflict.un.org/about-us/leila-zerrougui/
  3. https://www.un.org/News/Press/docs/2013/sga1420.doc.htm