Henry Van Hien Sekyi

Ɛfi Wikipedia
Henry Van Hien Sekyi
nnipa
sex or gendermale Sesa
given nameHenry Sesa
date of birth1928 Sesa
date of death1977 Sesa
occupationdiplomat Sesa
educated atUniversity of Ghana Sesa

Henry Van Hien Sekyi (wɔwoo no Ɔbɛnem 15, 1928) yɛ Ghana ɔman nanmusifo a wakɔ pɛnhyen.[1][2][3]

Nhomasua[sesa]

Ɔkɔɔ University College wɔ Gold Coast (mprempren ɛyɛ Ghana Suapɔn). Bere a owiee no, ɔtoaa ne nhomasua so wɔ King’s College a ɛwɔ Cambridge Sukuupɔn mu, ne London Sukuu a Ɛhwɛ Sikasɛm So.[2]

Adwuma[sesa]

Wɔ 1957 mu no, ɔhyeɛ n'amannɔne adwuma ase. Efi 1958 kosi 1961 no, ɔyɛɛ ɔkyerɛwfo a ɔto so abiɛsa, nea ɔto so abien, ne nea odi kan wɔ aban ananmusifo dwumadibea a ɛwɔ Washington, D.C.[4] Wɔ 1962 mu no, onyaa nkɔso koduu ɔkyerɛwfo a odi kan na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔfotufo wɔ aban ananmusifo dwumadibea a ɛwɔ Rome no mu.[5]

Ɔkyerɛɛ nkyekyɛm ahorow kwan wɔ Amannɔne Nsɛm Ho Dwumadibea fi 1962 kosi 1965, ɔsom sɛ ɔkyerɛwfo panyin wɔ 1965 mu, na na ɔyɛ Ɔmanpanyin wɔ Canberra, Australia, fi 1966 kosi 1970.

Ɔyɛɛ ɔnanmusifo wɔ Rome fi 1970 kosi 1972, Ɔpanyin wɔ London fi 1972 kosi 1974, ne Daa Anamusini wɔ Amanaman Nkabom Asafo Ti fi 1978 kosi 1980.

Nidi a wɔde ma[sesa]

Dwoda, Ɔpɛpɔn 4, 2018 no, na ɔyɛ aban ananmusifoɔ a Ɔmanpanyin Nana Addo Dankwa Akufo-Addo hyɛɛ wɔn anuonyam sɛ Ghana Amannɔne Adwumayɛfoɔ 10 a wɔdi kan wɔ adeyɛ bi a wɔyɛeɛ wɔ Jubilee House no mu baako.[1][6][5]

Ankorankoro asetena[sesa]

Ɔwaree Maria Joyce Tachie-Menson wɔ afe 1958 mu.[2]

Beaɛ a menyaa mmoa fii[sesa]

  1. 1.0 1.1 Graphic Online (2018-07-04), Akufo-Addo honours 10 pioneer Ghanaian foreign service officers
  2. 2.0 2.1 2.2 Henry Van Hien SEKYI (in English), retrieved 2023-12-14
  3. President Nana Addo Dankwa Akufo-Addo Honours The Ten Pioneers Of The Ghana Foreign Service, on Wednesday 4th July, 2018 – Ministry Of Foreign Affairs and Regional Integration (in American English), 2018-07-11, retrieved 2023-12-14
  4. Taylor & Francis Group (1974), The International Who's Who (in English), Taylor & Francis Group, ISBN 978-0-900362-72-9, retrieved 2023-12-14
  5. 5.0 5.1 Nana Addo honours 10 pioneer Ghanaian foreign service officers (in American English), 2018-07-04, retrieved 2023-12-14
  6. President honours Ghana’s pioneer Foreign Service officers, retrieved 2023-12-14