Joseph Sam Amankwanor

Ɛfi Wikipedia

Joseph Sam Amankwanor (wɔwoo no Ahinime bosome da a ɛtɔ so dunan wɔ afe apem ahankron aduonu nnan mu, 14, 1954) yɛ Ghana amanyɔni na mprempren ɔyɛ Ghana mmrahyɛbadwa no muni a ɔgyina Upper West Akim mpɛsoa anan mu. Wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu, (January 22, 2012) no, ɔdii nkunim wɔ abatoɔ a edi kan wɔ National Democratic Congress mu; Na ɔyɛ Republic of Ghana mmrahyɛbadwa a ɛtɔ so 5 ne 6 no muni.[1]

N'ankasa abrabɔ[sesa]

Amankwanor yɛ Kristoni (Royal House Church). Wawaree a ɔwɔ mma nnum.[2]

Mfitiaseɛ asetena ne nwomasua[sesa]

Wɔwoo Amankwanor wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so dunan wɔ afe apem ahankron aduonu nnan mu (October 14, 1954). Ɔfiri Adeiso, kuro bi a ɛwɔ Ghana Apueeɛ Mantam mu . Ɔyɛ obi a wawie sukuu wɔ Institute of the Motor Industry, London na onyaa ne adansedie krataa wɔ afe apem ahankron aduowɔtwe mu (1980).[2]

Amanyɔsɛm[sesa]

Amankwanor yɛ National Democratic Congress (NDC) no muni. Wɔdii kan paw no sɛ ɔmmɛdi tumi wɔ Ɔpɛnimaa bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu (December 2008) mu a ɔnyaa abatoɔ 18,736 wɔ abatoɔ 34,741 a ɛfata mu.[2] Ɔgyinaa Upper West Akim mantam ananmu wɔ Ghana Republic a ɛtɔ so nnan no mmrahyɛbagua a ɛtɔ so 5 no mu. Ɔdii tumi a ɛtɔ so mmienu wɔ berɛ a wɔsan paw no wɔ afe 2012 Ghana amansan abatoɔ mu denam abatoɔ 15,308 a ɔnyaeɛ wɔ abatoɔ 28,517 a ɛfata wɔ ne mansin mu no so.[2][3]

Mmeaeɛ A Menyaa mmoa Firiiɛ[sesa]

  1. Jason S. Page (2013-06-04), Boildown Study on Supernatant Liquid Retrieved from AW-106 in December 2012, retrieved 2023-10-01
  2. 2.0 2.1 2.2 2.3 Ghana MPS - Ghana's comprehensive official repository of MPs information (in American English), retrieved 2023-10-01
  3. Sam Hole (2020-11-19), "Conclusion", John of the Cross, Oxford University Press, pp. 191–204, retrieved 2023-10-01