Kwadwo Mama Adams

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Kwadwo Mama Adams
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Techiman South Mpɛsoaso
Bere
7 January 1997 – 6 January 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
OdikanfoGeorge Kwabena Owusu
Ne ho asɛm
Awo bereTechiman South, Bono East Region, Ghana
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
N'adwumaAmanyɔni
N'adwumaDeputy Minister

Kwadwo Mama Adams yɛ Ghanani mmarahyɛbadwanni ne kuoba a wɔ mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so mmienu wɔ kwasafoman a ɛtɔ nan a na ogyina mu ma Techiman South mpasua a ɛwɔ Brong Ahafo mantam wɔ Ghana.[1][2]

Abrabɔ mfitiaseɛ[sesa]

Wɔwoo Adams wɔ Ɔsanaa bosom a ɛtɔ so dummienu wɔ afe apem ahankron ne aduonum nwɔtwe (12 August 1958) wɔ Techiman South a ɛwɔ Brong Ahafo mantam wɔ Ghana.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔdikan too aba yi Adams wɔ mmarahyɛbadwam a na ɔyɛ anamsini de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) no wɔ Ɔpɛnimma bosom wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia Ghanaman nyinaa abatoɔ ɛkɔso wɔ Techiman Atɔeɛ mantam mu. Ɔnyaa mma mpem aduonu nan, ɔha ne aduosia nan (24,164) firii mma dodoɔ a ɛyɛ mpem aduasa nkron, ahansia ne aduokron nwɔtwe (39,698) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduanan nsia akyiri pɔ aduasa (46.30%) kyɛn Jarvis Reginald Agyeman-Badu a na ɔyɛ anamsini de ma Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no a ɔnyaa mma mpem dunum, ahanum ne aduasa nan (15,534) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonu nkron akyiri pɔ aduowɔtwe (29.80%).[3]

N'adwuma[sesa]

Sɛ na ɔyɛ mmarahyɛbadwanni a na ɔwɔ Techiman South mpasuaso no, na ɔyɛ ɔsoafo abadiekyiri de ma Brong Ahafo mantam no.

Ne wuo[sesa]

Moto akwanhyia na ekum Adams berɛ a na ɛhyɛn a na ɔde firi Nkran rekɔ Sunyani no ne lɔrry kɛseɛ bi kɔnya akwanhyia wɔ Suhum. Wɔde ne funu no kɔɔ Korle-Bu asopiti kɔyɛɛ nhwehwɛmu.[4][5] Owuu wɔ Ɛbɔɔ bosom a ɛtɔ so nson mfe mpem mmienu ne mmienu (7 September 2002).

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 https://ghanamps.com/mp/adams-mama-kwadwo/
  2. "Ode To The NDC (2) - Ghanamma.com". Retrieved 9 October 2020.
  3. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results – Techiman South Constituency". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 9 October 2020.
  4. "NDC Chairman Dead". Modern Ghana. Retrieved 9 October 2020.
  5. "NDC Chairman Dead". www.ghanaweb.com. 8 September 2002. Retrieved 9 October 2020.