Isaac Eduasar Edumadzi

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Honorable
Issac Eduasar Edwumadzi
Mmrahyɛbadwani ma Ajumako-Enyan-Esiam Mansini
Bere
Ɔpɛpɔn 6,1997 – Ɔpɛpɔn 6, 2001
ƆmanpanyinJerry John Rawlings
Mmrahyɛ badwani ma Ajumako-Enyan-Esiam Mansin
Bere
Ɔpɛpɔn 7,2001 – Ɔpɛpɔn 6, 2005
ƆmanpanyinJohn Jerry Rawlings
Ne ho asɛm
Awo bereƆpɛpɔn 1, 1957
Central Region
Owu bereƆpɛpɔn 11, 2018 (Wɔdii mfeɛ 61)
Cape Coast Teaching Hospital
Ne manGhana
AmanyɔkuoNew Patriotic Party
N'adwumaAmanyɔni

Isaac Eduasar Edumadzi (Ɔpɛpɔn 1, 1957, Mfinimfin Mantam — Ɔpɛpɔn 11, 2018, Cape Coast) yɛ Ghana mmrahyɛbadwani sane ka New Patriotic Party ho. Na ɔyɛ mmrahyɛbadwani ma Ejumako/Enyan/Essiam a ɛwɔ Central Region. Ɔsom wɔ kane Ɔmanpanin dada John Agyekum Kufour amammuo mu wɔ Ghana Adehyeman a ɛtɔ so nan mmarahyɛbadwam a ɛtɔ so nan no mu.

Na mammuo mu nsɛm[sesa]

Isaac Edumadze na yɛdii kan yii no baa mmrahyɛbadwam wɔ Ghana abatoɔ mu wɔ New Patriotic Party tikiti so ma Ejumako/Enyan/Essiam mansini a ɛwɔ Mfinimfin Mantam, Ghana. Ɔgyinaeɛ no ɔnyaa mma mpem dunum, ahansia ne aduosia (15,660) a efiri mma dodoɔ mpm aduasa nan, ahankron ne aduonum mmiɛnsa (34,953) a egyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduasa mmienu ne akyirepɔ du (32.10%) a ɔde dii Joseph K.Enos a ɔgyina maa National Democratic CongressNDC a ɔno nso nyaa mma mpem dunan, ahanwɔtwe ne aduasa nkron (14,839), Lawrence Yaw Awuah a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma mpem mmiɛnsa, ahansia ne aduoson mmienu (3,672) ɛna Joseph Mensah a ɔyɛ PNC ni nso nyaa mma ahanson ne aduowɔtwe mmienu (782). [1]Ɔgyinaa bio wɔ mfeɛ mpem mmienu (2000) mu ma ɔdii nkonim nyaa mma mpem dunum, ahasa ne aduasa nsia(15,336) wɔ mma dodoɔ mpem aduasa, ne ahanum(30,500) a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonum ne akyirepɔ aduasa (50.30%) a ɔde dii Mary Padmore Dadzie a ɔyɛ NDC ni so a ɔno nso nyaa mma mpem dummienu, ahansia ne aduowɔtwe baako(12,681), Kwame Adomako-Mensah a ɔyɛ NRP ni nso gyinaeɛ nyaa mma apem, ahasa ne dunan(1,314), Jonathan Siliman Otabil a ɔgyina maa CPP amanyɔkuo no nso nyaa mma ahanson ne aduanan nson (747), Robert Anthony Gyaisie a ɔyɛ PNC ni nso gyinaeɛ nyaa mma ahasa ne nson(307) ɛna Kojo Banafo a ɔyɛ UGM ni nso gyinaeɛ nyaa mma ɔha ne dunum (115).[2]

Na ɔka New Patriotic Party ho. John Akyekum Kufour sane yii no sɛ ɔsomfoɔ ma Central Regionɔgyefoɔ bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne baako mu (2001).[3] Ɔbɛyɛɛ mmrahyɛbadwani firi Ɔpɛpɔn bosome wɔ mfeɛ mpem mmienu ne num (2005) mu aberɛ a yɛtoo amansan nyinaa abatoɔ no wɔ mfeɛ 2004 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu. Ejumako/Enyan/Essiam mansini a ɛwɔ Mmrahyɛbadwa nnan a ɛyɛ adehyeman Ghana aberɛ a na ɔhyɛ Ɔmanpanin J.A Kufour's te akonnwa soɔ no. Yɛkeka bom no, onyaa aba bɛyɛ 21,534 a ɛgyina hɔ ma 57.80% [4]abera Samuel Aggrey Forson a ɔno nso ne no repere a ɔyɛ National Democratic Congress ni nso nyaa aba 14,474 a ɛgyina hɔ ma aba 38.80%, Kwame Asoandze Edu-Ansah a ɔno nso yɛ Convention People's Party ni nso nyaa aba 1,276 a ɛgyina hɔ ma 3.40% aba yɛato ama no nyinaa. Abera James Appiah-Mensah a ɔno nso gyinaeɛ no anya hwee, Isaac Edumadze, na nyaa mmrahyɛbadwa akonwa no de ma Ejumako/Enyan/Essiam mansin. [5]Isaac nso gyinaa wɔ ne mansin mu wɔ mmienu mmrahyɛbadwa a ɛyu nnan adehyeman. Yɛ yii aberɛ a yɛkaa sɛ w’adi nkonim wɔ 1996 Ghana abatoɔ kɛseɛ no mu.

N'abrabɔ mu nsɛm[sesa]

Ɔyɛ obi a, wagye din sɛ okuani wɔ Ajumako Kuro a ɛwɔ central Region [6]na ɔsan nso yɛ Kristoni ma pa.

Ne wuo mu nsɛm[sesa]

Yɛde too dwa sɛ wawu Ɔpɛpɔn 11, 2018 wɔ Cape Coast Ayaresabea awia bi.[7][8]Na obiara nim sɛ ne ho nyɛ nti berɛ a yɛde no kɔɔ ayaresabea no, ankyɛ biara na ɔwuiɛ.[9] [10] [11]

Beaɛ a mmoa firii[sesa]