Jay Foley

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Jay Foley
Awo bere
Jay Mensah Foley

Kitawonsa 27, 1983
Adesua
N'adwumaJournalist
NehokaniJossie Ama Foley
ChildrenJeannine Foley, Jayda Foley

Jay Foley a ne din ankasa yɛ John Mensah Foley[1]Ghanani a wɔwoo no Kitawonsa 27, afe 1983 mu wɔ Sekondi a ɛwɔ Ghana Atɔɛ Mantam.[1] Ɔyɛ obi a wagye din wɔ radio ne kasamfonin adwuma no mu. Ɔno na ɔtee aduwmakuo a wato din 'The Radio Advertising People' a wɔtwa no tia ka no 'T.R.A.P'[2] a wɔn dwumason a wɔdi ne sɛ wɔyɛ nkratoɔ ahodoɔ a ɛba kasafidie ahodoɔ so.[3]

N'abusua[sesa]

Owura ne Owurayere Foley na wɔwoo no wɔ Kitawonasa da a ɛtɔ so aduonu nson, afe apem ahankron aduonwɔte mmiɛnsa mu. Ɛwɔ mu sɛ ne papa a ɔwoo no yɛ Anwonani na ne maame yɛ Fanteni deɛ nanso ɔno ara yii sɛ ɔbɛfiri Fante. Ɔne ne nua mmarima mmienu na nyinii wɔ Nkran. Ɔwaree awuraa Jossie Ama Foley wɔ Ɔpɛnimaa bosome no mu afe 2014 a wɔawo Jeannine Foley ne Jayda Foley.[4][5]

N'adesua[sesa]

Ɔkɔɔ n'adantem sukuu wɔ Bishop Bowers a ɛwɔ Nkran afe 1989 kɔsi 1998[6] na ɔtoaa so kɔɔ Achimota School afe 1999 kɔsi 2001 kɔsuaa Visual Arts.[7] Sɛ ɛbɛyɛ na wanya nimdeɛ a ɛfata wɔ nwom mu nti no ɔtoaa so kɔsuaa sɛdeɛ wɔsi kyinkyim mfidie furuma ma kasa mu da ho fann wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology[8][9]

N'adwuma ne abasobɔ[sesa]

Wɔ berɛ a Jay Foley wiee ne suapɔn adesua wɔ afe 2006 mu no na ɔtee n'adwumakuo TRAP[10] a wɔn anisoadehunu ne sɛ wɔbɛbɔ adwatɔndeɛ ho dawuro na wɔasan ayɛ nkratoɔ ahodoɔ a yɛte no wɔ kasafidie ahodoɔ so bi. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wanya nimdeɛ a ɛfata wɔ n'adwumayɛ mu no nti ɔde ne ho kɔhyɛɛ nipa a wagye din wo nwom yɛ mu a ne din de Hammer no ase.

Wayɛ adwuma wɔ 4syteTV so mfie nkron pɛn, YFM, a mpo ɔforo bɛyɛɛ panin a na wɔhwɛ daadaa ntotoeɛ wɔ YFM hɔ. Ɔfirii YFM kɔɔ Live FM a na anɔpa biara wɔte ne nka wɔ radio no soɔ sɛ nipa a na ɔdi anɔpa dwumadie no kyeame[11]

Wɔ afe 2012 mu no, ɔbɛyɛɛ Gaanani a ɔdikan koraa a ɔyɛ adwuma wɔ kasafoni ne radio ahodoɔ nyinaa so a ɔkɔfaa European Music Awards a ɛkɔɔ so wɔ Germany baa mframa mu.[12] Wei maa no akwannya maa ɔne anwomtofoɔ a wɔwɔ aburokyire bi te se Busta Rymes, Eric Bennet ne Kim Kardashian hyiaeɛ wɔ BET abasobɔdeɛ dwumadie no ase.[13][14]

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. Media personality Jay Foley reveals how he got his brand name (in English), 2021-04-05, retrieved 2023-11-26
  2. bigedemtimes (2022-10-30), Jay Foley Biography and net worth (in American English), retrieved 2023-11-26
  3. Gershon Mortey (2020-10-08), The Jay Foley story; A journey worth celebrating [Read Profile] (in American English), retrieved 2023-11-26
  4. peoplepill.com, Jay Foley: (1983-) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in English), retrieved 2023-11-26
  5. bigedemtimes (2022-10-30), Jay Foley Biography and net worth (in American English), retrieved 2023-11-26
  6. peoplepill.com, Jay Foley: (1983-) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in English), retrieved 2023-11-26
  7. Gershon Mortey (2020-10-08), The Jay Foley story; A journey worth celebrating [Read Profile] (in American English), retrieved 2023-11-26
  8. peoplepill.com, Jay Foley: (1983-) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in English), retrieved 2023-11-26
  9. Jay Foley Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in American English), retrieved 2023-11-26
  10. bigedemtimes (2022-10-30), Jay Foley Biography and net worth (in American English), retrieved 2023-11-26
  11. Jay Foley | Who's Who in Ghana (in English), retrieved 2023-11-26
  12. peoplepill.com, Jay Foley: (1983-) | Biography, Facts, Information, Career, Wiki, Life (in English), retrieved 2023-11-26
  13. Gershon Mortey (2020-10-08), The Jay Foley story; A journey worth celebrating [Read Profile] (in American English), retrieved 2023-11-26
  14. Jay Foley Biography, Age, Height, Wife, Net Worth, Family (in American English), retrieved 2023-11-26