Kojo Oppong Nkrumah

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Hon.
Kojo Oppong Nkrumah
Member of Parliament
for Ofoase-Ayirebi
Mprenpren
Bere
7 January 2017
Minister for Information
Mprenpren
Bere
2017
ƆmanpanyinNana Akufo-Addo
OdikanfoMustapha Abdul-Hamid
Ne ho asɛm
Awo bere
Kojo Vincent Oppong Nkrumah

5 April 1982 (1982-04-05) (age 42)
Koforidua, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
NehokaniAkua Oppong Nkrumah
Mma3
Sukuu a w'akɔPope John Senior High School
University of Cape Coast
University of Ghana
GIMPA
N'adwumaNsɛmtwerɛni, Amanyɔni, Mmranimfoɔ
Websitehttp://www.konkrumah.org/

Kojo Oppong Nkrumah ( wɔwoo no Oforisuo da etɔ  so 5, afe 1982) yɛ Ghanani amanyɔni  ne mmaranimfoɔ.[1][2] Na ɔyɛ mmarahyɛ bedwani a ogyina hɔ ma Ofoase-Ayirebi mpesua wɔ Ghana mmarahyɛbadwam.[3][4]

Ne mmɔfrase ho nsɛm[sesa]

Wɔ woo Kojo Oppong Nkrumah, Oforisuo da etɔ  so 5, afe 1982 wɔ Koforidua a ɛwɔ apuei fam wɔ Ghana[5]. N'awofo ne Kwame Oppong Nkrumah ne Felicia Oppong Nkrumah. Na ne maame yɛ ɔkyerɛkyerɛni. Na ne papa nso kyerɛ ade nanso, akyirI ogyae ade kyerɛ kɔyɛɛ adwuma wɔ sika korabea.[6] Ɛwom sɛ wɔwoo Nkrumah wɔ Koforidua de nanso Nkrumah fi Akyim Anyinase.[3]

Adesua ho nsɛm[sesa]

Nkrumah hyɛɛ ne sukuu ase wɔ St. Bernadette Sukuu a ɛwɔ Dansoman na ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Pope John Senior High School a ɛwɔ Koforidua. Kojo toa n'adesua no so kɔɔ sukuupɔn wɔ Cape Suapɔn no mu ma no gyee abodin krataa.

Wɔ afe 2012 mu no, Kojo wie Suapɔn a ɛwɔ Nkran mantan mu; University of Ghana ma no nyaa abodin krataa wɔ edwadie ho nsem mu.[6]

Wɔ afe 2014 mu no,  Kojo san nyaa abodin krataa a ɛfa mmaranim ho, a ɛyɛ (LLB) fi suapon a ne din Gimpa hɔ. Mfie mienu na ɔde suaa ade de gyee saa abodin krataa no.

Wɔ mfie 2016 mu, asemdibea kunini a ɛwɔ ɔman Ghana mu de abodin krataa maa Kojo se Ghana mmaranimfo.

Adwuma ho nsɛm[sesa]

Nkrumah hyɛɛ n’adwumayɛ ase wɔ adwumakuo bi a ne din de British American Tobaco wɔ afe 2006 mu. Na saa adwumakuo yɛ tawa ho nnwuma. Ofii hɔ kɔɔ Joy Fm, kɔyɛɛ adwuma sɛ sɛmkyerɛwfoɔ. Akyiri wɔfaa no sɛ otitenani ma wɔn anɔpa dwumadie, bere a nea na  odi saa dwumdie  a ne din de Komla Dumor firi hɔ. Wɔ afe 2014 mu no, Nkrumah de ne dwumadie sɛ sɛmkyerɛfoɔ no too hɔ na obue ɔno ankasa n'adwumakuo a wɔfrɛ no West Brown Stone Capital.[7]

Wɔ afe 2016 mu no, ɔhyɛ aseɛ yɛɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ wɔ mmarahye adwumakuo a wɔfrɛ no Kulendi, Attefuah and Amponsah.

Amanyɔsɛm[sesa]

Wɔ afe 2015 mu no, Kojo Oppong Nkruma kɔgyinae wɔ New Patriotic Party(NPP) din mu sɛ wɔnto ne so aba, na watumi abɛyɛ mmarahyɛ beguafo a ogina hɔ ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ mpesua so wɔ Ghana ma NPP amanyɔkuo no. Odii nkunim wɔ 2016 Ghana Mpesua abatoɔ mu sɛ mmarahyɛ bedwani ma Ofoase-Ayirebi mpesua wɔ Ghana mmarahyɛbadwam.[8] Wɔsan paw no sɛ mmarahyɛ badwani ma saa abatoɔ mpesua yi wɔ Ghana 2020 Mpesua Abatoɔ mu.[9][10]

Sesei, ɔresom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ amaniebɔ so wo Ghana. Ɔsan yɛ kasamafo ma aban no wɔ sikasem ho amaneɛbɔ ho. Wɔ mmarahyɛ bedwam no ɔka kuo a wɔhwɛ sikasem ntotoe ho.[3]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Nkrumah yɛ Kristoni.[3][5]

Beae a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. IMF deal: We did a very diligent negotiation – Oppong Nkrumah (in American English), retrieved 2023-06-11
  2. Parliament of Ghana, retrieved 2023-06-11
  3. 3.0 3.1 3.2 3.3 https://parliament.gh/mps?mp=111
  4. MPs (in American English), retrieved 2023-06-11
  5. 5.0 5.1 https://ghanamps.com/mp/kojo-oppong-nkrumah/
  6. 6.0 6.1 https://www.ghanaweb.com/person/Kojo-Oppong-Nkrumah-2452
  7. Kojo Oppong Nkrumah, Emmanuel Orkoh, Augustine Mensah Owusu (2018-02-15), "EXPLORING THE BUDGET DEFICIT-ECONOMIC GROWTH NEXUS: NEW EVIDENCE FROM GHANA", Journal for the Advancement of Developing Economies, doi:10.13014/k2nz85vx, retrieved 2023-06-11{{citation}}: CS1 maint: multiple names: authors list (link)
  8. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2016/eastern/ofoase_ayirebi/
  9. https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/2020/eastern/ofoase_ayirebi/
  10. https://ec.gov.gh/2020-presidential-election-results/2020-parliamentary-results/