Henry Ford Kofi Kamel

Ɛfi Wikipedia
Wɔatwerɛ nsɛm wei ɛwɔ Asante kasa mu
Henry Ford Kamel
Member of the Ghana Parliament
for Buem
Bere
January 2005 – December 2012
OdikanfoEmil Kwadzo Brantuo
AnanmusiniDaniel Kwesi Ashiamah
Ɛdɔm keseɛ13,627 (52.8)
Volta Regional Minister
Bere
26 March 2012 – 25 December 2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
OdikanfoJoseph Amenowode
Deputy Minister for Lands and Forestry
Bere
? – March 2012
ƆmanpanyinJohn Atta Mills
Ne ho asɛm
Awo bere(1961-12-21)21 December 1961
Ghana
Owu bere25 December 2012(2012-12-25) (aged 51)
Guaman, Ghana
Ne manGhanaian
AmanyɔkuoNational Democratic Congress
NehokaniHelen Kamel
N'adwumaBanker, politician
CommitteesSpecial Budget Committee
Works and Housing[1]

Henry Ford Kofi Kamel (21 Ɔbɛnem 1961 – 25 Ɔbɛnem 2012) yɛ Ghana sikakorabea dwumayɛni ne amannyɔni . Ɔyɛ mmarahyɛbadwani ma Buem mansini no firi Ɔpɛpɔn bosome no wɔ afe 2005 na ɔsan yɛ Volta Mantam Ɔsoafoɔ firi Oforisuo bosome no wɔ afe 2012 kɔsii sɛ ɔwuiɛ wɔ Ɔpɛpɔn bosome no da a ɛtɔ so aduonu num wɔ afe2012.

Mfitiase asetena ne nwomasua[sesa]

Kamel firii Guanam, beae bi a ɛwɔ Volta Mantam mu wɔ Ghana. Wɔwoo no wɔ ɔpɛnimaa bosome no da a ɛtɔ so aduonu baako wɔ afe 1961. Ɔkɔɔ Ho Technical University.[2]

Adwuma[sesa]

Kamel tetee ne ho sɛ sikakorabea dwumayɛni ne sikasɛm ho ɔbenfo wɔ n’adwuma mu. Ɔyɛɛ adwuma sɛ North Volta Rural Bank Limited kwankyerɛfo panyin.[3]

Mmarahyɛ Badwam[sesa]

Ná Kamel yɛ kyiniiɛ amannyɔkuo NDC Mmarahyɛ Badwa no mu ni. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ a ɛtwa toɔ mu wɔ 7 December 2012 de mma dodoɔ a ɛboro 13,627 so.[4] Ɔdii kan dii nkonim wɔ atenaeɛ no mu wɔ afe 2004 abatoɔ mu de sii Emil Kwadzo Brantuo ananmu sɛ MP wɔ Mmarahyɛ Badwa a ɛtɔ so nnan a ɛwɔ Republic a ɛtɔ so nnan no mu a na dodoɔ no ara yɛ 10,488.[5] Ɔdii nkonim bɔɔ n’akongua ho ban wɔ afe 2008 Ghana amansan abatoɔ no mu. Ɔdii nkonim wɔ abatoɔ no mu 65.8%.[6]

Aban[sesa]

Wɔ Oforisuo 2012 mu no, Ɔmampanyin John Atta Mills yii Henry Kamel sɛ Volta Ɔmantam Ɔsoafoɔ foforɔ, a ɔde no bɛsi Joseph Amenowode ananmu.[7][8][9] Ɔtenaa saa dibea yi mu kɔsii sɛ ɔwuiɛ wɔ Buronya Da wɔ afe 2012. Ansa na wɔrepaw no yi, na ɔyɛ Ɔsoafoɔ Abadiakyiri a ɔhwɛ Asase ne Kwaeɛ so.[10]

Nea ɔyɛe a ɛda nsow no mu biako ne sɛ ɔde asomdwoe baa Gbi Amammerɛ Mpɔtam hɔ wɔ Hohoefoɔ a wɔyɛ aborɔfo ne Zongo Mpɔtam hɔfo ntam. Gbi Amammerɛ Mpɔtam Panyin Panyin, Togbega Gabusu VI, hyɛɛ saa asomdwoe mmɔdenbɔ ahorow no anuonyam.[11]

Owuo[sesa]

Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Kamel san kɔɔ ne kurom, Guaman a ɛwɔ Jasikan mansini no mu wɔ Volta Mantam mu wɔ 25 ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ afe 2012.[12] Bere a ɔne abusuafo ne nnamfo binom rebɔ nkɔmmɔ da a edi hɔ no, ɔhwee ase mpofirim. Owui ansa na ɔreduru Jasikan Aban Ayaresabea.[13] Ná wadi mfe 51.

Ankorankoro asetena[sesa]

Ná waware na ɔwɔ mma mmiensa. Ná ɔyɛ Kristoni ne Katolekni.[5]

Ne babaa de Kamel for Hope fapem sii hɔ de hyɛɛ no anuonyam sɛ ɔde bɛkɔ nnipa a wɔabɔ wɔn ka wɔ Ghana nkyɛn. Wɔhyehyɛɛ fapem no wɔ kɔtɔnimaa bosome no da a ɛdi kan wɔ afe 2013.

Baabi a menyaa mmoa firiiɛ[sesa]

  1. "Hon. Henry Ford Kamel". Official website. Parliament of Ghana. Archived from the original on 13 February 2013. Retrieved 29 December 2012.
  2. Volta Regional Minister, Henry Ford Kamel, is dead - MyJoyOnline.com (in American English), 2012-12-25, retrieved 2023-10-01
  3. Welcome to Ghanadistricts.com, 2016-03-04, archived from the original on 2016-03-04, retrieved 2023-10-01
  4. Parliamentary Results - BuemConstituency, retrieved 2023-10-01
  5. MPs (in American English), retrieved 2023-10-01