Kwame Osei Prempeh

Ɛfi Wikipedia
Hon.
Osei Prempeh Kwame
Member of Ghana Parliament for
Nsuta-Kwamang Beposo constituency
Bere
7 January 1997 – 6 January 2013
Ne ho asɛm
Awo bere19 December 1957 (1957-12-19) (age 66)
Kwamang, Ashanti Region
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
Mma4
Sukuu a w'akɔKwame Nkrumah University of Science and Technology, KNUST
N'adwumaPolitician
N'adwumaLawyer

Kwame Osei-Prempeh (wɔwoo no 19 December 1957)[1]Ghana ɔmanyɔni na ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ badwa a Ɛto so Anum no muni a ogyina Nsuta-Kwamang Beposofo ananmu wɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana.[2]

Mfitiase asetra ne Nhomasua[sesa]

Wɔwoo Prempeh wɔ Kwamang wɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana.[2] Ɔkɔɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so na onyaa ne Abodin krataa wɔ Bachelor of Social Science mu wɔ afe 1982 mu. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn wɔ afe 1987 mu na osuaa Quantum Chemistry Laboratory, QCL. Ɔsan nso kɔɔ Ghana mmara sukuu na onyaa Abodin krataa wɔ Bachelor of Law mu wɔ afe 1989 mu.[2]

Adwuma[sesa]

Ná Prempeh yɛ Sarpong Mmara Dwumadibea a ɛwɔ Ashanti Mantam mu, Kumasi no mu dwumayɛni. Na ɔsan yɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Nsuta-Kwamang Beposo mantam a ɛwɔ Ashanti Mantam mu wɔ Ghana. Ɔbɛyɛɛ Ɔkwankyerɛfo Panyin a ɔreyɛ adwuma ne Kuw no Adwumayɛfo Panyin wɔ GOIL Adwumakuw a Wɔahyehyɛ nom wɔ June 3, 2019, akyi a ɔyɛɛ board member firi mfeɛ mmienu a atwam no.[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Prempeh yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforo (NPP) no muni. Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra Mmarahyɛ Bagua no mu wɔ December 1996 Ghana amansan abatoɔ mu wɔ New Patriotic Party no tikiti so. Ɔnyaa abatoɔ 12,586 wɔ abatoɔ 24,444 a ɛfata a wɔtoeɛ a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 51.5 tiaa Thomas Fokuo Agyepong a ɔyɛ NDC amanyɔkuw muni a ɔnyaa abatoɔ 10,313 a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 33.70. Ɔdii nkonim wɔ afe 2000 Ghana Amansan Abatoɔ no mu a ɔnyaa abatoɔ 13,568 wɔ abatoɔ 21,358 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 63.50 tiaa Ebenezer A. Frimpong Prempeh ne NDC muni, Osei O. Emmanuel a ɔyɛ NRP muni, Osei Kwadwo yɛ CPP muni, Salisu Muhammed yɛ PNC muni ne Kofi A. Kankam a ɔyɛ UGM muni a ɔnyaa abatoɔ 6,889, abatoɔ 304, abatoɔ 285, abatoɔ 221, abatoɔ 91.[4] Ɔnyaa abatoɔ 15,704 wɔ abatoɔ 24,344 a ɛfata a wɔtoeɛ no mu a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 64.50 tiaa Samuel Otu a ɔyɛ NDC muni, E.O.Adu-Amankwaah a ɔyɛ IND muni ne George Osei Owusu Amankwah a ɔyɛ CPP muni a ɔnyaa abatoɔ 7,769, 547 ne 324.[5] Ɔnyaa abatoɔ 17,403 wɔ abatoɔ 24,879 a ɛfata a wɔtoeɛ a ɛgyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 69.95 wɔ afe 2008 Amansan Abatoɔ no mu.[6] Kwame Asafu-Adjei dii no so nkonim wɔ afe 2012 Amansan Abatoɔ no mu.[7]

Ankorankoro asetra[sesa]

Prempeh aware na ɔwɔ mma baanan. Ɔyɛ Kristoni na ɔyɛ Adventist Asɔre no muni.

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. Kwame Osei-Prempeh, Biography, archived from the original on 2023-10-10, retrieved 2023-10-04
  2. 2.0 2.1 2.2 MPs (in American English), retrieved 2023-10-04
  3. Goil appoints Kwame Osei-Prempeh as new Acting MD (in American English), 2019-06-05, retrieved 2023-10-04
  4. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2000 Results - Nsuta Kwamang Constituency, retrieved 2023-10-04
  5. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2004 Results - Nsuta Kwamang Constituency, retrieved 2023-10-04
  6. Peace FM (2014-12-17), Ghana Election 2008 Results - Nsuta Kwamang Constituency, retrieved 2023-10-04
  7. Peace FM, Nsuta Kwamang Constituency Results - Election 2012, retrieved 2023-10-04