George Kwabena Owusu

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

George Kwabena Owusu About this soundpronounciation of "George Kwabena Owusu" (yɛwoo no afe apem ahankron ne aduanan nwɔtwe) yɛ Ghana amanyɔni a na ɔka mmarahyɛbedwafoɔ a wɔdii kan kɔɔ mmarahyɛbedwam kane berɛ a Ghana hyɛɛ kabimamenkabi amanmuo a ɛtɔ so nan no ase firii afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa de kɔsi afe apem ahankron aduokron nson a ɔgyina ha Techiman a ɛwɔ anaafoɔ mpɛsoa ɔyɛ ekuoba ɔhyɛ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress"ase.[1]

Abrabɔ ahyɛaseɛ ne nwomasua.[sesa]

Yɛwoo George Ayɛwohomummɔ bosome da a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe afe apem ahankron ne aduanan. Ɔkɔsua nkontaabuo wɔ "North East London Polytechnic" bɛnyaa ne nkrataa wɔ nkontaabuo wɔ hɔ. Ɔyɛɛ nkontabuo kakra ansa na ɔrewura amanyɔsɛm mu.[1]

Amanyɔsɛm.[sesa]

George bɛyɛɛ n'amanyɔsɛm nnwuma wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu berɛ na ɔyɛ kyineɛ amanyɔkuo"National Democratic Congress" mmarahyɛbedwam titinanii a ɔgyina hɔ maa mpɛsoa a ɛwɔ Bono Ahafo mantam wɔ Ghana berɛ a yɛtoo afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana mmarahyɛbedwa abatoɔ.Ɔdii nse tenaa akonnwa so wɔ mmarahyɛbedwa a edikan wɔ kwasafoman a ɛtɔso nan wɔ GhanaƆpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson afe apem ahankron aduokron mmiɛnsa berɛ ɔdaa no adi sɛ wadi nkunim wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana abatoɔ a wɔtoo no Ɔpɛnimaa bosome da ɛtɔ so aduonu nkron afe apem ahankron aduokron mmienu. Ɔhweree diberɛ a na ɛkura no no ma amanyɔkuo a n'adamfo Kwadwo Mama Adams ansa na wɔrehyɛ afe apem ahankron aduokron nsia Ghana abatoɔ. Ɛno akyire no Kwadwo maa Jarvis Reginald Agyeman-Badu a ɔwɔ ɔsono amanyɔkuo"New patroitic party" dii ntwo a ɔnyaa ɔhamu nkyekyɛmu aduonu nkron akyeripɔn aduowɔtwe wɔ mma dodoɔ a wɔtoo yɛ no mu a ɛne mma mpem dunum, ahunum ne aduasa nan ɛna Kwadwo nyaa ɔhamu nkyekyɛmu aduanan nsia akyirepɔn aduasa wɔ mma dodoɔ a wɔtoo no nyinaa mu saa nso na ɛne mpem aduonu nan, ɔha ne aduosia nan mma yɛpɛ.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa firiiɛ.[sesa]

  1. 1.0 1.1 ^ Ghana Parliamentary Register 1992-1996​. Ghana Publishing Corporation. 1993. p. 313.
  2. ^ FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Techiman South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2021-02-15