James Edusei Sarkodie

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
James Edusei Sarkodie
Mmrahyɛbadwani ɛwɔ Atwima-Nwabiagya
Bere
7 January 1997 – 6 January 2005
OdikanfoYaw Bampo
AnanmusiniBineto Owusu Bio
Ne ho asɛm
Ne manGhana Ghana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaAmanyɔni

James Edusei Sarkodie yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsom sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Atwima Nwabiagya mpasua firii afe apem ahankron ne aduokron nson de kɔsii mfe mpem mmienu ne num (1997 - 2005).[1][2][3]

Abrabɔ ahyɛse ne ne nnwomasua[sesa]

Wɔwoo Edusei wɔ Atwima a ɛwɔ Asante mantamGhana.[1]

Amanyɔsɛm[sesa]

Abatoɔ a adikan a Edusei de kɔɔ mmarahyɛbadwam yɛ Ɔpɛnimma bosome no mu wɔ afe apem ahankron ne aduokron nsia (1996) wɔ Ghanaman nyinaa abatoɔ a na ogyina mu ma ɔsono amanyɔkuo (NPP) New Patriotic Party no a ɛwɔ Atwima Mponua mpasua so a ɛwɔ Asante mantamGhana. Ɔnyaa mma mpem aduasa baako ne aduowɔtwe nwɔtwe (31,088) a agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduosia baako ne akyiri pɔ aduokron (61.90%).[4] Wɔ mfei mpem mmienu Ghanaman nyinaa abatoɔ no, ɔnyaa mma mpem aduasa nwɔtwe, ahankron me aduonum nkron (38,959) de firii mma dodoɔ a na ɛyɛ mpem aduanan mmiɛnsa, ɔha ne aduonum mmiɛnsa (48,153) a na agyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe ne akyiri pɔ aduokron (80.90%).[1][5] Benito Owusu Bio tuu no adeɛ so wɔ mfei mpem mmienu ne nan (2004) mmarahyɛbadwam abatoɔ no mu.[6]

Abatoɔ

Wɔ mfei mpem mmienu (2000) no, Sarkodie dii nkonim wɔ Ghanaman nyinaa abatoɔ no mu sɛ mmarahyɛbadwanni de ma Atwima Mponua mpasua a ɛwɔ Asante mantamGhana.[7] Odii nkonim ma ɔsono amanyɔkuo (NPP)New Patriotic Party no.[7] Ɔsono amanyɔkuo (NPP) no Mmarahyɛbadwafoɔ aduasa mmiɛnsa (33) a wɔdii nkonim wɔ Asante mantam abatoɔ no a na wɔn wɔ mmarahyɛbadwam no, na ne mpasua no nso ka ɛmu aduasa baako (31) no ho bi.[8] Ɔsono amanyɔkuo (NPP) New Patriotic Party no dii nkonim sɛ dɔmkeseɛ a na wɔn wɔ mmarahyɛbadwafoɔ ɔha (100) a na mmarahyɛbadwafoɔ dodoɔ nyinaa nso yɛ ahanu (200).[9] Abatoɔ a ɛkɔɔ so no, ɔnyaa mma mpem aduasa nwɔtwe, ahankron ne aduonum nkron (48,959) firii mma dodoɔ mpem aduanan nwɔtwe, ahankron ne aduanan nson a won gye too mu (48,947).[7] Wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe ne akyiri pɔ nkron (80.9%).[7] Odii Baffour Osei Wusu a na ɔyɛ frankatuni de ma kyinie amanyɔkuo (NDC) New Democratic Congress no so nkunim san nso dii Alex Addo Kuffour a na ɔyɛ frankatuni ma People's National Convention(PNC) amanyɔkuo no so nkunim, Yaw Boateng a na ɔno nso yɛ fankatuni de ma National Reformed Party(NRP) no ne D.D Boateng a na ɔyɛ frankatuni ma Convention People's Party(CPP) amanyɔkuo no nyinaa so nkunim.[7] Mma a wɔnyaa no wɔ abatoɔ no mu yɛ mpem nson , ahanwɔtwe ne aduowɔtwe (7,880), ahansia ne aduowɔtwe mmiɛnsa (683), ahasa ne aduasa nsia (336) ne ahanu ne aduokron num (295).[7] Wei gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu dunsia ne akyiri pɔ nan ((16.4%), ɔha nkyekyɛmu baako ne akyiri pɔ nan (1.4%), ɔha nkyekyɛmu ohunu anaa hwee ne akyiri pɔ nson (0.7%) ne ɔha nkyekyɛmu ohunu anaa hwee ne akyiri pɔ nsia (0.6%).[7]

N'adwuma[sesa]

Na Edusei yɛ mmarahyɛbadwanni firii mfei mpem mmienu ne baako (2001) de ma Atwima Mponua mpasua no so foɔ.[1]

Beaeɛ a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. 1.0 1.1 1.2 1.3 https://ghanamps.com/mp/adusei-sarkodie-james/
  2. "Atwima-Nwabiagya Community Attacked By Land Guards". Modern Ghana. Retrieved 2020-09-02.
  3. "MP releases 160 million cedis for projects". Modern Ghana. Retrieved 2020-09-02.
  4. FM, Peace. "Ghana Election 1996 Results - Atwima Nwabiagya South Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-10-03.
  5. FM, Peace. "Parliament - Atwima Nwabiagya South Constituency Election 2000 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.
  6. FM, Peace. "Parliament - Atwima Nwabiagya South Constituency Election 2004 Results". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.
  7. 7.0 7.1 7.2 7.3 7.4 7.5 7.6 FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Atwima Mponua Constituency". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.
  8. FM, Peace. "Ghana Election 2000 Results - Ashanti Region". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.
  9. FM, Peace. "Ghana Election 2000". Ghana Elections - Peace FM. Retrieved 2020-09-02.