Joseph Gyamfi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu

Joseph Gyamfi About this soundpronounciation of "Joseph Gyamfi" Ghana amanyonii a ɔka mmarahyɛbedwa a ɛdi kan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan no mu, na ɔyɛ anamaomsinii de ma Sunyani Atɔeɛ mpɛsoaso de ma National Democratic Congress amanyɔkuo no.

Abrabɔ Ahyaseɛ Ne Sukuu[sesa]

Yɛwoo Joseph wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu, afe apem ahankron aduonum nan. Ɔkɔɔ Ghana Suapɔn a ɔnyaa ne abɔden krataa wɔ Amanyɔsɛm mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni ansaa na ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii.

Amanyɔsɛm[sesa]

Joseph hyɛɛ n'amanyɔsɛm adwuma ase wɔ afe apem ahankron eduokron mmienu a ɔbɛyɛɛ mmarahyɛbedwanii de maa National Democratic Congress(NDC) amanyokuo no, na ɔyɛ anamsinii de ma Brong Ahafo mantamu wɔ Ghana ansa na afe apem ahankron mmienu Ghana mmarahyɛbedwam abatoɔ. Yɛyii no kɔɔ mmarahyɛbedwam a ɛdi kan wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan wɔ Ɔpɛpɔn bosome da a ɛtɔ so nson, afe apem ahankron aduokron aduokron mmiɛnsa wɔ abrɛ a ɔdii nkunim wɔ afe apem ahankron aduokron mmienu Ghana abatoɔ a ɔkɔɔ so wɔ Ɔpɛnimaa bosome da a ɛtɔ so aduonu mmienu, afe apem ahankron aduokron mmienu no mu. Ɔhweree n'akensisem de maa n'amanyɔkuo nipa Kwadwo Ɔmanpanin a ɔno nso hweree de maa New Patriotic Party amanyɔkuo(NPP) wɔ afe apem ahankron aduokron nsia Ghanaman mu abatoɔ no mu. Kwadwo Nyamekye-Marfo nyaa ɔha mu nkyekyemu aduasa nson akyirepɔ aduokron firi mma no nyinaa mu a ɛkeka kɔ mpem du mmiɛnsa, ahanu nan nanso Ɔkansinii foforɔ no nso nyaa ɔha mu nkyekyemu aduoson nkron akyire pɔ aduonum firi mma no nyinaa mu a ɛkeka kɔ mpem du mmiɛnsa aha nson aduasa nson.[1]

Beaɛ A Menyaa Mmoa Firi Yɛ[sesa]

[1]

  1. 1.0 1.1 https://ghanaelections.peacefmonline.com/pages/1996/brongahafo/57/index.php