Kwabena Okyere Darko-Mensah

Ɛfi Wikipedia

Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwabena Okyere Darko-Mensah
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameKwabena Sesa
family nameMensa Sesa
date of birth18 Ayɛwohomumɔ 1974 Sesa
place of birthGhana Sesa
languages spoken, written or signedEnglish, Twi Sesa
occupationAmanyɔni, director Sesa
position heldMember of the 7th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana, Member of the 8th Parliament of the 4th Republic of Ghana Sesa
educated atMfantsipim School, University of Cape Coast, Kwame Nkrumah University of Science and Technology Sesa
work locationNkran Sesa
work period (start)7 Ɔpɛpɔn 2009 Sesa
member of political partyNew Patriotic Party Sesa
religion or worldviewKinilisyano Sesa

Kwabena Okyere Darko-Mensah (wɔwoo no 18 June 1974 wɔ Takoradi) yɛ Ghana amammuifoɔ na mprempren ɔyɛ Mmarahyɛ Bagua no muni ma Takoradi mantam a ɛwɔ Ghana Atɔeɛ Mantam mu.[1][2] Ná ɔwɔ ne ntoaso sukuu wɔ Mfantsipim Sukuu mu. Ɔyɛ New Patriotic Party (NPP) no muni na ɔyɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ wimhyɛn so wɔ Ghana.[3][4][5]

Mmofraase asetra ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Darko-Mensah wɔ 18 June 1974 wɔ Takoradi. Ɔfiri Anwhiankwanta, kuro bi a ɛwɔ (Ghana). Ɔnyaa ne Bachelor of Science abodin krataa wɔ biochemistry mu wɔ afe 2000 mu wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛhwɛ Nyansahu ne Mfiridwuma so. Akyiri yi onyaa abodin krataa wɔ Demokrase, Aban, Mmara ne Nkɔsoɔ mu wɔ Cape Coast Suapɔn mu wɔ afe 2006. Ɔsan nso anya adansedie nkrataa afiri Sangonet, South Africa, ne Empretec Ghana.[6]

Adwuma[sesa]

Darko-Mensah yɛ biochemist ne ahɔhodan sohwɛfo wɔ n’adwuma mu. Efi 1995 kosi 1998 no na ɔhwɛ adwumayɛ so wɔ Ahenfie Ahɔhodan mu. Efi afe 2001 kosi afe 2006 no na ɔwɔ e-Base Africa Ltd sɛ ne kwankyerɛfo panyin. Ɔyɛɛ adwuma mmɔho mmienu sɛ Adwumayɛfoɔ sohwɛfoɔ wɔ Guest House Maggi firi afe 2003 kɔsi afe 2008. Ɔsan nso yɛ sikasɛm boayikuo titrani wɔ Sekondi- Takoradi kuropɔn nhyiamu, Ghana kuropɔn a ɛtɔ so mmiɛnsa ansa na ɔrehyɛn mmarahyɛ bagua mu.[1][6]

Amammuisɛm[sesa]

Darko-Mensah hyɛɛ mmarahyɛ bagua mu wɔ 7 Ɔbɛnem 2009 sɛ mmarahyɛ baguani ma Takoradi mantam no wɔ New Patriotic Party tekiti so. Ɔda so ara wɔ mmarahyɛ bagua mu adi nkonim wɔ abatoɔ a ɛdi hɔ (2012 ne 2016) mu firi afe 2009.

Nana Akufo-Addo na ɔpaw Darko-Mensah sɛ ɔmanpanyin abadiakyiri a ɔhwɛ wimhyɛn so wɔ afe 2017 mu. Ɔtenaa saa dibea no mu kɔsii Ɔpɛpɔn 2019 berɛ a wɔpaw no sɛ Ɔmantam Soafoɔ ma Atɔeɛ Mantam.

Wɔ mmarahyɛ bagua mu no, wasom wɔ boayikuw ahorow mu, a emu bi ne; Mmarahyɛ Boayikuw a Ɛka Ho, Nhomasua Boayikuw, Adwumayɛ Boayikuw ne Akwan ne Kar Boayikuw.[1][5][6]

  1. 1.0 1.1 1.2 Ghana MPs - MP Details - Darko-Mensah, Kwabena Okyere, 2012-03-23, archived from the original on 2012-03-23, retrieved 2023-06-11
  2. Peace FM Online, Apiate Explosion: 'Calls For Resettlement Too Premature' – Regional Minister, retrieved 2023-06-11
  3. Samuel Obour (2017-03-15), Here are all the 50 deputy ministers that Akufo-Addo has just appointed (in English), retrieved 2023-06-11
  4. Kojo Akoto Boateng (2017-03-15), Akufo-Addo names 50 deputies, 4 ministers of state (in American English), retrieved 2023-06-11
  5. 5.0 5.1 Akufo-Addo picks deputy ministers (in English), 2017-02-20, retrieved 2023-06-11
  6. 6.0 6.1 6.2 Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-11