Kwabena Amankwa Asiamah

Ɛfi Wikipedia
Hon
Kwabena Amankwa Asiamah
Member of the Ghana Parliament
for Fanteakwa North
Mprenpren
Bere
7 January 2021
Ne ho asɛm
Awo bere
Kwabena Amankwa Asiamah

28 August 1958 (1958-08-28) (age 65)
Begoro
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaPolitician
CommitteesEducation Committee, Gender and Children Committee, Communications Committee
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Kwabena Amankwa Asiamah (wɔwoo no wɔƆsanaa bosome da a ɛto so aduonu nwɔtwe wɔ afe apem ahankron aduonum nwɔtwe, August 28, 1958)[1]Ghana sikasɛm ho nimdefoɔ ne amanyɔni. Ɔyɛ Ghana Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni a ogyina Fanteakwa Atifi Mmrahyɛbadwam mpɛsoa ananmu wɔ Apueɛ MantamƆman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) no tekiti so.[2]

Ne mmofrase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Asiamah wɔ Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu awɔtwe (28), afe 1958 mu. Ofiri Bɛgorɔ, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ Mantam mu.[3] Owiee sukuu wɔ Hull Suapɔn mu (University of Hull) na onyaa ne Adwumayɛ ho Ɔbenfo abodin krataa wɔ akwankyerɛ a wɔde di dwuma mu (Master of Business Administration degree in strategic management) wɔ afe 1999 mu.[3] Ɔsan nso wɔ EMGL abodin krataa (EMGL degree) wɔ Ghana Asoɛe a Ɛhwɛ Adwumayɛ ne Ɔmanfoɔ So (Ghana Institute of Management and Public Administration - GIMPA).[1]

Adwuma[sesa]

Asiamah yɛ sikasɛm ho ɔbenfo (economist) ne sikakorabea dwumayɛni (banker) wɔ n’adwuma mu.[3] Ansa na ɔrebɛyɛ Mmarahyɛbadwani no, na ɔyɛ Fanteakwa Nkuraase Sikakorabea (Fanteakwa Rural Bank) no guamtrani (board chairman).[3]

Amanyɔsɛm[sesa]

Asiamah yɛ Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party - NPP) no muni.[4] Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmra Ghana Mmarahyɛ Badwa no mu wɔ bosomeƆpɛpɔn afe 2009 mu, bere a ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so anum (5) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni. Wɔ bosome Ɔpɛnimma afe 2012 mu no, ɔsan sii akan wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ no mu sɛ ɔbɛkora n’akongua so wɔ NPP tekiti so. Odii nkonim na ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nsia (6) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni.[3] Ɔsan dii nkonim wɔ ne abatoɔ mu wɔ afe 2016 Ghana amansan abatoɔ no mu a onyaa abatoɔ nyinaa mu 57% na ɔbɛyɛɛ mprempren Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nson (7) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no muni.[5][6]

Ɔyɛ sikasɛm boayikuo no guamtrani abadiakyiri (vice chairperson) na ɔsan yɛ boayikuo muni ma Aguadiɛ Nnwuma ne Nsrahwɛ Boayikuo (member for Trade Industry and Tourism Committee).[2]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Asiamah yɛ Kristoni (Presbyni).[1] Waware a ɔwɔ mma baason (7).[3]

Ntotoho[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 "Odekro". www.odekro.org. Archived from the original on 2020-07-13. Retrieved 2020-07-10.
  2. 2.0 2.1 "Parliament of Ghana".
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 3.4 3.5 "Ghana MPs - MP Details - Asiamah, Amankwa Kwabena". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-02-09.
  4. "Ghana MPs - MP Details - Asiamah, Amankwa Kwabena". www.ghanamps.com. Retrieved 2020-07-10.
  5. "Kwabena Amankwah Asiamah". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-07-10.
  6. "Kwabena Amankwah Asiamah". www.ghanaweb.com. Retrieved 2020-07-09.