Joe Big-Big

Ɛfi Wikipedia
Joe Big-Big
nnipa
sex or gendermale Sesa
country of citizenshipGhana Sesa
given nameJoe, Joseph Sesa
date of birth1961 Sesa
languages spoken, written or signedEnglish Sesa
occupationsculptor Sesa
copyright representativereproduction right represented by CISAC-member Sesa
copyright status as a creatorworks protected by copyrights Sesa

Joe Big-Big yɛ mfoniyɛni a wɔwoo no afe apem ahankron ne aduosia baako (1961) mu wɔ Ghana, Ɔde waya dade yeyɛ mfoni ahodoɔ. Sɛdeɛ a ɔyɛ mfoni no da mu fua ankasa.

N'asetena[sesa]

Jpe Big-Big[1] din ankasa ne Joseph Adjzobah Ghattaba. Ɛsiane sɛ deɛ n'ani gye mfoni a wɔyɛ no akɛseɛ akɛseɛ ho nti na wɔmaa no edin Big-Big no.Ɔtenaa Niger bere tenten, ɔde ne ho kyerɛe wɔ France nkuropɔn pii mu ansa na ɔrekɔtena Toulouse, na afei ɔkɔɔ Moissy-Cramayel (Seine-et-Marne) a ɛwɔ France. Ɔka Kontɛmporari Frɛnkye Mfoniyɛfoɔ (Contemporary French Artist) a wɔwɔ France no.

N'adwuma[sesa]

Nwuma ahodoɔ a Joe Big-Big yɛɛ no nyinaa ɔnyaa n'anisoadehunu firi mfoni a wɔyɛɛ no afe apem ahankron ne aduowɔtwe afe no mu. Mfoniyɛfoɔ a wɔnyinii saa berɛ no, asetena mu nneɛma a na atwa wɔn ho ahyia na ɛnyaa wɔn so kɛntɛnsoɔ pa ara.

Mfoniyɛfoɔ binom te sɛ Anselm Kiefer, Jörg Immendorf, Enzo Cucchi, Francesco Clemente ne Julian Schnabel, na na wɔdi akotene saa berɛ pa ara.Jean-Michel Basquiat, Keith Haring ne Kenny Scharf, a wɔde abɔnten so ne graffii mfoniyɛ baeɛ no nso ka ho.Nsɛmpɔ a yɛnya firi Joe Big-Big nnwuma a wɔayɛ mu deɛ, ɛfa nnipa abrabɔ fa ahodoɔ nyinaa ho. Ne nnwuma no fa ankorankorɛ nsɛm ho, amanyɔsɛm, ɔko, batatuo, anaa mmaa fahodie ho.

Ɛfiri afe apem aha nkron ne aduokron nsia (1996) reba no, Joe Big-Big de waya, nnadeɛ nkantakanta ne baabede waya na ayɛ n'adwuma wɔ ɔkwan soronko so berɛ a na ɔde mfeɛ adounu nnum de dɔteɛ, plasta, mmoba, sɛmɛnte ne nnua ayɛ adwuma no. Sɛ ɔde nnadeɛ nkatankanta yɛ adwuma a, deɛ ɔda no adi ne hatahatayɛ ne nsakeaɛ. Sɛ mpo ɔde di dwuma wɔ mfonii a ɛyɛ kɛseɛ tenten grammɔ mu a. Ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma ahobanmmɔ ne ɔsi akwan. Waya no nso gyina hɔ ma asuotwa, ankonamyɛ ne ɔberɛ na ɔda ne mfoniyɛ adi wɔ sɛdeɛ mfoni a wɔayɛ no namyɛ ne ne tɛnshyin teɛ so. Wɔ Joe Big-Big nnwuma a ɔde waya ne baabade waya yɛɛ no ahyɛnsodeɛ ahodoɔ a ɛdaa ɛdi ne nhyɛsoɔ, nkoaso ne mpaepaemu na ɛgyina hɔ ma nhyɛsoɔ a yɛbɛdi soɔ ne ahobanmmɔ ho. Nanso wɔ ne nwuma ɔde nnadeɛ ayɛ no deɛ, ɛda atinka wɔbɔ bra bi adi a ɛne sɛ, ɛyɛ ahyɛnsodeɛ ɛgyina hɔ ma nnipa adwumaden ne n'amanehunu a ɔrefa mu no.

