Kwabena Amankwah Asiamah

Ɛfi Wikipedia
Hon
Kwabena Amankwa Asiamah
Member of the Ghana Parliament
for Fanteakwa North
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwabena Amankwa Asiamah

28 August 1958 (1958-08-28) (age 65)
Begoro
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
CommitteesEducation Committee, Gender and Children Committee, Communications Committee

Kwabena Amankwa Asiamah (wɔwoo no wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛto so aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe,( August 28, 1958)[1]Ghana sikasɛm ho nimdefoɔ ne amanyɔni. Ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Fanteakwa Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Apueɛ MantamƆman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[2]

Ne mmɔfrase abrabɔ ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Asiamah wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu awɔtwe (28), afe apem ahankron aduonum nwɔtwe (1958) mu. Ɔfiri Bɛgorɔ, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu.[3] Owiee sukuu wɔ Hull Suapɔn mu (University of Hull) na onyaa ne Adwumayɛ ho Ɔbenfo abodin krataa wɔ akwankyerɛ a wɔde di dwuma mu (Master of Business Administration degree in strategic management) wɔ afe apem ahankron aduokron nkron (1999) mu.[3] Ɔsan nso wɔ EMGL abodin krataa (EMGL degree) wɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration - GIMPA).[1]

Adwumayɛ[sesa]

Asiamah yɛ sikasɛm ho ɔbenfo (economist) ne sikakorabea dwumayɛni (banker) wɔ n’adwuma mu.[3] Ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛbadwani no, na ɔyɛ Fanteakwa Nkuraase Sikakorabea (Fanteakwa Rural Bank) no guamtrani (board chairman).[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Asiamah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party - NPP) no muni.[4] Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu wɔ bosomeƆpɛpɔn mfeɛ mpem mmienu ne nkron mu (2009) mu, berɛ a ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so anum (5) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni. Wɔ bosome Ɔpɛnimma afe 2012 mu no, ɔsan sii akan wɔ afe mpem mmienu ne du mmienu mu (2012) Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ ɔbɛkora n’akonnwua so wɔ NPP tekiti so. Odii nkonim na ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nsia (6) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni.[3] Ɔsan dii nkonim wɔ ne abatoɔ mu wɔ afe mpem mmienu ne du nsia mu (2016) Ghana amansan abatoɔ no mu a onyaa abatoɔ nyinaa mu 57% na ɔbɛyɛɛ mprempren Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni.[5][6] Ɔyɛ sikasɛm boayikuo no dwamtenani abadiakyiri (vice chairperson) na ɔsan yɛ boayikuo muni ma Adwadie Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuo (member for Trade Industry and Tourism Committee).

N'ankasa Abrabɔ[sesa]

Asiamah yɛ Kristoni (Presbyni).[1] Waware a ɔwɔ mma baason (7).[3]

Mmeaeɛ A Menyaa Mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 Masahiko Itoh, Yuzuru Tanaka (2005), Multispace information visualization framework for the intercomparison of data sets retrieved from web services, New York, New York, USA: ACM Press, doi:10.1145/1062745.1062823, retrieved 2023-10-01
  2. Masahiko Itoh, Yuzuru Tanaka (2005), Multispace information visualization framework for the intercomparison of data sets retrieved from web services, New York, New York, USA: ACM Press, doi:10.1145/1062745.1062823, retrieved 2023-10-01
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01
  5. Ghana HomePage, resource for News, Sports, Facts, Opinions, Business and Entertainment, retrieved 2023-10-01
  6. Samuel Adomako, Kwabena Frimpong, Albert Danso, Joseph Amankwah-Amoah, Moshfique Uddin, Kwabena Kesse (2020-10), "Home country institutional impediments and international expansion of developing country SMEs", International Business Review, vol. 29, no. 5, p. 101716, doi:10.1016/j.ibusrev.2020.101716, ISSN 0969-5931, retrieved 2023-10-01 {{citation}}: Check date values in: |date= (help)CS1 maint: multiple names: authors list (link)