Kofi Adams

Ɛfi Wikipedia
Wɔakyerɛw nsɛm yi wɔ Akuapem kasa mu
Hon.
Kofi Adams
Member of Parliament for
Buem Constituency
Mprenpren
Bere
7 January 2021
OdikanfoDaniel Kwesi Ashiamah
Ne ho asɛm
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress

Kofi Iddie Adams (wɔwoo no 2 Kotonimma 1975) yɛ Ghana amanyɔni a ɔyɛ Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) no muni.[1][2][3] Ɔyɛ Mmarahyɛbadwani ma Buem Mmrahyɛbadwam mpɛsoa a ɛwɔ Oti mantam mu.[4] Ɔyɛ kan Ɔman Nhyehyɛefo (National Organizer) ma Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress).[5]

Ne mmofraase abrabɔ ne nhomasua[sesa]

Wɔwoo Kofi Iddie Adams wɔ 2 Kɔtonima 1975.[6] Ɔfiri Teteman, kuro bi a ɛwɔ Jasikan Mantam mu wɔ Oti Mantam mu wɔ Ghana.[6] Ɔwɔ Bachelor of Science abodin krataa wɔ Mmoa Ho Adesua mu a ɔsi Epidemiology of Parasitic Diseases so dua.[6]

Adwuma[sesa]

Adams som sɛ ɔkyerɛkyerɛfoɔ wɔ Adisadel College.[7] Akyiri yi ɔyɛɛ Ɔkasafo Ne Ɔmanfo Nsɛm Ho Ɔkwankyerɛfo (Spokesperson And Director Of Public Affairs) ma Flt. Lt. Jerry John Rawlings (Rtd), kan Ghana Ɔmanpanin.[6]

Amanyɔsɛm[sesa]

Adams ayɛ Ɔkyerɛwfo Panyin abadiakyiri wɔ bere a atwam no mu ama National Democratic Congress.[8]bosome Ɔpɛnimma afe 2014 mu no, wɔpaw no sɛ Ɔman Nhyehyɛefo (National Organizer) ma kuw no wɔ Ɔman Adwumayɛkuw no abatow mu (National Executive elections).[9] Wɔ afe 2016 abatoɔ no mu run-off mu no, wɔpaw no sɛ NDC ɔman ɔsatuo kuo (campaign coordinator of the NDC) a emufoɔ yɛ dunum (15) no ɔsatuo ntamgyinafoɔ (national campaign team),[10][11] ne nnipa te sɛ oyce Bawah Mogtari, Felix Kwakye Ofosu, Daniel Ohene Agyekum, Dan Abodakpi, Samuel Ofosu-Ampofo nyinaa som sɛ asɔremma na Johnson Asiedu Nketia sɛ oguamtrani (chairman).[12][13]

Mmarahyɛbadwa mu mmɔdenbɔ[sesa]

Adams dii nkonim wɔ mmarahyɛbadwa mu mmɔdenbɔ mu sɛ obegyina Ɔman Demokrasi Nhyiam Kuw (National Democratic Congress) ananmu ama Buem Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no ansa na afe 2020 abatow no reba. Adams nyaa abatoɔ 388 de yii mmarahyɛbadwani Daniel Kosi Ashaimah a ɔdii tumi seesei a onyaa amba 280 no fii n’ahengua so. Afoforo no Ibrahim Adams Muniru ne Daniel Adeapena nyaa abatoɔ 95 ne nkron (9).[14][15]

bosome Ɔpɛnimma afe 2020 mu no, Adams dii nkonim wɔ Buem Buem Mmrahyɛbadwam mpɛsoa mu. Odii nkonim denam abatoɔ 18,528 a onyaeɛ a ɛgyina hɔ ma 71.84% tiaa ne akansifoɔ a ɔbɛn no paa Lawrence Kwami Aziale a ofiri Ɔman Ho Dɔ Kuw Foforɔ (New Patriotic Party) a onyaa amba 6,843 a ɛgyina hɔ ma 26.5%.[16][17]

Mmarahyɛbadwani[sesa]

Adams kaa ntam sɛ ɔbɛyɛ Ɔman Mmarahyɛbadwa a ɛgyina hɔ ma Buem Buem Mmrahyɛbadwam mpɛsoa no wɔ Mmarahyɛbadwa a ɛtɔ so awɔtwe (8) a ɛwɔ Ghana Amansin a ɛtɔ so anan (4) no mu wɔ 7 Ɔpɛpɔn 2021.[6] Ɔsom sɛ Ɔmanfoɔ Akontaabuo Boayikuo (Public Accounts Committee) ne Mmarahyɛbadwa no Bammɔ ne Mfinimfini Boayikuo (Defence and Interior Committee of Parliament) no muni.[7]

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Adams yɛ Kristoni.[6]

Ntotoho[sesa]

  1. Amoh, Emmanuel Kwame (2020-12-06). "NDC PC Kofi Adams descends heavily on EC after Buem directive". 3NEWS (in American English). Archived from the original on 2020-12-06. Retrieved 2020-12-23.
  2. "NDC's Kofi Adams wins Buem Constituency". Graphic Online (in British English). 2020-12-08. Retrieved 2020-12-23.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  3. "Changing Mahama will make us lose election 2020 – Kofi Adams". GhanaWeb (in English). 2018-11-24. Retrieved 2021-04-14.
  4. "NDC's Kofi Adams wins Buem Constituency". Graphic Online (in British English). Retrieved 2020-12-23.
  5. Ghana, News (2014-08-22). "J. J Roots For Kofi Adams As NDC Organizer". News Ghana (in American English). Retrieved 2020-12-23.
  6. 6.0 6.1 6.2 6.3 6.4 6.5 "Official Profile Adams, Kofi Iddie". Ghana MPS (in American English). Retrieved 2021-04-14.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  7. 7.0 7.1 "Official Profile Kofi Adams – Parliament of Ghana". www.parliament.gh. Retrieved 2021-04-14.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)
  8. "Kofi Adams optimistic of winning NDC primaries in Buem Constituency". The Ghana Report (in English). 2019-07-18. Retrieved 2020-12-23.
  9. Ankiilu, Masahudu (2014-12-21). "Ghana: NDC Elects New Executives As Portuphy Wins Chairmanship Race". African Eye Report (in American English). Retrieved 2021-01-04.
  10. "Kofi Adams appointed NDC campaign coordinator for election 2016 – MyJoyOnline.com". www.myjoyonline.com (in American English). Retrieved 2021-04-14.
  11. "Our campaign team solid — Kofi Adams". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-04-14.
  12. "NDC outdoors 2016 campaign team, Mosquito in the chair". Graphic Online (in British English). Retrieved 2021-02-03.
  13. "15 Men To Make Or Break NDC". Modern Ghana (in English). Retrieved 2021-02-03.
  14. "#NDCDecides: Kofi Adams triumphs in Buem, beats incumbent MP". Modern Ghana (in English). Retrieved 2020-12-23.
  15. "NDC primaries: Kofi Adams unseats incumbent Buem MP". www.ghanaweb.com (in English). 2019-08-24. Retrieved 2020-12-23.
  16. FM, Peace. "2020 Election – Buem Constituency Results". Ghana Elections – Peace FM. Retrieved 2020-12-23.
  17. Kwakofi, Edwin (8 December 2020). "NDC's Kofi Adams surges to victory in Buem parliamentary race". Citinewsroom. Retrieved 14 April 2021.{{cite web}}: CS1 maint: url-status (link)