Joe Big-Big de n'ani gye ikɔnɔlɔgyi a ɛwɔ nnadeɛ nneɛma da no di no. Sɛ yɛfa krado sei a, ɛgyina hɔ ma ɔhaw ahodoɔ a nnipa ankasa de wɔn ho to mu no. Safoa sei, ɛgyina hɔ yɛn haw a yɛbɛdi ho dwuma, fahodie, asomdwoeɛ ne anigyeɛ. Kɔɛnse nso, ɛgyina hɔ ma sika a nnipa hia na ama wɔatumi abɔ ne ho bra, ahonyadeɛ, Kolɔko anaa wɔɔkye nso gyina hɔ ma mmerɛ yɛhia na ama yɛatumi asɔ yɛn haw ano berɛ yɛrehwɛ daakye papa no. Ɛsane nso gyina hɔ ma ahonyadeɛ, ahoɔden ne tumi. Ɛtɔ da a, ɔhyɛ da de nnadeɛ akyɛ ne nnadeɛ a wɔyɛ foforo fra yɛ mfoni na wie kae obiara a n'ani bɔ so sɛ, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so ara tena se a, ɛho hia sɛ yɛkae kane asetena sɛdeɛ yɛbɛtumi atena ase nnɛ ne daakye.

Joe Big-Big ma yɛhunu wɔ ne nnwuma mu sɛ, waya a ɛyɛ adeɛ a dabiara da yɛmmu no sɛ ɛho hia wɔ nnipa asetena mu no ɛno abɛyɛ biribi a abɛda nnipa nteaseɛ wɔ nneɛma ho no adi wɔ wiase afa nyinaa denam mfoniyɛ so.Ɔwɔ gyidie sɛ nnipa deɛ, ɔwɔ ɔno ara ne pɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi anaa ɔbɛseɛ no. Yɛnam nneɛma ɔde yɛ ne mfoni no da adwene a ɔpɛsɛ ɔde to dwa no adi yie.

Ne nwuma ahodoɔ a wɔayɛ[2][sesa]

Nwuma ahodoɔ a Joe Big-Big atumi a yɛ no bi na ɛdidisoɔ yi. Wɔn din a ɔde too wɔn so ne nneɛma a ɔde yɛɛ ne kɛseɛ nyinaa wɔaya ho twerɛtohɔ.

  • "GIRAFE (Kɔntenten) C.: Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 380x160x300 cm.
  • "FAMILY" (Abusua): Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 75x160x210 cm
  • "GOLF PLAYER" (Gɔɔfobɔni) Sukɔpukya a wɔde nneɛma ahodoɔ ahodoɔ ayɛ | 84x37x41 cm
  • "READING" (Akenkan): Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 39x25x27 cm
  • "LOVERS (Adɔfoɔ) A.": Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 185x73x75 cm0
  • "GIRAFE (Kɔntenten) B.": Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 160x75x210 cm
  • "DRUMMING (Twenebɔ) C.": Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 44x23x24 cm
  • "SPACE CANOE"(Awiem Suhyɛn): Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 26x33x115 cm
  • "RUGBY PLAYER (Rɔɔbibɔni) B.": Sukɔpukya a wɔde nnadeɛ ayɛ | 35x33x42 cm

Ɛhibihyin Ahodoɔ a wɔayɛ[sesa]

Wɔada ne nnwuma no bi adi wɔ Dorothy Gallɛri anaa mfonikorabea.[3] Saa Ɛhibihyin yoi na ne din de "Africa Now" wɔ 11E - PARIS, FRANCE Ɔpɛpɔn da ɛtɔ so du nson afe mpem mmienu ne du nson (Ɔpɛpɔn 17, 2017) de kɔsi Ɔbɛnim da ɛdi kan afe mpem mmienu ne du nson (Ɔbɛnim 1, 2017)

Beaɛ a menyaa mmoa fiiɛ[sesa]

  1. Ne ho asɛm [1]
  2. Nwuma ahodoɔ a Joe Big-Big ayɛ [2]
  3. Wɔada ne nnwuma no bi adi wɔ Dorothy Gallɛri anaa mfonikorabea.[3]